Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Ɔwɛn Aban Asafo—Adi Mfirihyia 100! Wɔ October 6, 1984 mu no, wɔyɛɛ nhyiam soronko bi wɔ Coraopolis, Pennsylvania. Ná eyi yɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ Pennsylvania a ɛhwɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no so no afe afe nhyiam a ɛto so 100. Wɔde adwumayɛkuw yi nhyiam bi a ɛyɛ anigye na efii anɔpa no ase. Emufo ne afoforo a wɔato nsa afrɛ wɔn a wofi aman bɛboro 50 so bae. Kuw no a emufo dodow yɛ 429 no mu 259 ka nnipa 1,615 a wɔbaa ase no ho. Ɛrekɔ anwummere no, dwumadi bi a ɛyɛ anigye kɔɔ so wɔ Three Rivers Stadium, Pittsburgh na nnipa 27,733 baa ase. Nnipa 59,715 foforo nam telefon nhyehyɛe yi so tiei wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa ahorow 34 so wɔ United States ne Canada ma dodow nkabom no bɛyɛɛ 97,448. Ná nhyiam yi ti ne “Yehowa Ada no Adi Bere Nyinaa sɛ Ɔka Ne Nkurɔfo Ho.” Wɔkaa eyi ho asɛm denam ɔkasa ahorow a ɛyɛ anigye ne osuahu ahorow a Yehowa asomfo a wɔakyɛ ka kyerɛe so. Obiara ani gyei bere a Asafo no titrani, F. W. Franz ankasa kae sɛ, “eyi ne afe a ɛto so 100 a Yehowa ahyehyɛde no de adwumayɛkuw no adi dwuma” no.
◆ Argentina bɔ adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 50,786 ne nnɔnhwerew nkyekyem a ɛyɛ 11.1 wɔ asɛnka mu ho amanneɛ wɔ September mu. Afei nso wonyaa ofie Biblie adesua a ɛsen biara foforo a eye 58,967.
Wɔ asram anum a edi kan wɔ 1985 ɔsom afe no mu no, Ghana baa dwumadibea no nyaa ɔha biara mu nkɔanim 7 wɔ adawurubɔfo dodow no mu. Na adawurubɔfo dodow nkɔanim ma 1984 ɔsom afe mũ no nyinaa yɛ ɔha biara mu 9.
◆ Wɔ Australia no daa akwampaefo a wɔn dodow yɛ 142 fii ase wɔ September mu—ɛyɛ dodow a ɛsen biara. Wɔn daa akwampaefo a wɔn dodow yɛ 1,434 no yɛ dodow nkɔanim a ɛto so 21 na ɛboro afe a etwaam daa akwampaefo dodow no so 376.
◆ Brazil de adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 162,026 na efii ɔsom afe foforo no ase ne Bible adesua 154,287 a eye nea ɛsen biara.
◆ Curacao bɔɔ adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a eye 1,076 ho amanneɛ wɔ September mu ne daa akwampaefo 37 a ɛyɛ dodow a ɛsen biara foforo.
◆ Guadeloupe de adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 3,553 na efii ɔsom afe fofor no ase na ama ɔdawurubɔfo biako biara ka asɛm kyerɛ nnipa 92. Wɔyɛɛ Bible adesua 4,023 wɔ ɔsram no mu.
◆ Baa dwumadibea dan foforo a wɔresi wɔ Ghana no anya nkɔso kɛse. Wɔabɔ Ahenni Asa tintimbea ne office adan ahorow no so awie dedaw na wɔreyɛ afi nea wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ tiles no ho adwuma ase wɔ mmeae horow yi. Wogu so reyɛ abansoro dan a ɛto so abiɛsa wɔ faako a wɔbɛtra no ho adwuma. Adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma daa wɔ hɔ a wɔn dodow boro 100 kakra no nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.