May Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase May 6
Dwom 153
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka “Dɛn Ne W’akwamma Nhyehyɛe Ma 1996?” mu asɛm.
15 min: “Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Ade!” Nsɛmmisa ne mmuae. Munsusuw “Nsɛm a Wobesusuw Ho sɛ Abusua,” a ɛwɔ July 1, 1982, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16 no ho sɛnea bere bɛma kwan.
20 min: “Ka Nokware no Kyerɛ Wo Yɔnko.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho asɛm. Hyɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa, bere a wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ ntiantiaa fi ase no. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛfa nsɛmma nhoma a wɔma obi kra ho.
Dwom 148 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 13
Dwom 63
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
18 min: “Yennyaa Honhom Fam Nneɛma Pa Pii Saa Da!” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma adawurubɔfo baanu anaa baasa, a abofra a wadu mpanyin afe so ka ho, nka nhyira horow a wɔanya no bi nkyerɛ. Fa sɛnea anisɔ kɛse a yenya no ka yɛn ma yɛde nsi nya ɔsom kronn dwumadi mu kyɛfa no wie.
20 min: “Nea Ɔtew N’anim Ma no na Onyankopɔn Dɔ No.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyem no nkyekyem 1-14 ho. Kenkan nkyekyem 4, 5, 11-14.
Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 20
Dwom 126
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka dapɛn no awiei asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran ma onnya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa.
15 min: “Kɔ So Ka Nokware no Kyerɛ.” Si hia a sankɔhwɛ a wɔbɛyɛ ho hia so dua, a botae no ne sɛ wobefi adesua ahorow ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien.
20 min: “Nea Ɔtew N’anim Ma no na Onyankopɔn Dɔ No.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyem no nkyekyem 15-24 ho. Kenkan nkyekyem 15, 18, 20-24.
Dwom 207 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 27
Dwom 121
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yɛde Bɛma Wɔ June Mu. Ɔsom adwuma sohwɛfo di kan ka nea enti a wɔyɛɛ Nimdeɛ nhoma no ho asɛm. Afei ɔne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata susuw emu nsɛntitiriw no bi ho. Nhoma no de yɛn daakye, nnipa amanehunu, Onyankopɔn Ahenni, ɔbra pa, abusua asetra, ne mpaebɔ so mfaso horow ho nsɛmmisa ho mmuae ma. Nnipa no mu baanu yɛ ɔkwan a wobetumi afa so afi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan anaa sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Afei ɔsom adwuma sohwɛfo no ka nsɛm a edidi so yi ho asɛm. Ɛho hia sɛ yɛyɛ Bible adesua ahorow pii a etu mpɔn wɔ bere tiaa mu. Wɔyɛɛ nhoma yi ma adi saa atirimpɔw no ho dwuma titiriw. Ɛda nokware no adi wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran na ɛyɛ tiawa so. Nkyekyem biara ho asɛmmisa, ne nea ɛwɔ eti biara awiei no boa yɛn ma yɛtwe adwene si nsɛntitiriw no so. Nsɛm a wobisabisa wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no ho mmuae wɔ nhoma no mu. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa nyɛ ne botae sɛ obefi adesua horow ase wɔ June mu.
10 min: Asɛmmisa Afã. Kenkan na wo ne atiefo nsusuw ho.
15 min: “Wunni Wo Ho Adagyew Koraa?” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa June 8, 1990, Engiresi Nyan! no nkratafa 14-16 mu nsɛm ka ho sɛnea bere bɛma kwan. Ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka nea wɔayɛ de atumi adi teokrase bere nhyehyɛe a adagyew nnim no ho dwuma nkyerɛ tiawa.
Dwom 155 ne mpaebɔ a wɔde wie.