Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/85 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 8
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 15
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 22
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 29
Yɛn Ahenni Som—1985
km 12/85 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 8

Dwom 128

10 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata ne asafo mu de. Kyerɛ nsɛm a wobetumi de adi dwuma bere a wɔde nsɛmma nhoma foforo a aba rema Memeneda. December 14, no.

20 min: “‘Gyidi Honhom’ Adi a Yebeyi.” Wɔde asemmisa-ne-mmuae susuw asɛm ho. Hyɛ wɔn a wɔn nsɛm tebea bɛma wɔn kwan no nkuran sɛ wɔnyɛ akwampaefo aboafo anaasɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ daa akwampae adwuma no mu. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm atitiriw sɛnea bere ma kwan.

15 min: Fa Creation Nhoma Ma wɔ December Mu. Nkɔmmɔbɔ, ɔyɛkyerɛ ne osuahu ahorow a ɛrehyɛ asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ no nnam so a wɔde Creation nhoma foforo no rema ho nkuran. Kamfo anuanom wɔ adwuma pa a wɔayɛ dedaw wɔ nhoma yi a wɔde amema anigyefo no mu na kyerɛ hokwan ahorow a abue ama yɛn wɔ December mu no. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa biako anaa abien a wode nsɛm a obiara betumi adi akyi a efi Creation nhoma mu redi dwuma. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔde nhoma no bi ama a ebia wɔatumi afi ofie Bible adesua ase nsɛm. Kyerɛ dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ na hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyem.

Dwom 43 ne mpaebɔ a mae wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 15

Dwom 192

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ka ho. Fa nea adawurubɔfo tumi yɛe wɔ asɛnka mu ɔsram a etwaam ho nkamfo wie. ‘Kyerɛ asafo asɛnka nhyehyɛe na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa bere bi nka asɛmpa no dapɛn awiei yi.

15 min: “Asɛm a a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Ahotoso a Obi Ankasa Wɔ Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di asɛm ho dwuma.

15 min: “Boa Afoforo ma Wonnya Nkɔso wɔ Ɔsom Adwuma no Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma.

7 min: “Nhyehyɛe Foforo a Ɛbɛboa Asafo mu somfo.” Ɔkasa a ɛda adwuma a asafo mu asomfo yɛ ho anisɔ adi, ne nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛde mmoa foforo bɛma wɔn denam nhyiam atitiriw a wɔne ɔmansin so ahwɛfo yɛ no so.

Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 22

Dwom 16

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔkasa tiaa a anuanom betumi de adi dwuma Memeneda a edi hɔ. Hwɛ sɛ wɔbɛpaw nsɛm a nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu ani betumi agye ho.

20 min: “Kyɛfa Kɛse a Wo ne Yehowa Benya wɔ Ne Dansi Adwuma no Mu.” Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no ho a wosusuw besi nkyekyem 11. Monkenkan nkyekyem no nyinaa. Monhwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ no sɛnea bere ma kwan. Ɛdefa nkyekyem 7 ho no, kamfo anuanom kɛse wɔ ntoboa a anya nkɔso no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya kyɛfa wɔ sika ho asɛyɛde no mu na yɛmfa nwie adwuma no.

15 min: So Worenya Mfaso Wɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” no Mu? Ɔkasa a onua a obetumi ama asafo mu mmofra ne wɔn awofonom ani agye ho ma. Obetumi atwe adwene asi asɛm a ɛwɔ November 8, 1985, Nyan! mu a ese “So Wii Pira Nipadua No Ampa?” no so. Nanso kyerɛ nsɛm ahorow a apue wɔ Nyan! mu, na ma wonhu sɛnea mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa ani asɔ eyi no. Hyɛ mmofra ne awofo nkuran sɛ wɔmmom nsusuw nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi ho. Ebetumi abue kwan ama awofo ne mma ntam nkɔmmɔbɔ ahorow a mfaso wɔ so.

Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 29

Dwom 213

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: “Yɛn Fam De a Yɛbɛyɛ wɔ Teokrase Ahobrɛase Adi a Woyi Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem no na munsusuw kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni hɔ ne nea emu nsɛm wɔ hɔ ho sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Kyɛfa Kɛse a Wo ne Yehowa Benya wɔ Ne Dansi Adwuma no Mu.” Asɛm no ho a wosusuw fi nkyekyem 12 kosi awiei. Ɛdefa nkyekyem 12 ne 13 ho no, tie nyansahyɛ fi anuanom hɔ a ɛfa akwan pa a wɔbɛfa so anya sika de aboa adwuma no ho. Fa simma kakraa a etwa to no ka asafo tirim a wɔabɔ sɛ wɔde ntoboa bɛkɔ ɔsram biara wɔ adwuma no ho no ho asɛm. So asafo no wɔ bi? So ɛyɛ nea eye? So ɛho hia sɛ mosan susuw ho? Sɛ munnya nyaa bi a, so mubetumi ayɛ bi mprempren? Boa wɔn nyinaa ma wonhu asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebeyi ntoboa a ehia ma wɔde awie adwuma no wɔ bere ano no.

5 min: Kyerɛ nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ nhoma anaa nhomawa dedaw anaa nea ɛdɔɔso wɔ mo asafo mu a adawurubɔfo de bɛma wɔ January mu mu. Kyerɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma dapɛn awiei asɛnka na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma asɛnka Kwasida a edi kan wɔ January mu.

Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena