Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/84 kr. 2-8
  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Afotu A Eye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Afotu A Eye
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Nkanyan
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Ɔmansin Nhyiam Foforo A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛahyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Apontow Mo Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 12/84 kr. 2-8

Ɔmansin Nhyiam Horow​—Afotu A Eye

1 Mprempren ɔmansin nhyiam horow a efii ase October 13 no asɛmti ne “Yɛnntra Ase Mma Yɛn Ho Bio.” Wɔ asɛmti yi ase no, nhyiam no de nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de ma a ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati pɛsɛmenkominya adwene. Sɛnea ɛbɛyɛ a asetra bɛyɛ nea ɛwɔ atirimpɔw no, nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ obi ani gye Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ ne n’ani a ɔbɛsɔ ho. (2 Kor. 5:14, 15) Ɛsɛ sɛ yetumi yiyi papa ne bɔne mu. (Heb. 5:14) Esiane sɛ yɛn ani sɔ afã a yɛwɔ wɔ Yehowa fie no nti, yebetumi adi dwuma sɛ anwenne a ɛwɔ nidi.​—Rom. 9:21.

2 Nhyiam horow yi bɛkɔ so akosi February mfinimfini. Sɛ woannya mu kyɛfa wɔ wo mansin no mu a, ɛnde ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe na wokɔ bi wɔ ɔmansin a ɛbɛn no mu. Sɛ mo mansin no de nnya nnuu so a, ɛnde yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nhyehyɛe na woatumi akɔ ne nyinaa bere a adu hɔ no.

3 Foforo a efi ase February awiei mu hɔ kosi June mu no ti ne “Kyi Amumɔyɛ ne Wiase Akɔnnɔ Horow.” Dɛn nti na Bible no tu yɛn fo sɛ yɛmpow eyinom? (Tito 2:12, NW) Ɔkwan bɛn so na eyi a yɛbɛyɛ no ma yenya ahobammɔ, na dɛn nti na ɛho hia ma yɛn nkwagye? Mmeae atitiriw a amumɔyɛ ne wiase akɔnnɔ horow da adi a ɛyɛ asiane ma Yehowa nkurɔfo no bi ne nea ɛwɔ he? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu yɛn ankasa akɔnnɔ ahorow no bi sɛ nea asɛm wɔ ho? Eyinom, ne nsemmisa afoforo pii a ɛho hia yɛ nea wobebua wɔ ɔmansin nhyiam foforo yi ase.

4 Dwumadi no fã te sɛ “Akwampae Adwuma Yɛ Nea Mfaso wɔ So” ne “Yɛn Adwene a Yɛbɛhwehwɛ Mu Ahwɛ” bɛboa ahyɛ yɛn den wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so ayere yɛn ho wɔ Yehowa som mu na yɛakɔ so ayɛ wɔn a wɔn ho tew na wɔatwe wɔn ho afi wiase no ho no mu. Yɛ nhyehyɛe pa na woatumi akɔ ɔmansin nhyiam a ɛyɛ anigye yi bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena