Dɛn Nti na Wɔyɛ?
1 Wɔhyɛɛ Kristo ho nkɔm sɛ ‘Onyankopɔn fi ho mmɔdenbɔ bɛmene no.’ (Dw. 69:9) Yehowa nokware som ho mmɔdenbɔ a na Yesu wɔ no kaa no ma ɔde ɔsom adwuma no dii kan. (Luka 4:43; Yoh. 18:37) Mmɔdenbɔ koro yi a wɔde di nokware no ho adanse no da adi nnɛ wɔ Yehowa Adansefo som adwuma no mu. Ɔsom afe a etwaam no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, anuanom 645,509 na wonyaa akwampae adwuma no fã bi mu kyɛfa ɔsram biara wɔ wiase nyinaa. Esiane sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de mpaebɔ susuw ho sɛ ebia yebetumi ayɛ nsakrae wɔ yɛn nsɛm tebea mu na ama yɛatumi asom sɛ akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo anaa.—Dw. 110:3; Ɔsɛnk. 12:1; Rom. 12:1.
2 Esiane sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe bi a emufo de pɛsɛmenkominya hwehwɛ honam fam nneɛma mu nti, ɛyɛ den ma nnipa pii a wɔwɔ wiase no sɛ wɔbɛte nea enti a obi bɛyere ne ho wɔ ɔsom adwuma a ɛmfa sika fam mfaso ne anuonyam mma mu. Dɛn nti na akwampaefo yɛ? Wonim sɛ wɔreyɛ nkwagye adwuma. Esiane sɛ wɔwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa nti, wɔte nka sɛ wɔn ankasa wɔ asɛyɛde a emu yɛ den sɛ wɔbɛboa ma wɔagye afoforo nkwa. (Rom. 1:14-16; 1 Tim. 2:4; 4:16) Awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo twaa no tiawa koraa wɔ saa kwan yi so: “Dɛn nti na yɛreyɛ akwampae adwuma? Sɛ yɛanyɛ a, yebetumi ayi yɛn ho ano wɔ Yehowa anim anaa?”
3 Onuawa foforo kyerɛw eyi faa gyinae a osii sɛ obefi akwampae adwuma ase ho: “Me ne me kunu yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛde ne nkutoo akatua ahwɛ yɛn ho, a na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma a ɛho nhia nyinaa tɔ. Nanso, Yehowa hyiraa yɛn pii, na wamma yɛanni hia da. . . . Manya asetra mu atirimpɔw ankasa—sɛ mɛboa ahiafo ma wɔabehu sɛ nokware Nyankopɔn Yehowa, ne wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no ntam kwan nware.” Esiane sɛ akwampaefo nim sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn mmere yi mu nti, wɔma asetra mu ahiade a wɔwɔ dɔɔ wɔn so bere a wɔde nsi hwehwɛ honhom fam agyapade a ɛbɛtra hɔ daa no.—1 Tim. 6:8, 18, 19.
4 Sɛ wo nsɛm tebea bɛma wo kwan a, dɛn nti na womfa wo ho mmɔ wo nuanom mmarima ne mmea ɔpehaha pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔreyɛ akwampae adwuma no? Wonam saa kwan no so betumi anya anigye koro no ara bi.