Mmɔdenbɔ a Ɛkanyan Nnipa Dodow no Ara
Ɔsomafo Paulo kamfoo Korintofo no efisɛ na wɔn mmɔdenbɔ wɔ adwuma pa bi ho ‘akanyan’ wɔn mfɛfo Kristofo ‘dodow no ara.’ (2 Kor. 9:2) Mpɛn pii no, obi, abusua bi, nhoma adesua kuw anaasɛ asafo bi mufo nyinaa nam wɔn mmɔdenbɔ a wɔde yɛ asɛmpaka adwuma no so betumi anya afoforo so nkɛntɛnso saa ara. Akwan a wubetumi afa so abɔ asɛnka adwuma no ho mmɔden no bi ni.
◼ Fa Memeneda a wonkɔ adwuma no yɛ Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Da.
◼ Yɛ asɛnka adwuma no bi Kwasida.
◼ Fa bere pii di adanse anwummere anwummere sɛnea wubetumi biara.
◼ Fa wo ho hyɛ adansedi titiriw biara a wɔyɛ ho nhyehyɛe mu.
◼ Fa dapɔnna a wonkɔ adwuma anaa sukuu no kɔ asɛnka.
◼ Fa wo ho hyɛ asɛnka adwuma no mu bere a ɔmansin sohwɛfo abɛsra mo no.
◼ Fa ɔsram biako anaa pii yɛ ɔkwampaefo boafo afe biara.
◼ Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nsakrae wɔ wo nsɛm tebea mu na woayɛ daa ɔkwampaefo.—Hwɛ 2000 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no nkratafa 17-19.