Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ November Mu?
Dodow a ɛsen biara foforo! Nea etia abien wɔ 1983 mu. 24,151 buu asɛnka adwuma ho akontaa November mu! Akwampaefo atitiriw, daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo a wɔn dodow yɛ 2,606 dii adwuma no anim! Yɛyɛɛ ofie Bible adesua horow 25,669! Asafo adawurubɔfo de nnɔnhwerew a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a ɛyɛ 10.2 kaa asɛm! Adwuma a ɛyɛ nwonwa a wɔde yi Yehowa ayɛ! Wo botae horow ma asram a ɛreba no ne dɛn?