Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 8
  • “Asomdwoe Nka Nnipa a Wɔsɔ N’ani”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asomdwoe Nka Nnipa a Wɔsɔ N’ani”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 8

“Asomdwoe Nka Nnipa a Wɔsɔ N’ani”

“Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.”—LUKA 2:14.

Ade a ɛma ebinom di Buronya.

Afe biara, pope no ne nyamesom mpanyimfo foforo de wɔn ano ka asomdwoe ho asɛm, na wɔn anidaso ne sɛ Buronya bere du a nsɛm a abɔfo no kae yi bɛba mu sɛ: “Asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.” Enti ebinom hyɛ da tu kwan kodi Buronya.

Dɛn na ɛma ɛyɛ den?

Sɛ asomdwoe ba Buronya bere mpo a, ɛnkyɛ. Ɛho nhwɛso ne asɛm bi a esii December 1914. Saa bere no, na Wiase Ko I no gyina mu denneennen wɔ Europe, nanso Britain ne Germany asraafo a wɔhyehyɛ amoa mu no pue bedii Buronya boom. Wɔkyekyɛɛ wɔn ho aduan, nsa, ne sigaret. Wɔbɔɔ bɔɔl mpo. Nanso saa asomdwoe no ankyɛ. Britain sraani bi kyerɛw krataa kɔmaa obi saa bere no, na ɔkae wom sɛ Germany sraani bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ de, yɛte asomdwoe mu. Nanso ɔkyena, wobɛko ama wo man na me nso mako ama me man.”

Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa?

Wɔawo akokoaa ama yɛn, . . . Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ . . . Asomdwoe Hene. N’ahenni mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei bɛba.” (Yesaia 9:6, 7) Wunnye nni sɛ Yesu Kristo ho nkɔmhyɛ yi ma yenya awerɛhyem paa? Wɔanwo Yesu amma asase so sɛ ɔmma asomdwoe mmra da koro pɛ wɔ afe biara mu. Ɔbɛtena ɔsoro adi hene, na wama asomdwoe a enni awiei aba.

‘Monam me [Yesu] so benya asomdwoe. Mo ho rehiahia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.’ (Yohane 16:33) Ɛnnɛ mpo Yesu ma n’akyidifo nya asomdwoe. Ɛyɛ nokware sɛ Kristofo ho hiahia wɔn. Nanso Bible a wɔasua nti wonim nea enti a amanehunu wɔ wiase na wonim sɛnea Yesu de asomdwoe bɛba daa. Ɛno ma wɔn asom dwo wɔn.

Yehowa Adansefo tie Yesu asɛm, enti ɛmfa ho ɔman anaa abusua a wofi mu ne kasa a wɔka, ɛmfa ho sɛ wɔyɛ tuntum anaa kɔkɔɔ no, wɔwɔ saa asomdwoe no bi. Wokɔ wɔn nhyiam no bi wɔ Ahenni Asa so a, wubehu sɛ ɛte saa. Ebia wo nso wubegye atom sɛnea afoforo agye atom no sɛ asomdwoe a ɛte saa no som bo kyɛn asomdwoe biara a Buronya de ba.

Yehowa Adansefo de, ɛmfa ho sɛ wɔyɛ tuntum anaa kɔkɔɔ anaa kasa a wɔka no, wɔwɔ asomdwoe ne biakoyɛ. Wokɔ wɔn nhyiam no bi wɔ Ahenni Asa so a, wubehu sɛ ɛte saa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena