Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Obiara
1 Bere a Yesu Kristo reka asɛm no, ɔdaa anigye a emu yɛ den adi sɛ obedu nnipa pii nkyɛn sɛnea obetumi. (Marko 6:34; Yoh. 4:7, 40, 41) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu nnipa pii nkyɛn sɛnea yebetumi. Nkwa ho aba asɛm—wɔn de ne yɛn de. (1 Tim. 4:16) Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wobehu Yehowa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wobetumi abɔ ne din na wɔagye wɔn nkwa.—Aso. 2:21.
2 Asɛnnennen bi a yɛn mu pii taa hyia, sɛ́ yɛyɛ adwuma wɔ kurom anaasɛ akuraase asasesin mu, ne wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie bere a yɛkɔe nea edi kan no a yebenya wɔn. So woasɔ ahwɛ sɛ wobɛsan akɔ akyiri yi da no ara? Ebinom anya nnepa wɔ saa a wɔyɛe no mu. Anaasɛ bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔ da foforo. Ebia yɛnam krataa a yɛbɛkyerɛw na yɛde yɛn nsaano nkrataa foforo fɛfɛ no bi ahyem so betumi adu wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie ara da no nkyɛn.
MMORƆN SO NE AGUADIDAN MU ADWUMAYƐ
3 Mmorɔn so adwuma mu kyɛfa a wobenya betumi aboa wo ma woadu ankorankoro binom a sɛ yɛkɔ fie a yɛrento wɔn no nkyɛn. Sɛ worekɔ nkurɔfo nkyɛn a, mfaso wɔ so sɛ wokɔ no adamfofa kwan a ɛyɛ tẽẽ so bere a wobɔ mmɔden sɛ wubefi nkɔmmɔbɔ ase no. Asemmisa tiawa ne nea ɛyɛ tẽẽ betumi aboa wo ma woakanyan anigye. Ɛda adi sɛ wubehu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkɔ wɔn a wɔmpɛ ntɛm pii no nkyɛn. Ebinom anya adepa afi mu sɛ wɔne onipa no nantew kakra bere a wɔde nsɛmma nhoma no ma no tiawa no. Sɛ nnipa dɔɔso wɔ borɔn no so a, ebinom ahu sɛ eye sɛ wɔne wɔn a wɔatew wɔn ho kakra afi nnipadɔm no ho no kasa. Aguadidan mu adwumayɛ betumi aboa wo ma wɔadu adwumawuranom ne adwumayɛfo a mpɛn pii yɛnto wɔn wɔ wɔn afi mu no nkyɛn. Susuw ho na bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ hɔ wɔ bere a adetɔfo kakraa bi na wɔwɔ aguadidan no mu no.—kmTW 9/85 krat. 4.
4 Sɛ woreyɛ borɔn so ne aguadidan mu adwuma a, nte nka sɛ nsɛmma nhoma nkutoo na ɛsɛ sɛ wode ma. Wubetumi de nhoma ne nhomawa ahorow nso ama. Ɔdawurubɔfo bi a otumi yɛ pii fi nkɔmmɔbɔ no ase denam bisa a obisa sɛ “So woahu yɛn nhoma a aba foforo no?” no so. Ɔfoforo ka tiawa sɛ: “Mewɔ biribi a mepɛ sɛ mede kyerɛ wo.”
5 Ɔkwan bɛn so na wobetumi akɔ so ama anigye a wɔkanyan wɔ borɔn so ne aguadidan mu adwuma mu no anyin? Pii atumi ayɛ nnepa sɛ wobisaa anigyefo no fie sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ne wɔn akasa bio wɔ bere a eye mu. Sɛ wuhu sɛ wɔnte w’asasesin no mu a, wubetumi de sankɔhwɛ no ama asafo a ɛfata no. W’asafo mu ɔhwɛfo guamtrani no ani begye sɛ ɔbɛboa wo wɔ eyi mu.
6 Ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ obiara benya hokwan ate nokware no. “Nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adi. 22:17) Sɛ yefi nokwaredi mu bɔ mmɔden sɛ yebedu nnipa nyinaa nkyɛn a, na yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo sɛnea Yehowa yɛ no.—Yoh. 3:16