Fi Nea Ayɛ Wo Koma Ma Abu So No Mu Kasa
1 “Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, . . . na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” (Luka 6:45) Yesu na ɔkaa saa asɛm a nyansa wom yi, na ɛsɛ sɛ ɛka wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa, yɛn Nyankopɔn ne yɛn Bɔfo no, dom nyinaa kɛse. Adesamma hyia asetra mu nsɛm a ɛhaw adwene a ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa a ɛma obi da nsow sɛ Awurade Yesu suani ankasa da biara da. Tebea a atwa wɔn ho ahyia no ama nnipa dodow no ara koma apirim te sɛ tete Farao a ne koma ‘pirimii’ Onyankopɔn ho no.
2 Onyankopɔn Asɛm mu ayaresa tumi ne emu nokware ahorow no asakra koma pii a na apirim. Bible no ka afrafrafo pii a wɔne Israelfo no fii Misraim bere a ɔhaw a ɛto so du no baa asase no so no. Ɛda adi sɛ Yehowa tumi a ɔdaa no adi no sakraa wɔn koma. (Ex. 12:38) Na yɛn nso ɛ? So yefi nea ayɛ koma no ma abu so no mu reyɛ nnepa a ɛyɛ nhyira ma yɛn ne wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ebia nnepa wɔ yɛn koma mu na yetumi fi mu kasa na yɛyɛ nnepa?
3 Wubetumi abisabisa wo ho saa nsɛm yi: So m’ani gye te sɛ bere a midii kan tee nkwagye a Yehowa nam Yesu so de ba no ho asɛm na mifii ase ne Yehowa nkurɔfo bɔɔ fekuw no? Bɛyɛ 96 Y.B. mu no wɔkaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Efeso no ho asɛm sɛ wɔagyaw wɔn kan dɔ no, na wɔde afotu a emu yɛ den maa wɔn.—Adi. 2:4.
4 So m’ani ku Yehowa Asɛm a mɛkɔ so asua no kokoam ho te sɛ bere a midii kan tee ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛnam Kristo so no ho asɛm no? Ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ ɔmma n’ani mmra ne ho ne ne kyerɛ no so. (1 Tim. 4:16) Na n’adwene a ɔde bɛkɔ Onyankopɔn Asɛm no so asua sɛnea Timoteo yɛe wɔ ne mmofraase no ka ho.
5 So mede hokwan biara a menya ka Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow ma adesamma a ɛbɛbam daakye ho anidaso pintinn a mewɔ no ho asɛm kyerɛ afoforo? Bible no ka tete Kristofo a wɔde wɔn ho mae na wɔkaa nokware no kyerɛɛ afoforo ho asɛm. Yesu, Paulo, Petro, Barnaba, Timoteo, Sila ne afoforo da nsow fɛfɛ sɛ wɔn a nnepa ahyɛ wɔn koma ma a wɔdaa no adi kyerɛɛ afoforo.—Mat. 4:23; Aso. 5:42; 13:1-5.
6 So mibu me bra da biara da wɔ ɔkwan bi so a ɛma afoforo hu sɛ meyɛ nea meka ho asɛm kyerɛ afoforo no? Paulo kyerɛɛ sɛnea nea obi ka no ho nni mfaso, sɛ ne nneyɛe ne nea ɔka no nhyia a. Ɔkyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware?” Ɔkɔɔ so kyerɛe sɛ sɛnea onipa te wɔ ne mu fam no na ehia Onyankopɔn, na ɛno na edi adanse sɛ ɔyɛ Kristo suani.—Rom. 2:21-29.
7 Asɛm yi mfiase no wɔdaa no adi sɛ adesamma hyia nsɛm bi a ɛhaw adwene nnɛ a ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa. Aman nyinaa mu no yehu sɛ basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe ne nitan ahyɛ nnipa pii koma ma. Mpɛn pii no wɔde animtiaabu pow asɛm a yɛka kyerɛ no, na ebia ebegye yɛn asabaw mu. Mmere a ɛte saa mu no ɛho hia sɛ yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn kɔhwehwɛ ne mmoa a ɛnam Kristo so. Eye sɛ yɛkaakae nneɛma pa a yɛwɔ no nyinaa ma ɛhyɛ yɛn koma ma, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa afoforo.
8 Ɛdenam n’ahyehyɛde no so no, Yehowa ama yɛn akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yedi tebea horow yi ho dwuma. Yɛwɔ asafo nhyiam horow no a wɔasiesie ma adi nneɛma pɔtee bi a ɛho hia ho dwuma. Yɛwɔ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no ma wɔde osuahu a wɔwɔ no aboa yɛn ma yɛadi nsɛm a emu yɛ den so nkonim. Na yɛwɔ Yehowa honhom no ma ahyɛ yɛn den wɔ tebea horow a ɛhaw adwene yi mu. Nsiesie ahorow a wofi ɔdɔ mu yɛ yi a yɛde bedi dwuma no bɛboa yɛn ma yefi nea ayɛ yɛn koma ma no mu akasa.
9 Ɔkwan pa biara nni hɔ a yebetumi afa so adi nea ahyɛ yɛn koma ma ho adanse sen asɛmpa yi a yɛbɛka akyerɛ afoforo no so. August ɔsram yi mu no, yɛbɛka asɛm yi akyerɛ wɔn a yehyia wɔn wɔ yɛn da biara da afie afie asɛnka no mu, mmɔnten so ne afiase afiase dwumadi mu ne bɔnnɔso nkɔmmɔbɔ mu no. ‘Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Denam nsɛmma nhoma ne nhoma kakra a yɛde bɛhyɛ yɛn nneɛma mu no so. Sɛ hokwan ba a, fi nea ahyɛ wo koma ma no mu kasa. Momma yɛn nyinaa mfi nnepa a yɛaboaboa ano asie yɛn koma mu no mu nna ade pa adi, efisɛ nea ayɛ koma ma abu so no na yɛn ano bɛka.