Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JUNE 5
Dwom 113
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa ahosiesie ma Memeneda a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi dapɛn yi awiei ho nkaebɔ ka ho. Afei nso, Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho nkɔmmɔbɔ tiaa ne nea yɛde bɛma June mu.
13 min: “So Wode Nneɛma a Ogya Ntumi Nhyew na Ɛreto?” Ɔkasa. Wo ne atiefo nsusuw 1 Korintofo 3:10-15 ho. (Hwɛ November 1, 1966, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu. nkratafa 649-663.) Hwɛ nsɛm ahorow bi a efi afe a etwaam Ɔwɛn-Aban no mu a ɛbɛboa mmofra, anigyefo afoforo, wɔn a wɔrehyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ, ne wɔn a wɔkeka ho, ma wɔanya nneɛma a ogya ntumi nhyew.
10 min: “Asɛm a a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So.” Nsemmisa ne mmuae. Fa ɔyɛkyerɛ ntiantia abien ka ho a ɛkyerɛ ɔkwan a ɛfata a yɛbɛfa so akɔ wɔn a wɔyɛ nyamesomfo ne wɔn a wɔnyɛ bi nkyɛn. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnka ne kra ho asɛm June mu.
12 min: Munsusuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu. “Nsɛmma Nhomakra—Nyansa Reteɛm’!” nkyekyem 10 a edi kan no ho. Nsemmisa ne mmuae.
Dwom 89 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 12
Dwom 78
6 min: Asafo mu nkaebɔ ne Ahenni Som mu de. Sika akontaabu.
12 min: “So Wode 1983 Kalenda no Redi Dwuma?” Nsemmisa ne mmuae. Ma abusua a wɔwɔ mma mmra asɛnka agua so. Hwɛbea: Dapɛn dapɛn abusua a esua a ɛrebɛn ɔsram awiei akyi. Oguamtrani bisa nkyekyem no nyinaa mu nsɛm. Dan nkyekyem 1, 3, 5, 7 ne 9 ho nsemmisa no ma atiefo. Ɔdi nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 2, 4, 6 ne 8 ho dwuma denam ɔyɛkyerɛ tiaa a abusua no de kalenda no yɛ so.
17 min: Munsusuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu. “Nsɛmma Nbomakra—‘Nyansa Reteɛm’!” ho mfi nkyekyem 11 kosi 21. Nsemmisa ne mmuae.
10 min: Yɛn Mma a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔate Agyede no Ase. Fa July 15, 1983, Ɔwɛn-Aban di dwuma, nkratafa 8 ne 9, wɔ asɛm “Dɛn na Yesu Wu no Kyerɛ ma Yɛn?” no ho. Ɔpanyin ne mmofra dodow bi bɔ ho nkɔmmɔ wɔ asɛnka agua so. Ɛsɛ sɛ mudi kan bobɔ so.
Dwom 96 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 19
Dwom 66
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Obiara mfa August 15, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mmra dapɛn a edi hɔ.
18 min: “So Wubegye ɔfrɛ no So?” Asemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Ɛdefa nkyekyem 4 ho no, san kenkan CSN May 18, 1982, krataa no nkyekyem ahorow a ɛfata.
12 min: Yɛn Nuanom a Yebehu Wɔn. Bisabisa ɔwofo asɛm, ɛbɛyɛ yiye a nea ɔwɔ mma a wɔreyɛ adu mpanyin afe so. Bere bɛn na wo ne wo mma sua ade? Dɛn nti na saa bere no? Bere tenten ahe na mode sua ade? Dɛn ntia? Dɛn na musua? Dɛn ntia? Ɔkwan bɛn so na wo ne wo mma siesie mo ho ma asɛnka? Nsɛm afoforo a ɛfa nea ɔwofo ahu sɛ eye a ɛboa mmofra honhom mu ne mfaso a awofo nya wɔ mmɔdenbɔ a ɛte saa mu ho. Bisabisa abofra biako anaa mmofra baanu nsɛm, ɛbɛyɛ yiye a wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so. Bisa sɛnea wɔanya mfaso afi abusua no adesua mu. Bisa tebea bi a ɛkɔɔ so yiye wɔ sukuu. Ɛyɛɛ dɛn na wohuu sɛ ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma sɛnea wɔyɛe no? So ɛyɛ biribi a wosua fii wɔn awofonom hɔ? wɔ nhyiam horow ase? wɔ asɛm bi a wɔkenkanee mu? Ma wɔnka asɛnka mu osuahu a ɛyɛ anigye sen biara a wonyae afe a etwaam no mu nkyerɛ. Kamfo awofo ne mmofra wɔ wɔn fam de a wɔyɛ ma nkɔso da adi no ho.—2 Tim. 3:14-17; 1 Tim. 4:15, 16.
8 min: Momfa mo ho nhyɛ Memeneda a ɛto so anan, nsɛmma nhoma da dwumadi mu. June 25 yɛ Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram yi mu. So wobɛma ayɛ nsɛmma nhoma da titiriw? Munsusuw nea aba foforo mu nsɛntitiriw ho. Fa ne ma wɔ anibu 30 kosi 60 so mu ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien ka ho. Hyɛ ho a wɔde bɛhyem ho nkuran.
Dwom 70 ne mpaebɔ
DAPƐN A EFI ASE JUNE 26
Dwom 14
8 min: Nkaebɔ ahorow ne Asemmisa Afã.
15 min: “Odwo Wɔ Tumi” ho ɔkasa. (Hwɛ September 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 8-11.) Fa atiefo nsɛm a ɛfa nsɛm a asisi ho a wonim sɛ nnyinasosɛm yi yɛɛ adwuma ne/anaasɛ sɛnea na ɛsɛ sɛ ebinom nya saa su yi bere a wohuu nokware no ka ho.
12 min: “Ɔdɔ a Yɛde Bedi Nsɛnnennen ho Dwuma.” (Hwɛ August 15, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu. nkratafa 16, 17.) Nsemmisa ne mmuae.
10 min: Monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo ahiade te. Faako a ɛfata no ebia mpanyimfo bɛpɛ sɛ wɔma “TV So Dwumadi Ahorow—So Ɛrekã Wo?” ho ɔkasa a egyina nsɛm abien a ɛwɔ December 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu so nkratafa 3-7. Kae asafo sɛ July 3 yɛ Kwasida a edi kan wɔ ɔsram mu.
Dwom 108 ne mpaebɔ.