Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/85 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1985
Yɛn Ahenni Som—1985
km 5/85 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma May ne June: Nhoma ahorow a ekura nkratafa 384 no mu biara a “Wo Pɛ Nyɛ Asase So” Daa Nkwa wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu, “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni Mu Atoro,” God’s Kingdom of a Thousand Years ne nea ɛkeka ho no ka ho. Fa nhoma no abien ma gye ¢60, biako yɛ ¢40. July ne August: Survival Into a New Earth. Wubetumi de nhomawa biara ama, ne titiriw no Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa! ne The Divine Name That Will Endure Forever de asi ɛno ananmu wɔ faako a ɛfata. September: Nhoma a ekura nkratafa 192 a mowɔ no pii wɔ mo asafo mu no mu biara de agye ntoboa a yɛde gye daa no. Momfa nhoma nketewa dedaw no nni dwuma kɛse.

● Yɛde asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa akwammisa nkratasin abien remana asafo biara. Yɛsrɛ mo, monhyehyɛ n’abien nyinaa pɛpɛɛpɛ na monsan mfa biako mmrɛ Asafo ti no ntɛm ara na yɛadi ho dwuma. Yɛsrɛ mo, mummmisa nkurow a ɛwɔ mo ankasa asasesin a moyɛ mu adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ nkurow a mubisa no yɛ nea ɛwɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛso yiye a nnipa a wɔwɔ mu no dodow bɛyɛ 200 anaa nea ɛboro saa.

● Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nhyehyɛe na yɛ daa anaa akwampaefo boafo adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu wɔ ɔmantifi. Yɛsrɛ wo hwɛ Asafo krataa CSN:BL May 18, 1982 a ɛwɔ mo asafo no mu a ɛwɔ ɔkyerɛwfo no nkyɛn no mu.

● Ɔmansin Nhyiam horow wɔ May mu:

May 4, 5: Ɔmansin 11 wɔ Obuasi

May 4, 5: Ɔmansin 3A wɔ Odumasi Krobo

May 11, 12: Ɔmansin 13 wɔ Oda

May 11, 12: Ɔmansin 12 wɔ Obo

May 18, 19: Ɔmansin 9 wɔ Konongo

May 18, 19: Ɔmansin 21 wɔ Techiman

May 25. 26: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua

May 25, 26: Ɔmansin 6 wɔ Tamale

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena