Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Abien Ɔsatu No So
1 Yɛpɛ sɛ yɛde nhoma akɛse a ekura nkratafa 384 a yɛwɔ wɔ yɛn asafo no mu nyinaa ma anigyefo a wɔwɔ yɛn asasesin no mu May ne June mu. Ekura nsɛmpa, na yɛpɛ sɛ yɛde ma wɔ baabi a ɛho betumi aba mfaso.
2 Sɛnea munim no, sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛde nhoma yi nyinaa ama no, Asafo ti no abɔ yɛn amanneɛ wɔ ɔsatu titiriw a yɛde nhoma abien bɛma de agye ¢60 na yɛde biako agye ¢40 no ho. Ebia na mo asafo no nni nhoma ahorow yi bi wɔ hɔ. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne mo nuanom bɛbom ayɛ adwuma wɔ ɔsatu titiriw yi mu no, yɛhyɛ nyansa sɛ mummisa asafo ahorow a ɛbemmɛn a ebia wɔwɔ bi no na munnye bi mfa nyɛ adwuma wɔ mo asasesin no mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔwɔ nhoma ahorow yi bi no di kan sɛ wɔbɛma asafo ahorow a ɛbemmɛn no ate sɛ wɔwɔ bi.
3 Sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma rennyɛ basaa na ɛmfa adwuma a ɛho nhia mmɛto Baa Dwumadibea no so no, yɛhyɛ nyansa sɛ wɔn a wobegye nhoma ahorow yi bi wɔ asafo ahorow a ɛbemmɛn mu wɔ bo a wɔatew so yi so no ntua wɔn ka. Wɔ saa kwan yi so no, ɛho renhia sɛ wɔde Transfer of Literature kratasin no bedi dwuma. Wɔ ɔsram no awiei no, asafo biako a na ɛwɔ bi mfiase no nkutoo na ɛho behia sɛ ebisa sɛ wɔntew nhoma dodow a wɔde mae wɔ bo a wɔatew so yi so no mfi wɔn ka so, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Yɛn Ahenni Som mu ɔsram a etwaam no. Esiane sɛ bo dedaw no fã na adawurubɔfo tua nti, wohwɛ kwan sɛ adawurubɔfo a wogye bi nyinaa betua ka te sɛ nea akwampaefo yɛ no. Ɛnsɛ sɛ wode nhoma ahorow yi firi.
AHOSIESIE HO HIA
4 Kae, eyi nyɛ ɔsatu a yɛde reyi nhoma dedaw no afi hɔ ara kwa. Mmom no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ anigyefo nkyɛn na yɛboa wɔn ma wɔba nokware no mu. Enti ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yehu nhoma a yɛde rekɔma no mu nsɛm. Ɛsɛ sɛ yesusuw asasesin no nso ho. Sɛ yɛde yɛn adwene si mmeae akɛse a ɛwɔ yɛn asasesin no mu a ebetumi aba sɛ yebenya nnipa a wonim akenkan wom no so a, nneɛma pa betumi afi mu aba. Na ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe ahyɛ da de nhoma ahorow yi ayɛ afie afie adwuma wɔ yɛn asasesin no fã a yɛntaa nyɛ mu adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no susuw eyinom nyinaa ho yiye.
5 Yɛn mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ne: So Yɛrehyia Harmagedon? na ɛde Adiyisɛm 21:1, 4 asɛm a ɛfa “‘asase foforo’ a ɔhaw nni so” ho no na ewie. Wɔ nhoma a ekura nkratafa 384 a yɛde rema no biara mu no, wubehu ti bi wom a ɛka “asase foforo” anaa asase so paradise ho asɛm. Nhwɛso ahorow ne Man’s Salvation nhoma no ti 19, “Wopɛ Nyɛ Asase So” nhoma no ti 14, Know Jehovah nhoma no ti 22 ne Paradise Restored nhoma no ti 22. Enti ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya asɛm bi wom a ɛbɛfata w’asɛm no awiei fɛfɛɛfɛ.
6 Sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma renyɛ basaa wɔ asasesin no mu no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ ofiewura no sɛ eyi yɛ ɔsatu titiriw. Ɛbo a yɛtaa de nhoma ahorow no biako gye ne c60. Nanso eyi yɛ ɔsatu titiriw bi wɔ May ne June mu a yɛde abien regye ¢60 na yɛde biako agye ¢40. Yɛbɛsan de biako agye bo dedaw a ɛyɛ ¢60 no bio wɔ June awiei. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu sɛɛ a, ɛnde ɛrenyɛ ɔhaw bere a ɛsɛ sɛ yɛde nea ɛbɛka no gye bo dedaw a ɛyɛ biako ¢60 akyiri yi no.
7 Ɛho hia sɛ yɛne nnamfo anaa abusua mufo bɛbobɔ eyi so yiye ahwɛ wɔ fie anaa wɔ asɛnka nhyiam ase. Afei nso sɛ wubetumi de nhoma ahorow yi bi ama ankasa a, ɛho behia sɛ woyɛ afie afie asɛnka adwuma mpɛn pii a ɛnyɛ Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu nko, Kae, eyi yɛ ɔsatu titiriw a yɛde nhoma atitiriw bi rema. Ma ɛnyɛ wo asɛnhia titiriw.