Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/97 kr. 2
  • April Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase April 7
  • Dapɛn a Efi Ase April 14
  • Dapɛn a Efi Ase April 21
  • Dapɛn a Efi Ase April 28
Yɛn Ahenni Som—1997
km 4/97 kr. 2

April Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase April 7

Dwom 100

12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka nsɛmma nhoma horow a aba foforo mu nsɛm a yebetumi ne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Nnipa Bebree Reba.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka nyansahyɛ atitiriw a ɛwɔ August 15, 1993, Ɔwɛn-Aban nkratafa 12-17 ho asɛm.

18 min: “Boa Wɔn a Wɔn Ho Nkokwawee Ma Wonnya Ntease.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka Ahwehwɛde nhomawa no ho asɛm: ne sua a ɛnyɛ den, emu nsɛmmisa a ɛyɛ ne bere mu de, emu mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ, ne kyerɛw nsɛm pii a ɛtwe adwene si so. Si botae a ɛne sɛ yɛde befi adesua ase ma akowie Nimdeɛ nhoma mu no so dua. Ma ɔdawurubɔfo bi a ɔfata mfa nyansahyɛ a ɛwɔ nkyekyem 4 no nyɛ sɛnea wofi adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ awofo a wɔwɔ asafo no mu nyinaa nkuran ma wɔne wɔn mma nkumaa nsua nhomawa no.

Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 14

Dwom 107

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka asɛnka mu osuahu ahorow a ɛfa Ahwehwɛde nhomawa ho, anaa Bible adesua ahorow a wɔde fi ase ho asɛm sɛnea ɛbere bɛma kwan.

15 min: “Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu.” (Nkyekyem 1-6) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 5-6 no, ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no. Ka osuahu ahorow a mo hɔ Bible asuafo a wɔahwɛ video a wɔato din Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name no aka.

20 min: “Kyerɛkyerɛ Afoforo Nea Onyankopɔn Hwehwɛ.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw nkyekyem 1-4 ho. Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 5 no ho ɔyɛkyerɛ wɔ akwan horow anan so—wɔ abɔnten so, ofie, adwumam, ne agoprama so. Kae obiara ma onnye nhomawa ne nsɛmma nhoma a ɔde bɛkɔ asɛnka ansa na wafi Ahenni Asa so anadwo yi.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 21

Dwom 113

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ wɔbɛhyehyɛ akwampaefo aboafo akwammisa nkrataa ayɛ bi wɔ May mu. Ka Asɛmmisa Afã ho asɛm, na ma asafo no nhu, sɛ ebia muhia nhoma ahorow bi a mode bɛka Ahenni Asa so nhomakorabea ho ma adi mũ a.

15 min: “Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu.” (Nkyekyem 7-14) Nsɛmmisa ne mmuae. Ma ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔfata nyɛ sɛnea wɔne osuani bi bɔ nkɔmmɔ a ɛka koma a ɛfa hia a ehia sɛ ɔba asafo nhyiam horow ho.

15 min: Yɛn Nhoma Ahorow a Yɛde Bedi Dwuma Akosi Ase. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. (Hwɛ September 1995 Yɛn Ahenni Som, nkratafa 3-5.) Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ asafo ahorow bi kra nsɛmma nhoma pii sen nea wɔkyekyɛ ankasa ɔsram biara. Wommu ɔha biara mu 50 ho akontaa sɛ wɔde ama. (Kyerɛ sɛnea mo hɔ akontaabu te.) Ɛhe na saa nsɛmma nhoma yi fa? Pii ka pon so a wɔmfa nyɛ hwee anaasɛ ɛka yɛn bag mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati eyi? Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara susuw nea ohia ho yiye na ɔkra nea obetumi de ama nkutoo. Momma ɛnyɛ yɛn su sɛ yɛde nsɛmma nhoma bɛkyerɛ wɔn a yehyia wɔn nyinaa. Mma dedaw no nnsɛe kwa. Fa wo ho hyɛ nsɛmma nhoma adwumam daa.

Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 28

Dwom 121

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa ne April asɛnka akontaabu mmra. Bobɔ wɔn a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ May mu din. Ka asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe foforo a wɔreyɛ wɔ mo asafo mu ho asɛm. Wɔ May mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse kɔ wɔn a yɛbɛma wɔn nhomawa no nkyɛn, a botae no ne sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase. Kyerɛ akwantiaa a yebetumi afa so anifere mu abisa nkurɔfo a yedi wɔn adanse wɔ bɔnnɔ so no din ne wɔn address. Wubetumi adi kan de wo din ne wo address ama, na woabisa sɛ ebia telefon wɔ hɔ a wubetumi afa so ne wɔn akasa a. To nsa frɛ atiefo ma wɔmfa nyansahyɛ ahorow a wɔde adi dwuma ma ayɛ yiye mma.

15 min: “Dɛn Nti na Wɔyɛ?” Ɔpanyin ne akwampaefo baanu anaa baasa susuw asɛm no ho. (Sɛ ebi nni hɔ a, fa wɔn a wɔtaa yɛ akwampaefo aboafo di dwuma.) Fa January 15, 1994, Ɔwɛn-Aban mu asɛm a ɛne “Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira” mu nsɛntitiriw ka ho. Ma wɔn mu biara nkyerɛ nea enti a ɔyɛ akwampae adwuma. Bisa ma wɔnka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wɔahyira wɔn wɔ saa a wɔayɛ no ho.

15 min: Asafo mu ahiade. Mpanyimfo betumi de saa bere yi aka asafo no ahiade pɔtee bi ho asɛm.

Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena