Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/80 kr. 1
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Cubafo Hwehwɛ Atrae Foforo
    Nyan!—1981
  • Kristosom A Wɔda No Adi—Wɔ Basabasayɛ Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 12/80 kr. 1

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Anuanom Adɔfo:

Ebia mo mu binom ate sɛ nnansa yi Cubafo bɛboro 115,000 afi wɔn man mu kɔ United States, na moresusuw ho sɛ ebia yɛn nuanom ka aguanfo yi ho anaa? Yiw, yɛn nuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 3,000 ka wɔn ho, na mpanyimfo a wɔhwɛ ahɔho a wɔba ɔman no mu so no de wɔn akɔsoɛ mmeae ahorow.

Asafo ti no de sika manae amonom hɔ ara ma wɔde aboa anuanom no. Wɔayi ntoboa afoforo nso na wɔde akɔboa wɔn. Asafo horow a wɔwɔ mmea a wɔde wɔn akɔ no de ntade ne ntama a emu duru te sɛ kookoo pren 600 ama, na anuanom a wɔwɔ Miami mpɔtam hɔ no aboaboa aduan a emu duru te sɛ kookoo pren aduɔwɔtwe ano. Yɛn nuanom a wofi Cuba no wɔ anigye na wɔde hokwan biara di dwuma de ka ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo a wɔne wɔn nam no. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔn abrabɔ ayɛ nhwɛso kɛse. Pii ahu ɔtaa mu amane wɔ Cuba, nanso wɔwɔ akokoduru na wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛnantew wɔn mudi mu.

Ɛyɛ yɛn awerɛhow saa bere yi sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ wɔatu Betel abusua a ɛwɔ Brooklyn no mufo baanum ne nnipa kakraa nso wɔ New York kurow no mu nnansa yi. Nnipa bi awae afi ahyehyɛde no ho na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔde mpaapaemu bɛba Onyankopɔn nkurɔfo asafo horow no binom mu. (Tito 3:9-11) Esiane sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nsɛm a ɛtete saa besi. Saa na nnipa bi wae fii asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu no ho sɛnea Kyerɛw Kronkron no a yɛkenkan ma yehu no. 1 Tim. 1:20; 4:1; 2 Tim. 2:17, 18; 1 Kor. 15:12, 13; Aso. 20:29, 30.

Yɛwɔ anidaso sɛ saafo yi ani bɛba wɔn ho so, anu wɔn ho na wɔasan aba Yehowa ahyehyɛde no mu, na ayɛ mfaso ama wɔn daa. (Eyi yɛ amanneɛbɔ a efi Yehowa Adansefo Sodikuw no hɔ.)

Awiei no, yɛwɔ anidaso sɛ mo nyinaa nyaa “Onyankopɔn Dɔ” Ɔmantam Nhyiam horow a yɛyɛe wɔ August mu no ho anigye na moanya ho mfaso pii. Ɛyɛɛ anigye kɛse sɛ yehuu nnipa a wɔn dodow nkabom yɛ 64,673 wɔ nhyiam horow 8 a yɛyɛe no ase, na nnipa 718 de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne a ɛyɛ anigye yiye. Yɛde aseda ne ayeyi ma yɛn soro agya, Yehowa Nyankopɔn, a ɔwɔ ɔdɔ no, na yɛbɔ mpae sɛ ɔbɛkɔ so ahyira yɛn mmɔdenbɔ wɔ ne som mu no so.

Mo nuanom,

ACCRA BAA DWUMADIBEA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena