Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/85 kr. 3-4
  • So Wobɛkɔ Akɔboa Wɔ Faako A Wohia Mmoa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wobɛkɔ Akɔboa Wɔ Faako A Wohia Mmoa?
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • MMOA HO HIA
  • YƐBƐYƐ DƐN ADI AHIADE AHOROW YI HO DWUMA?
Yɛn Ahenni Som—1985
km 5/85 kr. 3-4

So Wobɛkɔ Akɔboa Wɔ Faako A Wohia Mmoa?

1 Bere a ɔresi Kristofo asomfo a wohia wɔn kɛse no so dua no, Yesu kae sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” Bere a na eyi yɛ nokware wɔ Yesu bere so no, ɛho hia kɛse mprempren wɔ awiei bere yi mu. Enti, sɛ́ nea yɛde redi Yesu ahyɛde no so no, ‘yɛsrɛ otwa wura no na wama adwumayɛfo aba ne twa adwuma no mu.’​—Mat. 9:37, 38.

MMOA HO HIA

2 Ɛwom sɛ yɛayɛ otwa adwuma no adu akyiri de, nanso yenwiei. Yehowa Nyankopɔn kɔ so ma nkɔso a eye fi yɛn asɛnka adwuma no mu ba na ɛyɛ asɛnhia ‘sɛ yɛbɛtete afoforofo no. (Mat. 28:20) Asafo ahorow pii a ɛwɔ ɔman yi mu reyɛ wɔn asasesin nyinaa a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu adwuma bere nyinaa, nanso kakraa bi da so ara hia mmoa. Asasesin ahorow bi wɔ hɔ mprempren a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa ɛ. Adwumayɛfo pii ho da so ara hia ntɛm ara.

3 Ɛho hia nso sɛ wɔhyɛ asafo ahorow binom den wɔ honhom mu. Wobetumi de mpanyimfo, asafo mu asomfo, Kristofo mmusua horow a wɔyɛ den ne akwampaefo adi dwuma wɔ asafo ahorow bi mu. Sɛ wɔde adwumayɛfo a wɔwɔ ɔpɛ yi ka asafo bi ho a, wɔhyɛ anuanom den na mpɛn pii ɛma asafo no yɛ kɛse.

YƐBƐYƐ DƐN ADI AHIADE AHOROW YI HO DWUMA?

4 Nea edi kan no, wɔ asafo ahorow a wohia mmoa no mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ mpanyimfo no bɛhwehwɛ tebea horow no mu. Nneɛma bɛn na asafo no hia? Dɛn na wɔn a wɔwɔ asafo no mu mprempren betumi ayɛ de adi saa ahiade ahorow yi ho dwuma? So ebinom betumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma? So pii betumi ayɛ akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampaefo? So anuanom a wɔabɔ wɔn asu no reyɛ nea wobetumi nyinaa anaasɛ wɔde wɔn redi dwuma ma wɔayɛ saa? So ebetumi ayɛ yiye sɛ mpanyimfo ne asomfo no bɛyɛ nhwɛso pa wɔ nnam a wɔde yɛ ɔsom adwuma no mu? So nkuranhyɛ a emu yɛ hyew a ɔdɔ wom ne nkamfo bɛkanyan ebinom a wɔwɔ asafo ahorow yi mu ma wɔayɛ adwuma kɛse?

5 Nea edi hɔ no ho ne ɔmansin sohwɛfo no nsusuw tebea no ho. Ebia ɔwɔ nyansahyɛ ahorow a eye wɔ nea wobetumi ayɛ wɔ asafo no mu de adi asafo no ahiade ahorow no ho dwuma no ho. Anaa, ebia onim asafo afoforo anaasɛ akwampaefo a wɔwɔ ɔmansin no mu a wobetumi aboa. Sɛ saa a, obetumi ama mo ne wɔn adi nkitaho. Wɔ faako a wɔrennya mmoa biara wɔ ɔmansin no mu no, ɔmansin sohwɛfo no anaasɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no betumi akyerɛw Asafo ti no na wɔakyerɛkyerɛ wɔn tebea ne ahiade ahorow no mu.

6 Eyi nkyerɛ sɛ Asafo ti no de akwampaefo atitiriw bɛkɔ asafo a ɛte saa mu. Momma ɛntra mo adwenem sɛ, ne titiriw no, wɔde akwampaefo atitiriw kɔ asasesin a asafo nni mu mu sɛ wɔnkɔhwehwɛ anigyefo, wɔne wɔn nyɛ Bible adesua, wɔmmoa wɔn na wɔmmra nokware no mu na wɔnhyehyɛ asafo foforo. Ɛnyɛ yɛn botae titiriw ne sɛ yɛde wɔn bedi dwuma ahyɛ asafo ahorow a ɛyɛ mmerɛw no den. Nanso Asafo ti no wɔ nyansahyɛ ahorow bi a wɔde bɛma na ama tebea a ɛwɔ asafo no mu no ayɛ yiye denam mmoa a ɛwɔ hɔ ‘a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan pa so, anaasɛ ebia obi a ɔwɔ asafo foforo mu a ɔpɛ sɛ otu kɔtra hɔ na waboa a wonim no no so. Ɛno nti na eye sɛ wɔkyerɛw Asafo ti no na wɔka tebea no ne ahiade horow no ho asɛm nyinaa kyerɛ no.

7 Sɛ mo asafo no yɛ mo asasesin no mu adwuma bere nyinaa anaasɛ mowɔ mpanyimfo, asafo mu asomfo anaa akwampaefo a wɔdɔɔso a wodi mo asafo no mu ahiade horow ho dwuma a, so wɔn mu binom betumi akɔboa wɔ baabi foforo? Eye sɛ ankorankoro ne mmusua horow hwehwɛ wɔn ankasa akyɛde, nneɛma ne nea wotumi yɛ wɔ honhom mu no mu. So ɛbɛyɛ yiye sɛ wɔde bere tiaa bi bɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu anaa ebia wotu kɔtra asafo a emu adwumayɛfo no yɛ kakraa bi mu koraa kɔboa wɔn?

8 Wɔ wɔn a wobetumi akɔyɛ adwuma wɔ bere tiaa bi mu anaa wobetumi atu akɔtra baabi koraa no fam no, yɛkamfo kyerɛ sɛ wɔnkyerɛw krataa mmrɛ Asafo ti no na wɔmma wonhu wɔn ho a wɔde bɛma no. Ɛsɛ sɛ wɔde krataa a ɛte saa ma Asafo Som Adwuma Boayikuw no na wɔde nea wɔwɔ ka aka ho amana Asafo ti no.​—Hwɛ Our Ministry nkratafa 112, 113 ne September 1982 Yɛn Ahenni Som, kratafa 5, nkyekyem 7.

9 Ansa na wobetu akɔtra hɔ no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobedi kan asusuw ho. (Luka 14:28) Kae sɛ wɔ mmeae horow pii a wohia mmoa no, nkurow no taa yɛ nketewa a mpɛn pii adwuma ho yɛ nna, sɛ wode kuadwuma to nkyɛn a. Na ebia wɔrennya afoforo a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu bere nyinaa. Wubenya kyɛfa wɔ nhyiam horow no mu mpɛn pii na ebia sɛnea nhyiam horow no te no renyɛ te sɛ nea ɛte wɔ faako a na wowɔ no. Ɔpɛ pa a wowɔ sɛ wobɛboa ne ɔdɔ a emu yɛ den a wubenya ama wo nuanom ho hia. Ɛsɛ sɛ wunya nea obi ho a ɔde bɔ afɔre no kyerɛ ho anisɔ. So wofata? Afoforo hia mmoa! So wode wo ho bɛma?​—Yes. 6:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena