Yɛn Nkyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Afoforo Ho Anigye Ankasa A Yɛbɛkyerɛ So
1 “Hwɛ me nguan.” (Yoh. 21:17) Yesu nam saa asɛm no so sii ɔdɔ ne anigye ankasa a ɔwɔ ma wɔn a wɔte sɛ nguan a ehia sɛ wɔma wɔn honhom mu aduan a ɛne Asɛm a ɛyɛ nokware no so dua. Yesu sii so dua mprɛnsa kyerɛɛ Petro sɛ ɔnam afoforo a ɔbɛsom wɔn so bɛkyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Mesia no.
2 Yesu daa no adi sɛ ɔyɛ adamfo ankasa ne ɔhokafo a ɔwɔ ɔdɔ ma n’akyidifo no, na ‘ɔdɔɔ wɔn kosii ase.’ (Yoh. 13:1) Sɛ́ nnipa a wɔresuasua no no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛ wɔn a wobetumi abɛyɛ asuafo afoforo no ho anigye saa ara, na yɛne wɔn kyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware atitiriw no. (Mat. 28:19, 20) Akwan horow pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ eyi.
NYA WƆN HO ANIGYE ANKASA
3 Yebetumi akyerɛ anigye ankasa denam Bible adesuafo a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn aba nhyiam horow na sɛ ɛho hia a yɛayɛ lɔre ho nhyehyɛe ama wɔn no so. Ɛdenam ayamye ne ahɔhoyɛ su a yeyi adi so no, yɛboa yɛn adesuafo no ma wohu sɛnea nokware Kristosom te. Su pa ahorow tumi ka afoforo na mpɛn pii ɛkanyan honhom a ɛte sɛ nea yeyi adi kyerɛ wɔn no na ɛma wonya ayɔnkofa pa a emu yɛ den a egyina ɔdɔ a ɛwɔ nnyinaso so.
4 Yɛn Bible adesuafo a yɛbɛkyerɛ wɔn ho anigye mmere afoforo a ɛnyɛ bere a yɛde yɛ adesua no nso betumi ayɛ nea mfaso kɛse wɔ so. Bere a adesuafo no nya nkɔso wɔ nokware no mu no, adawurubɔfo binom yi ahɔhoyɛ su adi denam nsa a wɔto frɛ wɔn kɔ wɔn afi mu, faako wohu teokrase ayɔnkofa a ɛho tew no so. Adawurubɔfo afoforo a wɔto nsa frɛ wɔn saa bere yi mu no ma wonya nnamfo afoforo. (Kenkan Marko 10:29, 30) Teokrase fekubɔ a ɛte sɛɛ betumi aboa ma wɔakɔ so adu Kristofo onyin ho na aboa wɔn ma wɔanya su pa ahorow. (Mmeb. 13:20; fa toto 1 Korintofo 15:33 ho.) Bere a wɔne yɛn bɔ na wohu yɛn Kristofo abarabɔ pa no, akyinnye biara nni ho sɛ wobehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm nko na yɛka na mmom yɛde bɔ yɛn bra, yɛde yɛ yɛn asetra kwan.—Yak. 1:22.
5 Ɛtɔ bere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ yɛn adesuafo no nnya nkɔso sɛnea yɛhwɛ kwan no. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu boa wɔn wɔ faako a mmoa ho hia kɛse no. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedi mmerɛwyɛ ahorow bi so a, hwehwɛ nsɛm ahorow a ɛboa a ɛka ɔhaw no ho asɛm fi Asafo nhoma ahorow no mu na wo ne wɔn nsusuw ho. Afei nso, wo ne wɔn mmɔ asɛm no ho mpae. (Fa toto Yakobo 5:16 ho.) Boa wɔn ma wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so ankasa, na wonnya hia a ɛho hia sɛ wɔbɔ mpae daa no ho anisɔ, ne hia a ehia sɛ wɔbɛyɛ nea ɛne saa mpaebɔ no hyia.—1 Pet. 3:12; 1 Yoh. 3:22.
6 Afoforo ho anigye ankasa a yɛbɛkyerɛ no gye boasetɔ ne ɔdɔ wɔ yɛn fam. Nanso hwɛ nhyira ara a eyi yɛ bere a yehu wɔn a yɛne wɔn suaa ade no sɛ ‘wɔhyɛ Yehowa asɛm no anuonyam’ na wɔbɛyɛ ‘gyidifo’ no! Te sɛ asuafo anokwafo a wɔkyerɛkyerɛɛ afoforo wɔ asomafo no mmere so no, yɛn nso ‘anigye ne honhom kronkron bɛhyɛ yɛn ma.’—Aso. 13:48, 52.