Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/85 kr. 1-4
  • Anigyefo A Yenya Wɔn Nkyɛn A Yɛbɛsan Akɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigyefo A Yenya Wɔn Nkyɛn A Yɛbɛsan Akɔ
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆKWAN BƐN SO NA WƆYƐ EYI?
  • MMOA A ƐWƆ HƆ
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Mmɔdenbɔ a Egye sɛ Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 5/85 kr. 1-4

Anigyefo A Yenya Wɔn Nkyɛn A Yɛbɛsan Akɔ

1 Bere a ɔde n’ahyɛde horow a etwa to rema n’akyidifo anokwafo no, Yesu kae sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ . . . asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn.” (Mat. 28:19, 20) Ɛdenam nsɛm yi so no, Yesu sii so dua kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma. Eyi bɛma ɛho ahia sɛ wɔsan kɔsra nnipa no na wɔma wɔn anigye no nya nkɔso.

ƆKWAN BƐN SO NA WƆYƐ EYI?

2 Anuanom binom ahu sɛ ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no fã yi mu. Ɛtɔ bere bi a, efi nim a wonnim asɛm ko a wɔbɛka bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ no. Nanso ɛnyɛ den sɛnea wosusuw no. Mpɛn pii eye sɛ wubefi ase asusuw nea wobɛka wɔ sankɔhwɛyɛ mu no ho ntɛm ara wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi. Kyerɛw nsɛm a ofiewura no ani gyee ho to hɔ. Eyi bɛma woahu nsɛm a mo adwene hyia wɔ ho a wubegyina so ne no abɔ nkɔmmɔ. San kɔsra no wɔ nna kakraa bi ntam, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Sɛ adapɛn bi twam a, ebia ofiewura no anigye no ano bɛbrɛ ase na ɛbɛyɛ den kɛse sɛ wobɛhyɛ mu den. Ma w’asɛm no nyɛ tiaa, a emu da hɔ na ɛfa asɛm no ho tẽe. Fa Bible no si nea woka no so dua. Kwati nsɛm ahorow a ɛde akyinnye ba. Si Ahenni no ho asɛm a ɛyɛ anigye no so dua.

3 Ɛnsɛ sɛ wo nkutoo kasa. Mpɛn pii sankɔhwɛ a wotumi yɛ no gyina ma a wɔma ofiewura no kasa bi no so. Fa nsemmisa a wɔde hu obi adwene di dwuma na ama woahu nea osusuw. Eyi ma wutumi kyerɛkyerɛ yiye.

MMOA A ƐWƆ HƆ

4 Nokwarem no, yɛn mu binom hia mmoa wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ a yɛbɛma anya nkɔso wɔ sankɔhwɛyɛ mu no mu. Mpɛn pii mmoa a ɛte saa wɔ hɔ. Ɛkame ayɛ sɛ yɛn nyinaa nim obi a otumi di adanse wɔ sankɔhwɛ mu. Ɔsom adwuma sohwɛfo no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛka nea wahu sɛ etumi ma ɛyɛ yiye no akyerɛ yɛn. Ebia mo adesua sohwɛfo no betumi aboa. Bisa no sɛ ebia obetumi ne wo akɔyɛ wo sankɔhwɛ ahorow no bi anaa. Anaa, ebia na ɛyɛ mmoa a wubenya wɔ wo ho a wubesiesie wɔ nea wobɛka no ho. Saa adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu yi betumi akyerɛ wo ɔkwan a wɔafa so ma nneɛma pa afi mu aba no. Kae sɛ Yesu gyee bere de kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ansa na wɔkɔkaa asɛm no. (Mat. 10:5-15; Marko 6:7-13; Luka 9:1-6) Ɛdenam Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no so no, akwankyerɛ a ɛte sɛ nea Yesu de mae no wɔ hɔ.

5 Wɔde nyansahyɛ ahorow a eye a yebetumi akɔhwɛ nso ama wɔ Our Ministry nhoma no mu. Sɛ nhwɛso no, hwɛ nyansahyɛ ahorow a eye a ɛwɔ nkratafa 88 ne 89 no. Ɛsɛ sɛ nkyekyem anan a ɛwɔ asɛmti a ɛne “Sankɔhwɛyɛ” ase a yɛbɛkenkan no hyɛ yɛn nkuran.

6 Mmoa afoforo a eye wɔ nhoma, Make Sure of All Things no mu. Nsɛm atitiriw 123 ne nsɛm afoforo a ɛfa ho a ɛka ho wɔ mu a wobetumi de adi dwuma. Wɔde akwan abien a wɔfa so de asɛm no di dwuma ama wɔ nkyekyem 1 ne 2 a ɛwɔ kratafa 8 no. Wɔde nyansahyɛ ahorow ama wɔ asɛm no a wode bedi dwuma no ho, sɛ ebia bere a mode bɛbɔ nkɔmmɔ no yɛ tiaa anaa ɛyɛ tenten a. Nkyekyem 3 nso ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ emu nsɛmti nketewa no ma wunya nsɛm a wɔahyehyɛ awie a wode bedi dwuma nko, na mmom kyerɛw nsɛm ahorow a wubetumi apaw mu pii a ɛbɛma woatumi asakra w’asɛm no mu na ayɛ dɛ.”

7 Enti ntease wom sɛ yebenya adwempa wɔ anigyefo a yenya wɔn wɔ yɛn asɛnka adwuma mu a yɛbɛsan akɔsra wɔn no ho, sɛ mpo yenni osuahu pii a. Ade a ɛho hia no ne sɛ, yesusuw afoforo ho. Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no ama yɛn nhoma ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wɔbɛtete yɛn. Sɛ yehu nnipa koma pafo a ‘wosi apini na wodi nkɔmmɔ wɔ nneɛma bɔne a wohu no ho a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛsan kɔ wɔn nkyɛn kɔboa wɔn.​—Hes. 9:4-7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena