Kyɛfa Kɛse a Wo Ne Yehowa Benya Wɔ Ne Dansi Adwuma No Mu
1 Odwontofo no kae bere tenten a atwam ni sɛ: “Sɛ [Yehowa] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” (Dw. 127:1) Hwɛ nokware ara a eyi yɛ wɔ baa dwumadibea dan foforo a yɛresi wɔ Nungua no ho! Dɛn na ɛkyerɛ saa? Yehowa akanyan ne nkurɔfo a wɔwɔ ha ne wɔn a wɔwɔ aman afoforo so ma wofi ayamye mu aboa adwuma no yɛ. Yɛn nuanom a wofi aman afoforo so de ɔdan no ho nneɛma a ne bo som Sidi ɔpepem pii abɛboa yɛn, na yɛda wɔn ase pii wɔ ho.
2 Ɛde besi mprempren no, dɛn na yɛnam Yehowa mmoa so atumi ayɛ? Mfonini ahorow a ɛwɔ kratawa yi so no ma ho mmuae. Hwɛ adan ahorow no! Hwɛ ɔdan no ne anim hɔ asase no fɛ! So ɛnyɛ nea wo koma ani sɔ nea yɛatumi ayɛ no? Akyinnye biara nni ho! Yehowa na yedi kan de ɛho ayeyi ma no.
3 Afei momma yɛnhwɛ ɔdan no ho asɛm fi bere a yefii ase no besi mprempren. Yesii yɛn bo sɛ ɛdenam Yehowa pɛ ne ne mmoa so no, yebesi ɔdan a yebetumi aka sɛ ɛyɛ “yɛn de” de ahyɛ no anuonyam. Yɛbɔɔ no mpae wɔ eyi ho. Otiei na ohyiraa yɛn mmɔdenbɔ ahorow no so. Obuee kwan ma yenyaa ɔdan ho nneɛma a na yɛnhwɛ kwan sɛ yebenya bi wɔ ha no. Nea na yɛrennya bi wɔ ha no nso, ɔkanyan yɛn nuanom a wɔwɔ nsase afoforo so ma wɔde bi bae. Ɔmaa yɛn nnipa a wɔbɛyɛ adwuma no te sɛ nea ɔyɛe bere a na wɔresi asɔrefi no wɔ Yerusalem wɔ Salomo bere so no. (2 Beresosɛm Ti 2) Hwɛ aseda ara a yɛde ma wɔ eyi nyinaa ho.
4 Bere a adwuma no rekɔ so wɔ Nungua no, anuanom mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin nyinaa, koma kaa wɔn ma woyii ntoboa wɔ adwuma no ho. Ebinom de nnuan bae, afoforo nso de nam ne ɔdan ho nneɛma bae na ebinom nso de wɔn ankasa nnwinade bae na wɔde bɛyɛɛ adwuma. Yɛn nsa aka ntoboa ne nkrataa ahorow afi ankorankoro nkyɛn fi Ghana ne Togo nyinaa te sɛ eyi a efi onuawa ketewaa bi nkyɛn wɔ Brong Ahafo no:
“Me ¢50 a mede reboa ɔdansi adwuma no ni. Madi mfe 9. Migyina mangoo 3. Ais wɔta na metɔn de nyaa sika yi. Mede ɔdɔ kyia mo nyinaa. . . .”
Na awarefo bi a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma titiriw no mu a wɔwɔ mma baanu a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn nso kyerɛwee sɛ:
“Yɛahu asɛyɛde a yɛwɔ wɔ baa dwumadibea foforo a wɔresi no ho no na yɛasi gyinae sɛ yɛde yɛn ntoboa a ɛte sɛ ‘ɔbea kunafo no de’ no bɛma.”
Ná saa ntoboa a ɛte sɛ “ɔbea kunafo no de” no yɛ ¢1,020.
5 Eyi yɛ mmoa ne nkuranhyɛ nkrataa ahorow pii a ɛka ntoboa ahorow a yɛn nsa aka no ho no ho nhwɛso abien pɛ. Yɛpɛ sɛ yɛda mo nyinaa ase na yɛma mote nso sɛ yɛde mo ntoboa no ayɛ adwuma pa no. Nea edi ho adanse ne nea muhu wɔ mfonini ahorow a ɛka ho yi mu no.
6 Ɛho hia nso sɛ yɛka yɛn nuanom a wofi amannɔne nsase so a wɔayɛ nsakrae ahorow na wɔde nneɛma ahorow abɔ afɔre a wɔaba ha de wɔn nimdeɛ ahorow rebɛboa ma yɛasi ɔdan no ho asɛm. Yɛn anisɔ wɔn ho a wɔde abɔ afɔre ne wɔn dɔ adwuma no. Na afei nneɛma bo ho asɛm no te dɛn mprempren, na dɛn na aka a ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
7 Wɔ krataa bi a na ɛhyɛ December, 1984 Yɛn Ahenni Som no mu no kratafa 5 wɔ asɛmti: “Adwuma no a Wobɛboa” ase no, yɛkae sɛ “Sɛnea nneɛma bo te mprempren no, yetumi hu sɛ anyɛ yiye koraa no yebehia sidi ɔpepem dumien wɔ asra dumien a ɛda yɛn anim no mu.” Wɔbɔɔ yɛn amanneɛ saa bere no mu sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a ntoboa a yenya ɔsram biara no yɛ ¢41,000.00. Afei, anuanom ahu hia a ɛho hia kɛse sɛ wɔbɛma wɔn ntoboa no akɔ anim no. Nea afi mu aba mprempren ne sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ntoboa no akɔ anim akodu ¢124,282.34 ɔsram biara. Nkɔanim fɛfɛ a ɛsen kan de no. Yɛkamfo mo nyinaa wɔ honhom pa a muyi adi no ho na yɛhyɛ mo nkuran sɛ monkɔ mo anim wɔ nea moatumi ayɛ no mu. Dɛn ntia?
8 Wɔ saa bere koro no ara mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na ka a yɛbɔ wɔ adwuma no ho ɔsram biara yɛ ¢1,159,359.53. Eyi boro yɛn ɔsram biara ntoboa no so mpɛn akron. Wɔ ɔkwan foforo so no, ka a yɛbɔ no boro ntoboa a yetumi yi no so mpɛn akron. Eyi kyerɛ sɛ yɛwɔ pii yɛ ansa na yɛatumi ayi ntoboa a ebetumi adu sika a yehia no ho. Afei asemmisa no ne sɛ: So yebetumi?
9 Yɛn ankasa ahoɔden mu de, yɛrentumi, nanso bere a yɛkae nea Odwontofo no kae wɔ Dwom 127:1 a yɛfa kae wɔ asɛm yi mfiase no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Yehowa kwan. Esiane sɛ n’ani gye ho sɛ yebesi ɔdan yi na n’asomfo a wɔwɔ ɔpɛ no ahyira nea wɔwɔ nyinaa so ama no nti, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asi.
10 Wɔ mfe mpempem a atwam no nyinaa mu no, eyi ayɛ nokware wɔ nnwuma a ɛte saa ara ho na ɛbɛba saa ara wɔ yɛn de yi nso ho. (Ex. 35:4-9, 20-29; 36:6, 7; 1 Be. 29:1-9) So wo koma nka wo sɛ wubeyi nea wubetumi nyinaa de aboa, bere a wuhu sɛ yɛyɛ Yehowa Nyankopɔn adwumayɛboafo ara kwa no? (1 Kor. 3:9) Ɔno na ɔde nea yɛwɔ no ama yɛn. Ɛdenam ntoboa a yebeyi so no, na yɛde nea ofi ayamye mu de ama yɛn no mu fã ketewaa bi na ɛresan ama no. Nanso susuw eyi ho: Ɛwom mpo sɛ ɔno na odii kan de maa yɛn de, nanso obu nea yɛsan de ma no biara sɛ nea yɛde afɛm no, efisɛ ɔbɛsan ahyɛ yɛn ananmu kɛse.—1 Be. 29:14; Mmeb. 19:17.
11 Ɛnde, so ɛsɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛma de aboa? Dabi! Kae nea ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no, bere a na wɔmpɛ sɛ wɔde nea wɔwɔ bɛma no: “Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntra me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?” (Mal. 3:10) Ɔmaa ɔbea kunafo no ngo kakraa bi no dɔɔso ara kosii sɛ na onnya baabi a ɔde bi begu bio. (Ah. 4:1-7) Na ɔbea kunafo a ɔwɔ Sarefat no asikresiam nsa ma ne ngo kakraa bi a na ɛwɔ ɔpɔre mu no ansa kosii sɛ ɔkɔm no to twae. (1 Ah. 17:8-16) So wowɔ gyidi a ɛte sɛɛ? So wobɛsɔ Yehowa ahwɛ? Ɔrenni wo huammɔ da!
12 Hwɛ nea anuanom binom reyɛ de aboa adwuma no yɛ: Ankorankoro de ntoboa a ɛyɛ sika ba. Afoforo nso de nnuan ne ɔdan ho nneɛma te sɛ tima nnua ma de boa. Ɛdefa eyi ho no, onua bi de Odum dua kɛse bi ne Wawa a ɛso ara yiye mae sɛ wɔmpaapae. Eyi ma yenyaa ntaboo ɔhaha pii a yɛde bɛyɛ adwuma no. Wɔn a wɔwɔ sika a wonhia no ntɛm ara no de afɛm Asafo ti no sɛ wɔmfa nyɛ adwuma mmom sen sɛ wɔde bɛkɔ akɔto sikakorabea So wubetumi ayɛ saa ara? Afoforo atontɔn nneɛma ahorow bi a wonhia na wɔde sika a wonyae no abrɛ Asafo ti no.
13 Asafo ahorow pii ayɛ adwuma no ho ntoboa titiriw bi ho nhyehyɛe a wɔde ba ɔsram biara. So mowɔ nhyehyɛe a ɛte saa wɔ mo asafo no mu?
14 Wɔ nea yɛbɛyɛ wɔ ɔdansi adwuma yi ho biara mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo na enti nea ebefi mu aba no gyina ne so. Nanso ɛsɛ sɛ yefi ɔkra nyinaa mu yɛ yɛn fam de. Enti, mma wo werɛ mfi sɛ wobɛsrɛ ne nhyira ne n’akwankyerɛ wɔ nneɛma nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma yɛn dwumadi ahorow ayɛ yiye.—Mmeb. 10:22.
15 Ɛdefa nea aka a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne wɔ bere bɛn mu ho no, nea yɛka ne sɛ, pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ bere tiaa a yebetumi mu. Dodow a adwuma no kyɛ no, dodow no ara na ɛho ka no yɛ kɛse.
16 Sɛnea munim no, wɔ sɛnea wohu ɔdan bi akyi no, ɛho hia sɛ wɔyɛ mu adwuma ansa na wɔatumi atra mu. Mfonini ahorow a yehu wɔ kratawa yi so no yɛ ɔdan no ho adwuma a yɛayɛ. Nanso afei dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde sisi mu na ama wɔatumi atra mu? Ɔdan mu nneɛma! Na ɛno nso gye pii! Susuw beae a wɔbɛyɛ nhoma ne ade a asafo ahorow kra no ho adwuma a ne kɛse yɛ nea yɛwɔ mprempren no mmɔho abien ne fã no ho. Apon ne nkongua ne nneɛma afoforo pii ho behia. Na office ahorow ne adan a wɔbɛda mu no nso ɛ? Ɛwom sɛ yɛde ɔdan mu nneɛma a ɛwɔ ha mprempren no mu pii bɛkɔ hɔ de, nanso ɛho behia sɛ yɛyɛ foforo pii, efisɛ abusua no mufo dodow bɛkɔ anim esiane adwuma no a ɛbɛyɛ kɛse wɔ beae foforo no nti.
17 Nea yɛaka wɔ atifi hɔ no bɛboa wo ma woahu adwuma a aka a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne ɛho ka ahorow. Na eyi kyerɛ sɛ ntoboa pii ho hia na yɛde awie adwuma no. Nanso wɔ bere tenten bɛn mu?
18 Sɛnea yɛadi kan aka no, dodow a adwuma no kyɛ no, dodow no ara na ɛho ka no yɛ kɛse. Enti yɛasi yɛn bo sɛ yebewie si wɔ asram kakraa a ɛda yɛn anim no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔ ɔkwan biara so no, yebetumi atu akɔ ɔdan foforo no mu wɔ 1986 afe no mfinimfini mu hɔ na yɛahyira ɔdan no so ama Yehowa. So mo ne yɛn yɛ adwene wɔ eyi mu? Ɛnde mo mpaebɔ ne sika fam mmoa ho hia ntɛm ara.
19 Yegye di sɛ, sɛ woba beae a yɛresi ɔdan no na wobɛhwɛ sɛnea nneɛma rekɔ so a, ɛbɛhyɛ wo nkuran kɛse. Sɛnea yɛkae wɔ krataa bi a na ɛhyɛ March, 1985, Yɛn Ahenni Som no mu a ɛfa adwuma no ho mu no, sɛ woka a, anuanom no de wo bekyinkyin hɔ. Wɔ ankorankoro a wɔba akyi no, asafo ahorow binom ayɛ nhyehyɛe abɛhwɛ beae a wɔresi ɔdan no, na ɛyɛ nea wɔn ani gyee ho kɛse. Yɛreka akyerɛ mo sɛ, mubetumi abɛhwɛ beae a yɛresi Betel foforo yi bere nyinaa.
20 Wɔ krataa a na ɛhyɛ March, 1985, Yɛn Ahenni Som no mu a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu no, yɛkae nso sɛ yɛpɛ nnuaba ne nnuadewa a ɛbɛma yɛn Betel foforo no ayɛ fɛ, a ebia ɛyɛ nea wodi nso. Yɛde aseda ma wɔ nea wɔde aba no ho. Yɛda so ara pɛ kube, mango, paya, akutu ne ateaa aba a afifi a wobetumi atutu adua, titiriw agriculture de no. Royal Palm (ɛte sɛ Nkresia) , Whistling Pine (ebinom frɛ no buronya dua) ne nnua ne nhwiren a ɛtete saa no nso yɛ nea yɛpɛ. Sɛ wubetumi anya eyinom bi ama yɛn a, ɛnde yɛsrɛ wo fa n’aba anaa nea afifi no brɛ yɛn efi April 1986 rekɔ.
21 Yɛkae nso sɛ yehia mfiri a etu dɔte ne nea wɔde soa no bi na yɛde asiesie asase no ani ne ade. So wubetumi aboa yɛn wɔ eyi mu? Ɛnde ma yɛnte wo nka. Momma yɛn nyinaa mmom nsiesie beae a yɛn Betel foforo no wɔ no wɔ ɔkwan a ɛhyɛ yɛn Nyankopɔn kɛse, Yehowa, no anuonyam so.
22 Yɛayɛ pii fi bere a yefii ase wɔ ɔkwan a esua so wɔ 1983 mfiase mu hɔ no. Yehowa nhyira ada adi kɛse wɔ adwuma no so. Wo nuanom mmarima ne mmea a mmofra ka ho ada koma pa, anigye ne ayamye adi wɔ adwuma no ho. Afei nea ehia ne mmɔden a yɛbɛbom abɔ na yɛde nea yebetumi nyinaa ama de aboa ma yɛawie ɔdan no si. Yegye di sɛ eyi ne nea mo nyinaa asi mo bo sɛ mobɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne Yehowa benya kyɛfa kɛse wɔ adansi adwuma a ɛyɛ nwonwa kɛse yi mu. Enti yebetumi de ahotoso aka sɛ: Sɛnea Yehowa hyira yɛn no, yebenya ɔkwan a yɛbɛfa so awie ofi no si, ne wɔ bere pa mu.
[Kratafa 4 mfoni]
Ahenni Asa no fã no ɛwɔ benkum so no. Tintimbea no fã no ɛwɔ nifa so no. Office ahorow no no ɛwɔ mfinimfini no
[Kratafa 5 mfoni]
Ahenni Asa no a beae a wɔde kar sisi wɔ anim
[Kratafa 6 mfoni]
Tintimbea no a wɔreyɛ abɔ so awie
Wɔreyɛ faako a wɔbɛtra no abansoro a ɛto so abiɛsa no ho adwuma