Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/96 kr. 2
  • July Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 1
  • Dapɛn a Efi Ase July 8
  • Dapɛn a Efi Ase July 15
  • Dapɛn a Efi Ase July 22
  • Dapɛn a Efi Ase July 29
Yɛn Ahenni Som—1996
km 7/96 kr. 2

July Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase July 1

Dwom 90

12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no April asɛnka adwuma kyerɛwtohɔ no ho asɛm.

15 min: “Yɛn Bɔhyɛ a Yebedi So Daa Daa.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka Insight, Po 2, kratafa 1162, nkyekyem 6-7, nso mu nsɛm fa kyerɛ nea enti a bɔ a obi hyɛ no yɛ asɛyɛde a anibere wom.

18 min: “Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So.” (Nkyekyem 1-3) Fa nkyekyem a edi kan no kyerɛkyerɛ asɛm no asɛmti mu. Kyerɛ nhomawa a ebi wɔ mo asafo no mu mprempren a nkurɔfo ani begye ho wɔ mo asasesin no mu. Afei ka nkyekyem 2-3 nkutoo mu nsɛm, na yɛ sɛnea wobetumi de So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no adi dwuma bere a wɔkɔ obi hɔ nea edi kan ne bere a wɔkɔyɛ sankɔhwɛ nso ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea adawurubɔfo betumi anya wɔn ankasa nsɛm a wɔka kyerɛ ama nhomawa foforo a ɛbɛfata mo asasesin no.

Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 8

Dwom 43

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So.” (Nkyekyem 4-5) Ka nkyekyem 4-5 nkutoo mu nsɛm ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no mu nsɛntitiriw bi. Afei yɛ asɛm a wɔka kyerɛ bere a wɔkɔ obi hɔ nea edi kan ne bere a wɔkɔyɛ sankɔhwɛ ho nyansahyɛ a wɔde ama no ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: “Wohia Anuanom Mmarima Pii Wɔ Akwampae Adwuma no Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛnea bere bɛma kwan no, ka nyansahyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛnea obi bedi ne sikasɛm mu ahiade ho dwuma a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, no nkratafa 28-31 no, ho asɛm.

Dwom 16 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 15

Dwom 162

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

15 min: “Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ ne nsɛm a wobisabisa ebinom. Ka nea moahyɛ no nsow wɔ mo asasesin mu bere a moyɛ mu adwuma anwummere no. Ka osuahu ahorow nso a ɛkyerɛ nneɛma pa a efi anwummere adansedi mu ba ho asɛm. Fa mo asafo no nhyehyɛe a wɔayɛ ama asɛnka nhyiam dapɛn biara no to gua.

10 min: “Fa Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nyan! Di Dwuma.” Asɛm a wɔne atiefo susuw ho. Kanyan yɛn man yi mu kasa mu Nyan! ho anigye, na hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkyerɛ nsɛmma nhoma sohwɛfo no dodow a ɔpɛ. Si nea enti a ɛsɛ sɛ wɔde anigye da Nyan! no adi kyerɛ Bible asuafo a wotumi kenkan Twi anaa Ewe so dua. (Asafo ahorow a wɔnka Ewe anaa Twi no betumi asusuw ɔmansin sohwɛfo no amanneɛbɔ wɔ ne nsrahwɛ a edi akyiri mu no ho wɔ saa ɔfã yi anaasɛ wobetumi de asɛm yi mu nsɛm a ɛfa wɔn asafo no ho adi dwuma.)

15 min: “Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So.” (Nkyekyem 6-8) Fa asɛm no nkyekyem a etwa to no hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnsan nkɔsra wɔn a ɔma wɔn nhomawa ahorow no ntɛm ara. Fa nkyekyem 6-7 yɛ sɛnea wɔde Asetra Atirimpɔw nhomawa no ma bere a wɔkɔ obi hɔ nea edi kan ne sɛnea wɔde Nimdeɛ nhoma no ti a edi kan no fi adesua ase wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Kae adawurubɔfo sɛ wobetumi ahwɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho nhwɛso a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Yɛn Ahenni Som mu no so asiesie wɔn ankasa nsɛm a wɔbɛka akyerɛ ama nhomawa afoforo.

Dwom 64 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 22

Dwom 108

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nsɛmma nhoma foforo a aba ho asɛm tiawa, da emu nsɛntitiriw a ɛyɛ anigye a wobetumi de adi dwuma de ama wɔ apon ano no adi.

15 min: Fa Bere Nyinaa Som Adwuma Yɛ Wo Botae. Nkɔmmɔ a ɔpanyin bi ne abofra biako anaa baanu a wonnyaa mfe aduonu bɔ, a egyina December 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, no nkratafa 25-7 so. Mmofra no rebɔ mmɔden sɛ wobesi nneɛma a wɔde bɛyɛ wɔn botae bere a wɔawie sukuu no ho gyinae. Wɔkyerɛ honam fam mfaso horow a wiase nnwuma de ba no ho anigye. Ɔpanyin no kyerɛ ntease pa nti a ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so koraa sɛ wɔde akwampae som adwuma besi wɔn ani so. Mmofra no pene so nanso wonhu sɛ ebia wobetumi ayɛ akwampae adwuma na wɔahwɛ wɔn ho wɔ honam fam anaa. Ɔpanyin no ka Ɔwɛn-Aban asɛm no mu suahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ akwampae adwuma yɛ botae pa a ɛma nnipa pii nya anigye a wobetumi adu ho. Nkɔmmɔbɔ no ba awiei bere a mmofra no da no adi sɛ wɔn ani asɔ ɔpanyin no nsɛm no, na wɔasi wɔn bo sɛ wobesusuw Ahenni som adwuma mu kyɛfa a wobenya akosi ase a wɔde bɛyɛ wɔn botae no ho anibere so.

20 min: “Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo.” Ka nnianim nsɛm ntiantiaa a egyina nkyekyem 1-2 so. Fa nsɛmmisa ne mmuae susuw nkyekyem 3-11 ho.

Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 29

Dwom 212

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

20 min: Dɛn na Ɛboa Ma Wotumi Nya Bible Adesua? Ɔpanyin bi di nkɔmmɔ a nnipa baanu anaa baasa a wɔatumi anya Bible adesua dwumadi no mu nkɔanim bɔ anim, ma wosusuw akwan a etu mpɔn a wotumi fa so fi Bible adesua ase ho: (1) Bɔ mpae srɛ Yehowa mmoa. (2) Nya ɔsom adwuma no afã horow mu kyɛfa daa fa hwehwɛ anigyefo. (3) Yɛ anigyefo nyinaa ho kyerɛwtohɔ, na san kɔsra wɔn ntɛm ara. (4) Bere a obi kyerɛ anigye no, yɛ adesua ho nhyehyɛe. (Hwɛ asɛmti ketewa “Bible Adesua Ase a Wubefi,” a ɛwɔ kratafa 20 wɔ February 15, 1996, Ɔwɛn-Aban mu no.) (5) Fa nyansahyɛ ahorow anan a wɔde ama wɔ August 1, 1984, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 13-17 no hyɛ ahotoso a wutumi de kyerɛkyerɛ no mu den.

20 min: “Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo.” Ɔkasa a egyina krataa a ɛhyem no nkyekyem 12-16 so. Yɛ Bible adesua a ɛrekɔ so ho ɔyɛkyerɛ abien. Nea edi kan no fa sɛnea wɔbɛtete osuani no ma wasiesie ne ho ama adesua no denam nsɛmfua anaa nsɛntitiriw a ɛma nsɛmmisa a wɔatintim no ho mmuae tẽẽ a ɔbɛhyɛ no agyirae anaa obetwitwa ase so ho. Nea ɛto so abien no fa nea wubetumi aka de ahyɛ Bible suani no nkuran ma wakɔ Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua no ho. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wobesusuw krataa a ɛhyem no mu nsɛm a aka no ho wɔ August Ɔsom Nhyiam no mu. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nsie.

Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena