Fa Index No Di Dwuma Na Ama Woanyin Wɔ Honhom Mu
1 Efi 1930 besi 1985 no, Asafo ti no ayɛ Bible sua mmoa ahorow pii a wɔka ne nyinaa bom a ɛyɛ nsɛm a ɛsom bo kɛse. Wɔakɔ so de honhom mu aduan yi ama sɛ “aduan [wɔ] ɛbere a ɛsɛ mu” na ama aboa nnipa koma pafo ma ‘wɔakɔ so anyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. (Mat 24:45; 2 Pet. 3:18) Mprempren ɛwɔ Watch Tower Publications Index 1930-1985 a ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse ma yɛn sɛ yebehu nsɛntitiriw pɔtee bi. Ebetumi aboa yɛn kɛse wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkɔ so anya honhom mu nkɔanim no mu.—Mmeb. 4:18; 9:9.
2 Hu a yebehu sɛnea yɛde bɛdaa no bedi wuma no bɛma ayɛ mmerɛw maiɛanya nsɛm a ɛho hia a yɛde besiesie ɔkasa ahorow, nea yɛbɛka wɔ asɛnka mu ne amanneɛbɔ ahorow anaasɛ nsɛm a yɛde bɛma yɛn Kristofo gyidi ho nsemmisa ahorow ho mmuae. Eyi ho betumi aba mfaso kɛse wɔ yɛn kokoam ne abusua adesua mu, yɛn ho a yesiesie ma Kristofo nhyiam ahorow ne asɛmpa no a yɛka na yɛde rɛkyerɛ afoforo no mu. (Kol. 4:6) Ɛho hia sɛ yebehu emu nsɛm ahorow no.
EMU NSƐM
3 Index foforo yi mu ade a ɛboa ne sɛ wɔahyehyɛ nsɛm a ɛba Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu daa no wɔ emu asɛmti ahorow te sɛ “Nsemmisa a Efi akenkanfo Hɔ.” “Mmofra Bisa Sɛ . . . ,” ne “Bible No Adwene” ase. Bio nso, wɔakyerɛw “Asemmisa Afã mu nsɛm a efi Yɛn Ahenni Som mu no nkutoo wɔ saa asɛmti no ase. Ɛdenam saa kwan yi so no, ɛma wotumi nya nsɛm pɔtee ntɛm de di awofo, ahwɛfo, ne adawurubɔfo ahiade pɔtee ho dwuma anaasɛ ɛma kokoam Bible adesua ne nhwehwɛmu a wɔyɛ yɛ mmerɛw.
4 Index yi mu asɛm foforo a eye ne nea ɛwɔ “Dates,” ne ne nsɛmti nketewa, “B.C.E.,” “C.E.” ne “Clarification of Beliefs” ase no. Afei nso wɔayɛ kyerɛw nsɛm ahorow a wɔahyehyɛ a ɛtwe adwene si Aid to Bible Understanding so no foforo ma wɔakyerɛw nea ɛde kyerɛw nsɛm nkyekyem a ɛwom no ho nkyerɛkyerɛmu a ntease wom nkutoo ma.
5 Index no boa yɛn ma yɛkyerɛ kyerɛw nsɛm ne Bible mu nsɛmti ahorow pii a yɛkɔ so nya emu ntease no ho anisɔ. (Hwɛ Index, kratafa nkyekyem 6.) Asɛmfua a ɛne “porneia” ho nsɛm a wɔahyehyɛ no kyerɛkyerɛ eyi mu yiye. Sɛnea nsɛmti nketewa nyinaa te no, nhoma a aba foforo a wɔtwe adwene si so no na edi kan wɔ “meaning of words” ase. Wobetumi ahu asɛm no ho nsɛm afoforo wɔ nsɛmti nketewa afoforo te sɛ “Scriptural ground for divorce” ne sexual practices within marriage not” no ase.—Hwɛ Index kratafa 669.
ADWINNADE A ƐSOM BO
6 Mmebusɛm 2:4, 5 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ te sɛ nea yɛhwehwɛ ademude bi a ahintaw. Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Yehowa nsɛm a wɔaka ne n’ahyɛde horow, na yɛhwehwɛ nyansa, nhumu ne ntease. Eyi a yɛbɛhwehwɛ no gye mmɔdenbɔ ne boasetɔ. Ɛhwehwɛ sɛ yɛbɔre hwehwɛ. Hwɛ adwinnade a mfaso wɔ so a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no de ama yɛn sɛ yɛmfa nyɛ saa! Momma yɛmfa Index no nni dwuma na ɛho mmra mfaso.