Yɛn Fam De A Yɛbɛyɛ Wɔ Teokrase Ahobrɛase Adi A Woyi Mu
1 Teokrase ahobrɛase yɛ su titiriw wɔ asafo no nkɔso ne honhom mu onyin mu. Paulo sii eyi so dua wɔ Hebrifo 13:17: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa.” Eyi kyerɛ sɛ asafo no nyinaa ne ankorankoro biara honhom mu yiyedi gyina yɛn pɛ mu a yebefi ne mpanyimfo no ayɛ biako na yɛne wɔn abom ayɛ adwuma bere a wodi wɔn asɛyɛde sɛ nguan no so ahwɛfo ho dwuma no so.
2 Ɔresi eyi so dua bio no, Paulo srɛe sɛ: “Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo, na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti.” (1 Tes. 5:12, 13) Ɛnyɛ obu a yebenya ama mpanyimfo no nkutoo so na ɛnam bɛkyerɛ eyi na mmom nea ɛho hia titiriw no, denam nea yebetumi nyinaa a yɛbɛyɛ de aboa ma wɔayɛ wɔn adwuma no so.
MPANYIMFO ADWUMA
3 Susuw asɛyɛde ahorow a wɔde ahyɛ mpanyimfo nsa no bi ho. Nkyerɛkyerɛ wɔ nhyiam ase akyi no, wodi anim wɔ asɛnka adwuma mu nso. (1 Pet. 5:2, 3) Wɔne Asafo ti no ntam nkitahodi ne nnwuma afoforo a ɛho hia yɛ nea ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 6:1-6 ho.) Wɔhwɛ wɔn a wɔrehyia ɔhaw ahorow no honhom mu yiyedi so na wɔboa wɔn ma wɔtwe wɔn ho fi biribiara a ɛde wɔne Yehowa ntam abusuabɔ bɛto asiane mu ho. (Yoh. 10:11, 15) Enti, wɔhwɛ kwan sɛ wɔde bere pii bedi nsɛm a ɛfa Ahenni adwuma no ho dwuma.
YƐN ANKASA ADESOA A YƐBƐSOA
4 Esiane sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ nti, ebia yɛbɛfom yɛn ho yɛn ho bere bi a ɛbɛma yɛn ntam abusuabɔ no asɛe. Nanso, ɛsɛ sɛ nkurɔfo di wɔn ntam nsɛm nketenkete a ɛte sɛɛ ho dwuma ntɛm ara wɔ kokoam. (Kol. 3:12-14; omTW nkr. 139-140) Sɛ wugye di sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu ayɛ bɔne a anibere wom atia wo a, mfa ahopere nkɔ ahwɛfo no anaasɛ obi foforo nkyɛn nkɔsrɛ no sɛ ommesiesie asɛm no mma wo. Sɛnea Yesu tuu fo no, wo ne nea wo ne no wɔ asɛm no nkɔkasa wɔ kokoam. (Mat. 18:15, 16; omTW kr. 142, nky. 2, 3) Sɛ woantumi ansiesie asɛm no na ɛkɔ mpanyimfo no anim a wɔrebɛhwehwɛ mu abu atɛn a, gyae asɛm no ma wɔn na fa wo ho to Yehowa so sɛ ɛbɛyɛ yiye.
5 Yebetumi aboa mpanyimfo no kɛse denam Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ yɛn sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase; yɛmma yɛn ho ntew wɔ abrabɔ mu na yenni yɛn abusua asɛyɛde ho dwuma yiye no akyi a yebedi no so. (omTW nkr. 63-4; Tito 2:2-5) Ɛsɛ sɛ yɛn ntade, yɛn ahosiesie ne yɛn su da nidi; a ɛbata Yehowa som wɔ ne ‘fi ho no adi. (Ɔsɛnk; 5:1; 1 Tim. 2:9, 10; Gal. 6:4, 5) Mmɔden ankasa a yɛbɛbɔ wɔ eyinom mu no bɛboa ma yɛakura honhom pa mu wɔ asafo no mu.
6 Asafo no mu nsɛm ho dwuma a wobedi no ntɛm ne wɔano wɔano no ho hia mpanyimfo no. Sɛ yenya asɛnka mu kyɛfa daa na yɛde yɛn akontaabu ba ntɛm na yedi dwuma a wode ma yɛn wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no a, wɔn ani sɔ kɛse. Yɛn asasesin mu adwuma a yɛbɛyɛ no fefeefe na yɛabɔ amanneɛ ntɛm ara sɛ yɛawie no nso boa. Yɛn fam de a yɛbɛyɛ de ama Ahenni Asa no so atew, asiesie nneɛma yiye no yɛ ɔkwan pa a yɛfa so boa mpanyimfo no.—Neh. 10:39.
BOA AFOFORO
7 Sɛ́ asafo no bɛyɛ den na ayɛ nnam nso yɛ mpanyimfo no ahiasɛm kɛse. (1 Tes. 2:7, 8) Yebetumi aboa nso wɔ afoforo a wɔboa wɔn no mu denam ‘wɔn a wɔn koma atu a yɛbɛkyekye wɔn werɛ na yɛaso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu’ no so. (1 Tes. 5:14) Nnamyɛ a yɛde yɛ asɛnka adwuma no kanyan afoforo ma wɔyɛ pii. Yɛn nuanom ho anigye ankasa a yɛkyerɛ boa ma asafo no yɛ den.—Fil. 2:4.
8 Enti bere a wɔde ahyɛ mpanyimfo ‘no nsa sɛ wɔnhwɛ nguankuw no,’ ɛhwehwɛ sɛ obiara yɛ ne fam de na ama nipadua no anyin na ayɛn ne ho ɔdɔ mu’ yiye. (Efe. 4:16; Mmeb. 11:14) Sɛ yehu dwuma titiriw a teokrase ahobrɛase di wɔ asafo no, honhom mu onyin mu no a, yɛde ‘nidi mmɔho bedi mpanyimfo no’ na yɛafi koma nyinaa mu ne wɔn ayɛ biako bere a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw no.—1 Tim. 5:17.