Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 7
Dwom 19
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Hyɛ aso a wɔbɛyɛ ama dwumadi no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaw nsɛm a wɔde bedi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei, ho nkuran anigye so. To nsa frɛ wɔn nyinaa ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa August 13. Kyerɛ nsɛmma nhoma foforo a aba ho ɔkasa tiaa.
20 min: “Yɛn Kyɛfa wɔ Agyiraehyɛ Adwuma a Wofi Soro De Ahyɛ Yɛn Nsa no mu a Yɛbɛtrɛw.” Asemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Fa ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛfa obi a ɔresan akɔsra obi a wama no Live Forever ho ka ho.
15 min: Fa Afe Nhoma Di Dwuma Yiye. Nkɔmmɔbɔ. Munsusuw osuahu ahorow a efi 1983 Afe Nhoma mu ho a ɛfa adwuma no ho wɔ Portugal, nkratafa 130-256, monkyerɛ nhyira horow a efi Ahenni nneɛma a wɔde di kan mu ba. Ma adawurubɔfo nka osuahu ahorow mfi nhoma no mu. Hyɛ asafo nkuran ma wonwie amanneɛbɔ a ɛfa yɛn adwuma no ho wɔ Australia ne Portugal kenkan, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. (Yɛ nhyehyɛe na obiara mfa ne 1983 Afe Nhoma mmra nhyiam na wonni kan nsiesie wɔn ho.) Si bo a Afe Nhoma som wɔ nnam a ɛma yɛyɛ ma asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no, so dua.
Dwom 51 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 14
Dwom 37
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.
15 min: “Ahɔhoyɛ Su Adi a Yebeyi Akyerɛ Afoforo.” Ɔkasa a emu yɛ hyew na ɛhyɛ nkuran. Kamfo anuanom wɔ ahɔhoyɛ su a woyi adi ho na ma asafo nyansahyɛ aho-row. Wubetumi de osuahu ntiantia tee a moanya wɔ hɔ adi dwuma de akyerɛ sɛnea ebinom anya mfaso afi ahɔhoyɛ su a afoforo ne asafo mũ no nyinaa yii adi mu.
20 min: You Can Live Forever in Paradise on Earth, Monka osuahu ahorow a wɔapaw a ɛfa nhoma no a wɔde ma na wofi adesua ase ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ dapɛn awiei asɛnka mu.
Dwom 3 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 21
Dwom 1
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asafo July ɔsom akontaabu ho asɛm tiaa. Ka Ghana ɔsom akontaabu ma April ne May a Nkaedi ho amanneɛbɔ ka ho nso ho asɛm. (Hwɛ Yɛn Ahenni Som, July 1983 mu.) Twe adwene si nkɔanim kɛse wɔ dodow a wɔbaa Nkaedi a etwaam ase no so na hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔnkɔ so mmoa wɔn a wɔbae no. Afei nso nnipa pii yɛɛ akwampaefo aboafo April mu. Kamfo wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ dwumadi yi mu wɔ asafo no mu, wɔn a ebia wɔde wɔn ho ahyem mprempren ne daa akwampaefo no. Hyɛ wɔn nkuran ma pii mfa wɔn ho nhyɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo adwuma no mu.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma no ho Anigye a Yebedi Akyi So.” Nsemmisa ne mmuae. ‘Ka asafo mu osuahu ahorow a ɛfa anuanom a biribi pa afi Live Forever nhoma no ho anigye a wodii akyi mu aba ho nso kyerɛ.
15 min: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yekwati Kasa-fĩ. Ɔkasa a ɛyɛ tee na aba wom a egyina nsɛm abien a edi kan wɔ September 1, 1983 Ɔwɛn-Aban mu so. Fa nyansahyɛ ahorow a eye a ɛfa sɛnea anuanom betumi ako atia kasa-fĩ nkɛntɛnso bɔne ho ma. Hyɛ ho a wɔde hyɛ dapɛn awiei nsɛmma nhoma dwumadi mu ho nkuran. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a wɔde nsɛmma nhoma rema ofiewura.
Dwom 88 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 28
Dwom 4
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ ho nyinaa a wɔde bɛhyɛ afie afie adwuma mu Kwasida, September 4 ho nkuran. Munsusuw Asemmisa Afã ho.
18 min: “Akwampae Adwuma Wɔ sikasɛm Mu Ahokyere Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Monkenkan kyerɛw nsɛm mfa nni dwuma. Monkenkan nkyekyem a wɔapaw nso sɛnea bere ma kwan. Bisabisa ebinom a wɔatumi agye ɔfrɛ no so ayɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo nnansa yi nsɛm. Kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔakɔ so ayɛ nnam wɔ Ahenni adwuma mu a sikasɛm mu ahokyere mfa ho.
17 min: “Bere a Enye Koraa. Nanso Ɛyɛ Bere a Eye Sen Biara.” Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma wɔ asɛm a ɛwɔ February 15, 1983 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu ho, nkratafa 5 kosi 7. Fa Asafo krataa AB April 25, 1983, kɔma asafo horow nyinaa no mu nsɛntitiriw ka ho. Fa nsɛm no toto mo tebea ho na hyɛ anuanom nkuran ma wonyi Luka 21:28 honhom no adi wɔ wɔn asetra mu.
Dwom 98 ne mpaebɔ.