Akwampae Adwuma Wɔ Sikasɛm Mu Ahokyere Mu
1 Wɔ yɛn krataa CS:BL January 11, 1983, kɔma asafo ahorow nyinaa no mu no, wɔhyɛɛ nkuran sɛ yɛn mu biara nsusuw akwampae adwuma no ho anibere so. Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ yɛbɛka sɛ dodow a wogyee so no hyɛ nkuran kɛse. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ 1,876 yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma April mu. Ɛno yɛ dodow a ɛsen biara a ɛto April 1969 de no so abien wɔ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu wɔ ɔman yi mu. Wɔ daa akwampae adwuma no ho de, ɔsom afe yi nyinaa ayɛ soronko, efisɛ ɔsram biara daa akwampaefo no dodow kɔ anim.
2 Yebetumi ahu nea ɛma akontaabu a ɛwɔ atifi hɔ no yɛ anigye kɛse no afi asɛm a yɛn amansin so ahwɛfo no mu biako kae wɔ ne mansin ho no mu: “Esiane bere no mu den a ayɛ, titiriw aduan ho asɛm no nti, ebia obi bɛka sɛ anuanom rentumi nyɛ akwampae adwuma no mprempren. Nanso bere a mekɔsraa asafo ahorow no, mihui sɛ ɛnte saa.” Ɔde asafo biako a ɛwɔ akurase baabi reyɛ nhwɛso no, ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ aduan ho asɛm a ɛyɛ den kɛse ne nsu a wonnya a ɛma wɔnantew akwansin pii kɔsaw bi akyi no, na wɔwɔ daa akwampaefo baason ne akwampaefo aboafo du wɔ ɔsram a mekɔsraa wɔn no mu.”
“ME NE MO WƆ HƆ”
3 Bere a Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ aduankɔm bɛyɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne no fã no, ɔkae nso sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa,” a ɔman yi nso ka ho. (Mat. 24:7, 14) Esiane ne bɔ a wahyɛ sɛ “me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa” no nti, yebetumi de ahotoso aka sɛ ɔne ne soro Agya no bɛwowaw yɛn, ɛmfa ho sɛ yɛn bere no mu bɛyɛ den dɛn. (Mat. 28:20) Ebia aduan a yebedi wɔ da no mu no nnɔɔso. Ebia ɛho behia sɛ yɛtew aduan dodow a yedi da biara no so, nanso yɛn Nyankopɔn no betumi awowaw yɛn wɔ ne nyinaa mu.
ABAKƆSƐM MU NHWƐSO HOROW
4 Bere a ɔkɔm bae no ɔboaa odiyifo Elia denam aduan mpɛn abien a ɔma onya dii da biara no so, na Yehowa yɛɛ eyi denam nkwaakwaadabi so. (1 Ahe. 17:4-6) Na bere a na ɛsɛ sɛ odiyifo no tu kɔ ɔbea kunafo bi fi wɔ Sarefat no, ɔmaa n’ani sɔɔ nea ebia yɛbɛka sɛ ɛyɛ aduan koro a ɛne asikresiam ne ngo no. (1 Ah. 17:14) Mfe pii ansa na eyi reba no, Israelfo no dii mana kɛse wɔ mfirihyia aduanan wɔ sare so no mu. Wohuu wɔn Nyankopɔn no denhyɛ tumi no ho adanse foforo bere a wɔn ntade ansuw na wɔn mpaboa antetew no. (Deut. 29:5) Yiw, ne nyinaa yɛ nokware sɛ “[Yehowa] din kɛse no nti ɔrempa ne man.”—1 Sam. 12:22.
5 So wobɛda Yehowa “din kɛse” no adi? Akwampae adwuma ma wunya hokwan kɛse yɛ saa. Anuanom pii agye nkuranhyɛ no atom sɛ, sɛnea ebetumi biara no, wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo, anyɛ yiye koraa no, ɔsram biako, ɔsom afe biara wɔ wɔn nkwa nna a aka wɔ nhyehyɛe yi mu no mu. Mubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mmɔdenbɔ yi so. Anuanom pii nso atie nyansahyɛ a wɔde mae sɛ wɔntoto wɔn nneɛma yiye na wɔayɛ daa akwampaefo afe biako na sɛ afe no awiei wohu sɛ wobetumi atoa so a, ɛno ye no. Nanso sɛ wɔrentumi a, yebetumi de ahotoso aka sɛ saa bere a wɔde yɛɛ akwampae adwuma no bɛyɛ wɔn asetra mu bere a anigye wom sen biara no mu biako. So wobɛka daa akwampaefo a wɔn dodow rekɔ anim a wɔyɛ adanse ankasa a ɛkyerɛ sɛ akwampae adwuma betumi ayɛ yiye wɔ sikasɛm mu ahokyere mu no ho?
MONKƆ SO
6 Sɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne wo yɔnko nipa ka wo ma woyɛ nhyehyɛe pa na woma nneɛma a wuhia ankasa no dɔɔ wo so a, ɛnde, esiane nea Dawid kae wɔ Dwom 37:25 no nti, ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo. Ná Dawid nim nea ɔreka, efisɛ na wayɛ oguanfo mfe pii.
7 Sɛ wowɔ ntease pa nti a worentumi nyɛ ɔkwampaefo mprempren anaa mmere a ɛda yɛn anim no mu a, ɛnde yɛhyɛ wo nkuran kɛse sɛ yɛ daa ɔdawurubɔfo kosi bere a Yehowa ankasa bɛka sɛ adwuma no aba awiei. Amansan Hene Yehowa ahyɛ yɛn anuonyam kɛse denam asɛmpa no ka a ɔde ahyɛ yɛn nsa no so. Ɛmfa ho sɛnea wiase no sikasɛm mu bɛyɛ den no, yɛbɛyere yɛn ho akɔ yɛn anim wɔ Ahenni adwuma no mu, na ma “[Yehowa] yɛn Nyankopɔn animtew mmra yɛn so.” Na momma yɛnkɔ so nsrɛ Yehowa sɛ: “Na yɛn nsa ano adwuma no, ma ɛnyɛ yiye mma yɛn, yiw, yɛn nsa ano adwuma na ma ɛnyɛ yiye.”—Dw. 90:17.