Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 10
5 min: Dwom 18 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
20 min “Fi Nea Ayɛ Wo Koma Ma Abu So No Mu Kasa.” Asɛm no ho nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Hyɛ nkuran sɛ wɔmfa nhoma horow no nni dwuma kɛse ɔsram no mu na wɔmfa nkyerɛ nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye.
15 min: Dɛn na Wo Mma Besua? Bible Stories nhoma mu adesua 98-101 ho nkɔmmɔ a wɔne mmofra nkumaa a wɔwɔ asafo no mu bɔ. Kyerɛ sɛnea Yehowa ne Yesu Kristo yii ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ adesamma ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛ ɔdɔ denam yɛn pɛ mu a yefi bɛyɛ osetie ama wɔn so.
15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe mfa nka nhyiam ho nsɛm a ehia.
5 min: Dwom 22 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 17
5 min: Dwom 78 asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛ Yɛ So.” Asɛnka adwuma sohwɛfo ne kuw bɔ ho nkɔmmɔ wɔ asɛnka agua so, na wɔyɛ sɛnea wɔkɔ so kanyan anigye na wɔtwe adwene kɔ nhoma a wɔde rema no mu asɛm pɔtee bi so ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “So Yɛyɛ ‘Nnipa Yifo’?” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Si nkyekyem anan so dua, sɛ motaa yɛ mo asasesin mu adwuma anaasɛ wɔntaa ntie asɛm no a, na ka yɛn asɛyɛde sɛ “nnipa yifo” no ho asɛm.
20 min Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe anaa momma ɔkasa a egyina asɛmti “Sɛnea Wɔaboa Ebinom ma Wɔagye Adi” a ɛwɔ November 8, 1979, Awake!, nkratafa 11-15 so.
5 min: Dwom 23 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 24
10 min: Dwom 100 ne asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma ne Nkaebɔ Ahorow mu nsɛm a ɛfata, ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
18 min: Bepɔw so Asɛnka no fã ho nkɔmmɔbɔ. (Mat. 5:13-16) Ɔpanyin bedi ɔfã yi a egyina March 15, 1978. Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10 ne 11 so ho dwuma. (1) Ma wɔnkenkan nkyekyem 13.) Ɛnyɛ sɛ nkyene ma aduan yɛ dɛ nko, na mmom ɛmma aduan nsɛe ntɛm. Enti ɛsɛ sɛ obi bɔ ne bra dɛn? Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ahwere “nkyene” a ɔyɛ no denam mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛka Onyankopɔn ahenni ho “asɛmpa” no a ogyae no so? Sɛ Kristoni gyae abrabɔ ho akwankyerɛ a Bible de ma no akyidi a, dɛn na ebetumi aba. (2) (Ma wɔnkenkan nkyekyem 14, 15.) Ɛdenam baguam adansedi so no. Yesu asuafo ma nkurɔfo adwene mu bue, ɛboa wɔn ma wohu Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma. Ɔkwan bɛn so na obi betumi de ne kanea ahyɛ ɔkorow ase? Dɛn na eyi bɛma ne kanea no ayɛ? (3) (Ma wɔnkenkan nkyekyem 16.) Ɛdenam Kristoni “nneyɛe pa” a wɔhwɛ so no, afoforo betumi ahu ne Nyankopɔn no anuonyam. Enti, dɛn ne Kristoni asɛyɛde bere nyinaa? Eyi betumi aka afoforo a wɔpɛ sɛ wohu nokware hann no dɛn? 1 Petro 2:12 tu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔn kanea hyerɛn no nyinaa fo dɛn.
10 min: Ɔpanyin ka nea asafo ayɛ wɔ akwampaefo boafo adwuma no mu ɔsram no mu ho asɛm. Wobetumi aka osuahu ahorow bi a ɛhyɛ nkuran nso akyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma onnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ August ɔsram no fã a aka no mu na wɔmmoa akwampaefo aboafo no. (Asafo horow a akwampaefo aboafo nni mu August mu no, ɔpanyin betumi ama ɔkasa a ɛhyɛ nkuran de ato nsa afrɛ anuanom ma wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu.)
15 min: Dɛn na Wo Mma Resua? Ɔpanyin ne mmofra nkumaa bɔ Bible Stories mu Adesua 114 ne 115 ho nkɔmmɔ. Bisabisa mmofra no nsɛm na boa wɔn ma wonhu sɛnea wɔne wɔn awofo betumi de nhoma no adi dwuma wɔ adansedi mu. Ɔpanyin betumi ama simma anum kasa de akyerɛ sɛ obiara mmɔ mmɔden sɛ obenya Kwasida a edi kan September mu asɛnka adwuma no mu kyɛfa. (Ebia wobetumi aka sɛnea ɔsram a etwaam no mu dwumadi yɛe no ho asɛm akyerɛ.)
7 min: Dwom 68 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 31
15 min: Dwom 36 ne asɛmti “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Nhyehyɛe Ho Mfaso a Yebenya.”
15 min: “Monyɛ Mmarima”! Asɛm no ho ɔkasa a ɔpanyin ma. Nkyekyem anan no, ka ɔwofo a wɔahyɛ wɔn mma nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ mu, ma mpo wɔayi wɔn adwene afi ɔhonam fam nneɛma a wobenya so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn mma atumi ayɛ akwampae adwuma, akɔ Betel anaa wɔde wɔn ho ahyɛ asɛmpatrɛw adwuma mu no suahu ahorow kyerɛ. (Ebia na ebinom wɔ asafo no mu a wobetumi aka osuahu ahorow a wɔn ankasa anya akyerɛ. Sɛ ɛnte saa a, hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, 3/15/77, nkratafa 168 kosi 171 ne 4/15/77, nkratafa 249 kosi 253.)
10 min: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Nsɛmma Nhoma a Yɛde Bedi Dwuma Yiye. Ma anuanom baanan anaa nea ɛboro saa mpaw nsɛmma nhoma a aba nnansa yi mu nsɛm a wobetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ adansedi mu na wɔnam so aboa wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye wɔ Bible adesua mu ne nsɛmma nhoma a wɔbɛkra mu.
15 min: “Disko—So Biribi Wɔ Hɔ a Enti Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Yiye Wɔ Ho?” May 8, 1980, Nyan! mu asɛm yi ho ɔkasa. Fa nsɛm a esi hia a ehia sɛ yɛhyɛ akode no nyinaa na wiase yi nneyɛe horow annya yɛn adwene so tumi so dua di dwuma.—Efe. 6:10-16.
5 min: Dwom 31 ne mpaebɔ.