Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/80 kr. 1-2
  • Nnipa Nyinaa A Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Nyinaa A Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KWATI NNWUMA A ƐHO NNI MFASO
  • NNWUMA A MFASO WƆ SO
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • So Wunni Adagyew Wɔ Nnwuma Funu Yɛ Mu Anaa Wɔ Yehowa Som Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Yɛyɛ Adwuma Brɛ Na Yɛpere”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • ‘Yɛ Nnipa Nyinaa Yiye’
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 12/80 kr. 1-2

Nnipa Nyinaa A Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye

1 Wonim Yehowa Adansefo sɛ adwumayɛfo mmɔdenbɔfo. Nanso ɛnyɛ yɛn nkutoo na yɛyɛ adwuma. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔn nso wɔyɛ adwuma denneennen sɛnea yɛyɛ no.

Bere a woawie da mũ nyinaa adwuma no, nnipa pii a wɔwɔ wiase no brɛ te sɛ yɛn ara. Ebia ebegye ɔyere fiehwɛfo ahoɔden pii wɔ n’anɔpa guadi mu sɛnea ɔdansefo yɛ wɔ n’anɔpa asɛnka adwuma mu no. Ebia okunu a ɔresiesie ne kar bɛbrɛ te sɛ onua a ɔreyɛ adwuma denneennen de asiesie ne baguam asɛnka no. Ebia ɔkwan a wotwa de kɔ Ahenni Asa so no mpo rensen ahoɔden a abusua bi de di dwuma wɔ dapɛn awiei kwan a wotu kɔ akuraa no mu.

KWATI NNWUMA A ƐHO NNI MFASO

2 Nanso mmɔden a yɛbɔ wɔ ɔsom kronn ho no som bo daa sen adwuma biara a obi tumi yɛ. Dɛn ntia? Efisɛ ‘yɛyɛ yiye.’ (Gal. 6:10) Obi a ɔnyɛ Kristoni betumi ayɛ adwuma abrɛ wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛboa ne yɔnko nnipa mu. Ebia na okura adwempa anaasɛ ne botae no ye, nanso mpɛn pii no ɛkɔyɛ te sɛ obi a “ɔboro mframa.” (1 Kor. 9:26) Papa biara a ɔyɛ no betumi ayɛ nea ɛtra hɔ bere tiaa bi pɛ. Nanso, yɛn de, yenim sɛ nea yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no renyɛ ɔkwa.​—1 Kor. 15:58.

3 Nanso ɔkwan bɛn so na ‘yɛyɛ yiye’? Paulo asɛm a ɔde kɔmaa Galatifo no mu a yɛhwɛ no da nneɛma bi adi. Ná Kristofo dodow bi a wɔwɔ hɔ, a bere bi a atwam no na wɔwɔ Yuda som mu no reyɛ adwuma hunu. Ná wonnyee ɔdom a ɛnam Kristo so ba no ntoom nwiei; Enti na wɔda so bɔ mmɔden sɛ wɔnam mmara nnwuma so bɛda wɔn ho adi sɛ atreneefo. Saa Kristofo a wɔda so di Yudasom mu nneyɛe akyi no yɛɛ katee wɔ twetiatwa ne Mose mmara no mu ahyɛde a ɛfa nnuan a ɛsɛ sɛ wodi ne nea ɛnsɛ sɛ wodi no akyidi ho. Paulo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ mmara nnwuma a ɛte saa ho nni mfaso, ne sɛ nkwagye nam Kristo mu gyidi so nkutoo.​—Gal. 2:16; 3:10-13.

4 Akyinnye biara nni ho sɛ krataa no boae kɛse wɔ adwensakra a Galatifo no benya mu. Ɛhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.’ (Gal. 6:10) Ɛha no ebia na nea ɛwɔ Paulo adwenem ne Kristofo a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya Kristo mu gyidi ne ahotoso a edi mu, na wɔatra ase sɛnea Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ te no so. Ná adwuma bɛn na ebetumi asow aba pa anaasɛ ebetumi de abotɔyam kɛse ama asen eyi?

5 Ɛho hia sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. Yɛn werɛ betumi afi Onyankopɔn dom no atirimpɔw denam susuw a yebesusuw sɛ nkwagye gyina adeyɛ pɔtee bi akyidi so no so. Nneɛma nhyehyɛe yi mu nhyɛso horow betumi ama yɛabrɛ Kristofo abrabɔ pa gyinapɛn no ase, anaasɛ yɛabɔ mmɔden sɛ yebenya ɔhonam fam adwuma bi a yɛde yɛn ho bɛto so. Enti ɛsɛ sɛ wɔkamfo anuanom nyinaa wɔ nea wɔreyɛ de aboa wɔn ho wɔn ho no ho.

NNWUMA A MFASO WƆ SO

6 Eyi ho nhwɛso a ɛdaa adi nnansa yi ne mmɔden a anuanom abɔ wɔ afotu a Asafo ti de ama sɛ ‘Yɛmmoa Yɛn ho Yɛn ho’ no ho dwumadi mu no. Anuanom ato nsa afrɛ “nyisaa” ma wɔaka wɔn ho akɔ Bible adesua horow. Anuanom mmea aboa anuanom mmea afoforo a ɛho hia sɛ wogyina tebea horow a ano yɛ den mu wɔ ofie na wohia nkuranhyɛ no. Eyi yɛ adwuma a mfaso wɔ so! Wɔreyɛ pii de aboa yɛn nuanom ma ‘wɔanantew honhom mu.’ Ampa, eyi gye bere ne mmɔdenbɔ kɛse. Etumi yɛ nea ɔbrɛ wom. Nanso ɛfata. So wubetumi ayɛ pii de aboa “wɔn a wɔyɛ gyidi fifo”?

7 Afei nso, mommma yɛn werɛ mfi wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu a asɛyɛde da yɛn so sɛ yɛka asɛmpa kyerɛ wɔn no. (Rom. 1:14, 15) Nnipa pii reyɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nea wohia wɔ asetra mu. Ɛho hia sɛ wɔn a wɔntee asɛmpa no hu ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkwa. Asafo ti no atintim nhoma ahorow pii na aboa wɔn. Sɛ mo asafo no wɔ nhoma bi a akyɛ a, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ mode bɛmema wɔn a wobegye ma ɛho aba wɔn mfaso anaa? Dɛn nti na monyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa dapɛn yi awiei?

8 Bere a ɛnyɛ yɛn nkutoo na yɛyɛ adwuma den no, ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ nea yɛyɛ no betumi de mfaso a enni awiei aba. Momma yɛnkɔ so nyɛ yɛn nuanom ne wɔn a wɔwɔ wiase a wonnya mmehuu nokware ahofadi a Kristosom de ba no “yiye”​—Gal. 5:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena