Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/87 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 1
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 8
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 15
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 22
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 29
Yɛn Ahenni Som—1987
km 3/87 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MARCH 1

Dwom 181

15 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Nya March ne April DwumaDi mu Kyɛfa Kɛse.” Asɛm ho nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ho a, ma asafo nhu DoDow a wɔbaa mo NkaeDi no ase afe a etwaam no. Nea ɛne nkyekyem 4 hyia no, ma asafo no nhu DoDow a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ March ne April, 1986, mu wɔ mo asafo mu na hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem afe yi.

20 min: “Ɔkwantiaa Boa ma ‘Yehu Nneɛma a Ehia Kyɛn So no Mu Yiye.’” Asemmisa-ne-mmuae a wɔDe susuw krataa no ho. Ma wɔnkenkan nkyekyem atitiriw bi.

Dwom 183 ne mpaebɔ a WɔDe wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 8

Dwom 192

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu De a wɔapaw. Hyɛ nsɛmma nhoma DwumaDi MemeneDa a etia abien ho nkuran. Nsɛmma nhoma foforo a aba a wɔDe ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantia abien.

20 min: “Akwampaefo Boafo ADwuma​—Woasɔ Ahwɛ?” Asɛm a ɛwɔ krataa no mu ho a wosusuw. Kyerɛ nnipa DoDow a wɔreyɛ akwampaefo boafo aDwuma March na fa toto afe a etwaam March De no ho. Fa akwammisa nkratasin no bi kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bi mprempren no.

17 min: Asafo mu ahiaDe anaa ɔkasa a ɛne “ADwuma Bɛn na Wobɛpaw?” a ɛwɔ April 15, 1986, Watchtower mu no. Ma ɛnyɛ nea ɛhyɛ nkuran a ɛfa mo asafo ho.

Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔDe wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 15

Dwom 12

7 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa ntoboa biara a mo asafo no De akɔma Asafo ti no wɔ Ahenni aDwuma anaa Betel foforo a wɔresi no ho a wɔakyerɛ wɔ mo February Literature Statement so anaa krataa bi a efi Asafo ti mu ho amanneɛbɔ ka ho. Kyerɛ ho anisɔ.

20 min: Yɛn Nyankopɔn Yamyefo no a Yebesuasua No. Ɔpanyin ne atiefo susuw nsɛm ne kyerɛw nsɛm a eDiDi so yi ho. Yehowa ne ƆDemafo kɛse wɔ amansan yi mu: Yak. 1:17; Aso. 17: 25; Dw. 145:15, 16; Yoh. 3:16. Ɛsɛ sɛ yɛDe aDwene a ɛteɛ kyɛ aDe: Heb. 13:16; Mat. 6:1, 2. Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ho yɛn ho ne yɛn mmusua ho: 1 Pet. 4:9; Mar. 7:11-13. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntoboa a woyi wɔ Ahenni aDwuma ho ho nhyehyɛe, ne sɛ ebetumi a, wɔyɛ Daa: 1 Kor. 16:2; fa toto Deuteronomium 26:10, 11 ho. Wɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wonyi ntoboa wɔ ɔkwan a wɔayɛ ho nhyehyɛe so wɔ nneɛma pii ho: Num. 18:8; 1 Be. 29:7, 9. Nneɛma ahorow bi a yɛn sika fam mmoa ho hia wom nnɛ no bi ne nea ɛwɔ he? Wiase nyinaa asɛnka aDwuma, Betel foforo a wɔresi, Ahenni Asa a wosi anaasɛ emu ne ɛho asiesie, ɛka afoforo a mo asafo no bɔ ne nea ɛkeka ho. Fa asɛm a eye na ɛhyɛ nkuran wie. Kyerɛ nea ɛho hia wɔ mo asafo mu, sɛ ebi wɔ hɔ a. Mo ani betumi agye sɛ wɔDe ntoboa a woyi wɔ Yehowa ahyehyɛDe mu no nyinaa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso. Yehowa hyira ɔyamyefo.​—Ɔsɛnk. 11:1.

15 min: “Daa Akwampae ADwuma​—Ɔfrɛ a Ɛkɔ Anigye Kɛse Mu.” Krataa no mu asɛm ho a wosusuw.

Dwom 167 ne mpaebɔ a wɔDe wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 22

Dwom 28

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ obiara nkuran ma onnya nsɛmma nhoma DwumaDi mu kyɛfa MemeneDa a ɛto so anan. Yɛ foforo a aba a wɔDe ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantia abien.

18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Bere a Yehyia Anoyi Ahorow.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 kosi 6 ho a, yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien anaa abiɛsa a ɛkyerɛ sɛnea wobeDi anoyi a muhyia wɔ mo hɔ ho Dwuma.

20 min: “Wiase Nyinaa Ɔsom Akontaabu​—Biribi a Ɛma Yɛn Ani Gye.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔsom aDwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo a ɔfata hwɛ so. Fa nkuranhyɛsɛm a ɛfa nea mo asafo no yɛe ho ka ho. Kamfo anuanom wɔ aDwuma a wɔayɛ no ho.

Dwom 66 ne mpaebɔ a wɔDe wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 29

Dwom 11

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ afie afie asɛnka mu kyɛfa a wobenya KwasiDa a eDi kan wɔ April mu ho nkuran. Yɛbɛkɔ so De Tra Ase Daa no ama April mu a aDwene no ne sɛ yebefi ofie Bible aDesua ase. Ma wɔn a wɔatumi afi Bible aDesua ase wɔ Tra Ase Daa nhoma anaa “Look!” nhomawa mu nka wɔn osuahu ahorow a moasusuw ho DeDaw nkyerɛ.

20 min: Ɔkwan Bɛn So na Wobɛhyɛ Yesu Wu no ho Fã? Ɔkasa a ɔpanyin ma a atiefo nya mu kyɛfa. “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Ɔkwan bɛn so na yebeDi eyi ho Dwuma wɔ nna kakraa bi a ɛDa yɛn anim no mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woto nsa frɛ afoforo? Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a yɛDe Romafo 15:1, 2 beDi Dwuma wɔ NkaeDi bere no mu?

“Da biara a mubeDi aboDoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka AwuraDe wu no nkosi sɛ ɔbɛba.” (1 Kor. 11:26) Mprempren a Yesu aba wɔ Ahenni anuonyam mu yi, Dɛn na yɛbɛka? (Mat. 24:14; 25:31-33) Hokwan atitiriw bɛn na ɛwɔ hɔ a yɛDe bɛyɛ eyi kɛse wɔ NkaeDi bere no mu? Dɛn na ehia na woatumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ April ne/anaasɛ May mu? (Ma wonhu sɛ May wɔ FiDa anum, MemeneDa anum ne KwasiDa anum. Eye ma akwampaefo boafo aDwuma. Bisabisa akwampaefo boafo baako anaa baanu a wɔasiesie wɔn ho DeDaw nsɛm. Ɔkwan bɛn so na wotumi yɛe?)

Dɛn nti na yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ wɔ NkaeDi no mu sɛ yebeDi bi anaasɛ Dabi no fata? (1 Kor. 11:27-29) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra Dɛn wɔ NkaeDi bere no mu ne ɛno akyi? (2 Pet. 3:11-13) Dɛn nti na eyi ho hia? (1 Kor. 11:30-34) Ɔkwan bɛn so na NkaeDi Bible akenkan no boa yɛn wɔ eyi mu?

Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonni NkaeDi Bible akenkan no akyi. Fa to a obiara bɛto nsa afrɛ abusuafo, mfɛfo aDwumayɛfo, anigyefo, ne afoforo ho nkuranhyɛsɛm wie. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wubenya ɔsom aDwuma mu kyɛfa kɛse NkaeDi bere no.

15 min: Asemmisa Afã. Ɔhwɛfo guamtrani Di ho Dwuma De ma asafo hu NkaeDi ho nhyehyɛe. Boa wɔn nyinaa na wɔmma niDi a ɛwɔ afahyɛ no mu no ntra wɔn aDwene mu.

Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔDe wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena