Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MARCH 10
Dwom 108
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka 1985 Afe Nhoma mu nsɛntitiriw ho asɛm. Paw osuahu ahorow a ɛkyerɛ adwuma no nkɔso ne sɛnea Bible nnyinasosɛm asakra ebinom a wɔaba Yehowa afã mprempren no asetra.
15 min: Nsɛmma nhomakra wɔ March mu. Wo ne asafo nsusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo ho. Ma wɔnka nnianim nsɛm ne sɛnea wɔde bɛtoam nkyerɛ. (6 min.) . Ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa nyɛ nsɛmma nhomakra ho ɔyɛkyerɛ a ɔde foforo a aba redi dwuma. Ma wɔmfa bere a aka no nkyerɛ nea enti a ɔkwan a ɔfaa so no yɛ nea etu mpɔn. Afei si so dua sɛ eye sɛ yɛbɛka ne kra ho asɛm wɔ hokwan biara mu na yɛama ofiewura asi gyinae sen sɛ yɛn ankasa besi gyinae sɛ ɔmpɛ. Kae sɛ wɔankra a, yɛde The Divine Name That Will Endure Forever, Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa anaa Jehovah’s witnesses in the Twentieth Century no bɛma a nsɛmma nhoma biako ka ho de agye ¢20, anaa emu biako ne nsɛmma nhoma abien de agye ¢28.
17 min: “So Wobɛsom sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?” Asɛm no ho ɔkasa ne asafo nkɔmmɔbɔ. Monkenkan kyerɛw nsɛm sɛnea bere ma kwan. Kyerɛ dodow a wɔreyɛ akwampaefo boafo adwuma mprempren wɔ asafo mu. Afei dodow a wɔbɛyɛ bi April mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnhwehwɛ wɔn nsɛm tebea mu na sɛ ebetumi a, wɔnyɛ bi. Fa ɛho akwammisa nkratasin no bi kyerɛ. Kyerɛ adawurubɔfo sɛ wobetumi abegye bi bere a wɔapɔn nhyiam no.
Dwom 16 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 17
Dwom 66
10 min: Asafo mu nkaebɔ, Yɛn Ahenni Som mu de ne sika akontaabu. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu dapɛn awiei yi ho nkuran.
17 min: “Nkaedi no Mu Mfaso Kɛse a Yebenya.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma asɛm no mfa mo asafo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nea ɛho hia sɛ wɔyɛ de boa dwumadi titiriw yi. Yɛ nyansahyɛ a ɛwɔ nkyekyem 4 no ho ɔyɛkyerɛ tiaa fa kyerɛ sɛnea wɔ ɔkwan tiawa a emu da hɔ so no, obi betumi asiesie onigyefo ama Nkaedi no, sɛ eyi ne nea edi kan a ɔreba ase a.
18 min: “Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Nungua?” Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho nkɔmmɔbɔ fi mfiase kosi asɛmti ketewa: “Egye Ntɛmpɛ!” so (nanso ɛno nka ho) . Mubetumi adi ho dwuma denam anuanom baasa a mobɛma wɔagyina hɔ ama Ɔdansi Boayikuw no na wɔabua nsemmisa a efi atiefo hɔ a wɔadi kan apaw no so. Monna nkyekyem biara mu nsɛntitiriw adi. Oguamtrani de ba awiei na ɔhyɛ obiara nkuran sɛ onhu asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa Betel foforo no si no.
Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 29
Dwom 87
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa Nkaedi ho nhyehyɛe a etwa to ka ho.
15 min:”Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra wɔ Sankɔhwɛ Mu So.” Ɔsom adwuma sohwɛfo nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye. Yɛ nsɛm a wɔada no adi wɔ nkyekyem 2-6 no abien ho ɔyɛkyerɛ wɔ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien mu. Paw abien a ɛbɛyɛ tebea a ɛda adi kɛse wɔ mo asasesin no mu. Ma atiefo nka osuahu a wonyae wɔ nsɛmma nhomakra ɔsatu mu nkyerɛ sɛnea bere ma kwan. Ti asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no mu.
25 min: “Dɛn Na Ɛreko So Wɔ Nungua?” Ɔhwɛfo guamtrani ne asafo bɔ krataa no mu nsɛm ho nkɔmmɔ denam nsemmisa ne mmuae so. Mumfi ase mfi asɛmti ketewa. “Egye Ntɛmpɛ!” no so nkosi asɛmti ketewa. “Ahiade Afoforo” so (nanso ɛno nka ho) . Ma atiefo nhu ntoboa a mo asafo no de kɔmaa Asafo ti afe a etwaam ne mfe abien a etwaam no de boaa Betel foforo no si. Kyerɛ ho anisɔ. Asafo ti no da ankorankoro pii ntoboa ahorow a wɔde bae tẽe a wɔamfa amfa asafo no so no nso ho ase. Ahiade no da so ara yɛ kɛse. So efi krataa a na ɛhyɛ December a etwaam Yɛn Ahenni Som mu no so no, asafo no ntoboayi honhom anya nkɔso? So yebetumi ayɛ pii? So asafo de sika mana ɔsram biara de boa adwuma no? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsusuw hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa Betel foforo no si sika fam no ho anibere so.
Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 31
(Nkaedi dapɛn, wɔrenyɛ Ɔsom Nhyiam.)
DAPƐN A EFI ASE APRIL 1
Dwom 174
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu dapɛn yi. Kyerɛ nea yɛde bɛma April mu a ɛne Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnye nhoma a wɔde bɛkɔ asɛnka dapɛn mu wɔ nhyiam no awiei.
20 min: “Fa United in Worship Nhoma no Di Dwuma Yiye.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a. ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔde asɛm no di dwuma wɔ Bible adesua mu de boa osuani ma osusuw ɔhaw a ɛfa fekubɔ bɔne ho ho ɔyɛkyerɛ. Ɛdefa nkyekyem 6 ho no, ma atiefo nkyerɛ sɛnea ti a ɛne “Nea Wo Asubɔ no Kyerɛ” a wosuae no aboa wɔn. Hyɛ nhoma yi ne nsɛntitiriw a wɔaka ho asɛm no a wɔde bɛkanyan obiara a ɔresan akyi ho nkuran.
20 min: “Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Nungua‘?” Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa no mu nsɛm a aka ho fi asɛmti ketewa:”Ahiade Afoforo” so.
Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.