Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MAY 12
Dwom 3
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.
20 min: “1985 Ɔmantam Nhyiam ho Nhyehyɛe Ahorow.” Nea ɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so ne asafo susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu a ekura kratafa abien mu nsɛm nyinaa ho. Fa nsemmisa ne mmuae di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea bere ma kwan na munsusuw nsɛm a ɛfa mo asafo no ho kɛse ho.
17 min: “Nidi a Ɛyɛ Sɛ Yehowa Din Da Yɛn So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di asɛm ho dwuma. Ɛdefa nkyekyem 7-9 ho no, ma wɔnyɛ nhoma abien ɔsatu ho ɔyɛkyerɛ a wɔde nkɔmmɔbɔ asɛmti di dwuma.
Dwom 76 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 19
Dwom 66
10 min: Nkaebɔ ne asafo mu de a asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ka ho. Mommɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛm a mubetumi aka ho asɛm ho nkɔmmɔ tiaa na yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Abien Ɔsatu No So.” Fa nsɛm a mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ wɔ nhoma a ekura nkratafa 384 a ɛwɔ mo asafo mu mu ka ho. Yɛ ɔsatu titiriw no ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa ɔsatu a ɛbɛma yɛde nhoma dedaw ahorow yi ama no.
15 min: “Abusua Mu Nkitahodi—Ɛbɛyɛ Dɛn Anya Nkɔso?” Ɔkasa a efi May 8, 1985 Nyan! mu.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 26
Dwom 198
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: ‘Mommoro So Ɔdɔ a Mode Dodɔ Mo Ho Mo Ho Mu.’ Ɔkasa a egyina 1 Tesalonikafo 3:12 so a ɛkyerɛ sɛ esiane sɛ ahyehyɛde no renyin ntɛmntɛm nti ɛho hia kɛse sɛ yesusuw yɛn ho yɛn ho ho. Yɛnyɛ afoforo yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu yɛn ho yɛn ho kɛse. (Rom. 12:13) So ebinom hia mmoa wɔ asɛnka adwuma mu? So wubetumi aboa wɔn? Hwehwɛ hokwan ahorow a wode bɛboa wɔn a wɔanyin wɔ akwan horow a ɔdɔ wom so; ɛnanom a wɔwɔ mmofra a ebia wohia mmoa wɔ wɔn mma a wɔhwɛ wɔn mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma mu; ebinom a wɔnyɛ den wɔ honhom mu a ɛho hia sɛ yɛhyɛ wɔn den ne nea ɛkeka ho. Hwɛ yiye na wo bo amfuw bere a afoforo yɛ nyaa anaasɛ wontumi nyɛ wɔn ade ntɛmntɛm te sɛ wo no. Fi ɔdɔ mu boa mmom. Kamfo anuanom wɔ nea wɔreyɛ no ho na hyɛ nyansa sɛ wɔnkɔ so mmoro so wɔ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no mu. (Ebia asɛm a ɛwɔ United in Worship nhoma no ti 17 bɛboa bere a wɔresiesie ɔkasa yi.)
25 min: “Anigyefo a Yenya Wɔn Nkyɛn a Yɛbɛsan Akɔ.” Ɔkasa ne asɛm ho nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Yɛ nea wobetumi aka wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Si so dua sɛ wɔn nkyɛn a wɔsan kɔ ntɛm ara ma nneɛma pa fi mu ba. Fa wɔn nkyɛn a wɔsan kɔ ntɛm ara ne ahosiesie a wɔyɛ ansa na wɔasan akɔsra wɔn ho osuahu ahorow a efi atiefo hɔ ka ho. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ afie afie adwuma mu June 2 ho nkuran. Ɛsɛ sɛ obiara ma n’ani da hɔ wɔ sankɔhwɛ ho.
Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 2
Dwom 90
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.
20 min: “So Wobɛkɔ Akɔboa Wɔ Faako a Wohia Mmoa?” Ɔkasa a atiefo nya nkyekyem 4-9 mu kyɛfa. Ɔpanyin biako betumi de nyansahyɛ ahorow a ɛfata a ɛne nea wɔaka wɔ nkyekyem 5-7 hyia ama. Wɔ nkyekyem 8 mu no, si hia a ɛho hia sɛ wɔne mpanyimfo susuw nhyehyɛe ho ansa na wɔakyerɛw Asafo ti no wɔ adwuma a wɔbɛyɛ wɔ faako a wohia mmoa kɛse no so dua.
15 min: Nhoma dedaw a yɛde rema ho osuahu ahorow a efi atiefo hɔ. Di kan yɛ osuahu ahorow ho nhyehyɛe. Sɛ ebinom atumi akɔsra wɔn a wogyee nhoma ahorow dedaw no bi ma biribi pa afi mu aba anaasɛ ama wɔatumi afi ofie Bible adesua ase a, fa osuahu ahorow a ɛte saa ka ho. Kae asafo sɛ nhoma abien ɔsatu titiriw no bɛkɔ so wɔ June mu nso. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.