Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 9
  • Wɔanya Biribi a Ɛkyɛn Buronya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔanya Biribi a Ɛkyɛn Buronya
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Buronya?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
    Nyan!—1980
  • “Yɛnhwere Hwee!”
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 9

Wɔanya Biribi a Ɛkyɛn Buronya

KRISTOFO mpempem pii nni Buronya. Wɔte nka dɛn wɔ Buronya a wonni no ho? So wɔahwere biribi? Wɔn mma nso te nka sɛ wɔde biribi akame wɔn anaa? Yɛnhwɛ nea Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman pii so aka wɔ asɛm no ho.

Eve

Wɔkae Yesu Kristo: “Memmɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, na mentaa nkɔ asɔre. Sɛ mɛkɔ asɔre a, na ɛyɛ Buronya anaa Ester bere. Sɛ mekɔ asɔre saa bere no mpo a, na m’adwene nhyɛ da nkɔ Yesu Kristo so. Magyae Buronyadi nanso nnawɔtwe biara mekɔ Kristofo nhyiam mprenu, na afei nso mekyerɛ nkurɔfo nea Bible ka fa Yesu ho mpo!”—EVE, AUSTRALIA.

Reuben

Adekyɛ mu anigye: “Sɛ obi kyɛ me ade bere a m’ani nna so a, etumi yɛ me dɛ paa. Akyɛde a ɛte saa na mepɛ! Metaa kyerɛw krataa yɛ mfonini wɔ so kɔma afoforo, efisɛ ɛma wɔn ani gye, na ɛma me nso m’ani gye.”—REUBEN, NORTHERN IRELAND.

Emily

Wɔboa ahiafo: “Yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ aduan ama ayarefo. Ɛtɔ da a yɛkɔkyɛ wɔn nhwiren anaa keeki anaasɛ yɛkɔma wɔn akyɛde ketewa bi de hyɛ wɔn nkuran. Yɛn ani gye ho saa efisɛ yetumi kɔ saafo no hɔ bere biara wɔ afe no mu.”—EMILY, AUSTRALIA.

Wendy

Wɔne abusuafo hyia: “Sɛ yehyia yɛn abusuafo a, ahopere biara nnim, enti ɛma yɛn mma no hu wɔn wɔfanom, wɔn sewanom, wɔn nananom, ne wɔn nuanom afoforo. Esiane sɛ yɛnsrasra abusuafo no afahyɛ bere pɔtee bi nti, yɛnte nka sɛ ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛbɛkɔ akɔsra wɔn, na wɔn nso hu sɛ yɛdɔ wɔn nti na yɛsrasra wɔn no.”—WENDY, CAYMAN ISLANDS.

Sandra

Asomdwoe: “Edu Buronya bere a, nkurɔfo twa wɔn ho saa ara, enti wɔntaa nnwen asomdwoe ho koraa. Mabehu daakye ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, enti minsuro. Mabehu sɛ me mma benya anigye daakye.”—SANDRA, SPAIN.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena