So Wobɛsom Sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
1 Sɛ́ wobɛsom Onyankopɔn no kyerɛ sɛ wobɛyɛ n’adwuma. Wɔ Israelfo fam no, na Yehowa a wɔbɛsom no no hwehwɛ sɛ wobedi n’ahyɛde ahorow so, ayɛ n’apɛde sɛ ɔman a wɔapaw ama ɔno nkutoo. (Ex. 19:5; Yos. 24:14, 15) Sɛ́ Kristofo no, nea ɛka Yehowa a yɛsom no no ho ne Ahenni ho asɛmpa a yɛbɛka na yɛakyerɛkyerɛ afoforo nokware a yɛasua no. (Mat. 28:19, 20) Ɛdenam Yesu ahyɛde no a yebedi so so no, na yɛreyɛ Yehowa adwuma na na yɛresom no nso.
MA WO SOM ADWUMA NYƐ KƐSE APRIL MU
2 Adawurubɔfo pii paw mmere horow bi a eye wɔ afe no mu de nya kyɛfa kɛse wɔ asɛmpaka a ɛho hia ma afoforo nkwagye no mu. (Rom. 10:10-15) Pii resom sɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi. So wubetumi ama wo ayeyi afɔre ma Yehowa no ayɛ kɛse sɛ́ akwampaefo boafo ɔsram a ɛbɛba no? (Heb. 13:15) So woasusuw ho anibere so sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi ayɛ akwampaefo boafo ɔsram biako anaa nea ɛboro saa? Wɔada nneɛma ahorow a wɔhwehwɛ no adi wɔ Our Ministry nhoma no nkratafa 113 ne 114. Dɛn nti na wo ne wo hokafo, w’awofo anaa ɔdawurubɔfo foforo a ɔwɔ asafo no mu nsusuw ho? Mmɔden a mobɛbom abɔ wɔ eyi ho no betumi ama ayɛ yiye.—Mmeb. 15:22.
AKWAMPAEFO BOAFO ADWUMA MU MFASO HOROW
3 Asɛnka adwuma a wɔyɛ no kɛse de mfaso ahorow ba. Adagyew a obi nni da biara a ɔreka asɛmpa no ma ɔde ne koma ne n’adwene si Kyerɛwsɛm no mu nsɛm so. Eyi betumi ama yɛayɛ den honhom mu, na eyi bɛda adi wɔ yɛn su, sɛnea yɛhwɛ ade ne yɛn abrabɔ mu. Yɛn anigye no yɛ kɛse efisɛ yenim sɛ yɛreyɛ adwuma a Onyankopɔn ani sɔ. Afei nso, yenya nkɔso wɔ sɛnea yɛda asɛmpa no adi wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ntease wom so no mu. Yenya anigye ankasa bere a yɛatumi afi ofie Bible adesua ase no. Nea ɛka ho no, honhom aba no taa da adi kɛse wɔ yɛn asetra mu. Nokwarem no, adawurubɔfo binom aka sɛ abusuabɔ a ɛda wɔne asafo no mufo afoforo ne wɔn ankasa abusua ntam nya nkɔso bere a wɔyere wɔn ho kɛse wɔ asɛnka adwuma mu no. Afoforo ka sɛ ɛdenam wɔn nneɛma a wɔtoto ma wotumi yɛ akwampaefo boafo ɔsram biako no so no, mpɛn pii wotumi yɛ pii wɔ fie ne wɔ asɛnka mu nso. Yɛn nyinaa gye tom sɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no mu yɛ den denam ɔsom adwuma a yɛyɛ no kɛse no so.
4 Asafo no nso nya mfaso. Ebinom a ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔn nkutoo de wɔn ho bɛhyɛ akwampaefo boafo adwuma mu no bɛyɛ saa, sɛ afoforo hyɛ wɔn nkuran a. Afoforo a ebia wɔrentumi nyɛ akwampaefo aboafo no bɛpɛ sɛ wɔma wɔn som adwuma nya nkɔso na wobetumi ayɛ eyi denam wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo no a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma no so. Akwampae honhom, adwempa a wonya wɔ bere nyinaa som adwuma no ho betumi akã asafo no bere a anuanom mmarima ne mmea de anigye boa adwuma titiriw yi yɛ no. Wɔka sɛ asafo bi honhom mu yiyedi fa ne dwumadi wɔ ɔsom adwuma no mu ho kɛse. Enti, bere a mpanyimfo di anim denam akwampaefo boafo adwuma ho nkuran a wɔhyɛ ne emu kyɛfa a wonya bere a wobetumi so no, asafo mũ no nyinaa nya mu mfaso.
5 Nnipa a woka asɛm kyerɛ wɔn no nya yɛn som adwuma a ayɛ kɛse no mu mfaso. Wɔ nsrahwɛ a edi kan anaa wɔ sankɔhwɛ mu no, akwampaefo tumi fi ofie Bible adesua pii ase a ebetumi de binom asi nkwa kwan no so. Yɛtaa de nhoma pii ma wɔ asasesin no mu, na ɛno yɛ hokwan kɛse ma wɔn a wɔte sɛ nguanten no sɛ wobesua nokware no. Wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔresi apini na wodi nkɔmmɔ wɔ wiase tebea horow no ho no. Wɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu a ɛreba no ho, na adwuma yi ho asɛyɛde a yɛwɔ no yɛ nea yɛyɛ wie koraa. (Hes. 9:4; 33:7-9) Yɛde Yehowa din ne Ahenni ho asɛm no si nnipa no anim kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ‘sɛ odiyifo atra wɔn mu pɛn.’—Hes. 33:33.
YƐ NHYEHYƐE MPREMPREN NA WOAYƐ AKWAMPAEFO BOAFO APRIL MU!
6 Wɔ wɔn a wobetumi ayɛ no fam no, akwampaefo boafo adwumma no yɛ ɔkwan fɛfɛ a wɔnam so nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse wɔ April mu. Wɔ ahomegye nna a ɛremma pii nkɔ sukuu anaa honam fam adwuma wɔ April mu no akyi no, adapɛn awiei no nso wɔ hɔ. Ɛdenam nhyehyɛe a wobedi kan ayɛ so no, sukuufo mmofra a wɔagye asubɔ betumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ akwamma bere no mu wɔ April mu. Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma no mu binom mpo betumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma April mu denam ahomegye nna, anwummere ahorow, ne adapɛn awiei a wɔde bedi dwuma yiye no so. Yɛ nhyehyɛe mprempren ma ɔsom adwuma a wɔyɛ no kɛse wɔ April mu.