Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/00 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 11
  • Dapɛn a Efi Ase December 18
  • Dapɛn a Efi Ase December 25
  • Dapɛn a Efi Ase January 1
Yɛn Ahenni Som—2000
km 12/00 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase December 11

Dwom 50

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a Wɔapaw. Sɛ mo asafo no wɔ Onipa a Ɔsen Biara ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no bi a, kyerɛ sɛnea mubetumi de adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu wɔ akwamma bere mu. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy video no mfa nsiesie ne ho mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ dapɛn a efi ase December 25 mu no. Wɔn a wɔwɔ video yi bi no betumi de ama afoforo a wonni bi no, anaa wobetumi ne wɔn ahwɛ abom. Mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma asafo mũ no nyinaa adi kan ahwɛ.

15 min: “Suro Yehowa Bere Nyinaa.”* Ka Onyankopɔn suro ho nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ January 8, 1998, Nyan! kratafa 20 no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yebesuro Yehowa no mu.

20 min: “Atipɛnfo Nhyɛso ne Hokwan a Wowɔ sɛ Wobɛka Asɛm No.” Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa. To nsa frɛ afoforo a wɔahyia atipɛnfo nhyɛso pɛn ma wɔnka nea ɛyɛe a ɛno antumi amma wɔnnyae asɛnka kɔ.

Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 18

Dwom 94

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka asɛnka nhyehyɛe titiriw a moayɛ ama December 25 ne January 1 ho asɛm. Ma asɛmmisa yi ho mmuae: So ɛyɛ mfomso sɛ yebedi afahyɛ ahorow a efi abosonsom mu bere dodow a eyinom nnyina ɔsom biara so no?—Hwɛ Reasoning nhoma, nkratafa 178-80.

12 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2001.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ ne dapɛn biara Bible akenkan na ɔmfa sukuu no mu dwumadi biara aniberesɛm.

18 min: “So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?”* Kyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛm no mu mu. Gyina Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 86 so kyerɛ sɛnea yebetumi anya akokoduru na yɛatu mpɔn kɛse wɔ asɛnka mu.

Dwom 124 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 25

Dwom 126

10 min: Asafo mu nkaebɔ. To nsa frɛ anuanom ma wɔnka osuahu a wɔanya wɔ asɛnka adwuma no mu nnansa yi. Ka nhoma a yɛde bɛma January ho asɛm.

10 min: Asafo mu ahiade.

25 min: “Asuade a Yenya Fi The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy Video no Mu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Kyerɛ sɛnea yebetumi de video yi aboa afoforo. (1999 Yearbook, nkratafa 51-2) Wɔ February mu no, yɛbɛka video a ɛto so abien, The Bible—Mankind’s Oldest Modern Book, ho asɛm.

Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 1

Dwom 171

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sɛ mobɛsesa mo asafo no nhyiam bere afe a ɛreba no a, hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ nhyiam daa wɔ bere foforo no mu. Monka nsakrae biara a moayɛ ho asɛm nkyerɛ mo Bible asuafo ne anigyefo afoforo. Ka ɔman no ne mo asafo no August asɛnka akontaabu ho asɛm. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn December asɛnka akontaabu mma.

15 min: Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho Ama Sankɔhwɛyɛ. Agya bi ne n’abusua susuw sɛnea wobetumi atu mpɔn kɛse wɔ wɔn asɛnka adwuma mu ho. Osi nea Kyerɛwnsɛm no ka fa anigyefo a yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn ho no so dua. Wogyina nyansahyɛ a wɔde ama wɔ July 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 22, nkyekyem 18, so siesie wɔn ho ma sankɔhwɛyɛ. Wɔn nyinaa ka sɛ wɔwɔ nkurɔfo a ɛsɛ sɛ wɔsan kɔsra wɔn. Wɔn mu biara ka sɛnea nkurɔfo yɛɛ wɔn ade bere a edi kan a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no ho asɛm, na wɔn a wɔaka no kyerɛ asɛm a wobetumi aka ne kyerɛw nsɛm a wɔde bedi dwuma bere a wɔrekɔyɛ sankɔhwɛ no. Wɔhwehwɛ nsɛm a wobetumi de adi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so fi Ahwehwɛde nhomawa no mu. Awofo no ma mmofra no mu biako ka sɛnea ɔbɛyɛ sankɔhwɛ ho asɛm. Wɔkyerɛ da pɔtee bi a wɔde bɛkɔ akɔyɛ sankɔhwɛ wɔ dapɛn a edi hɔ no mu.

22 min: “Yɛn Nhoma Kyekyɛ Nhyehyɛe a Wɔama Ayɛ Mmerɛw.” Ɔpanyin a ɔfata ne atiefo susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho. Ɔpanyin no betumi de Asafo ti no krataa a wɔkyerɛw no October 15, 1999 no mu nsɛm aka ho. Afei ɔbɛma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ayɛ sɛnea wobetumi de nkyekyem 9 mu nsɛm adi dwuma wɔ asɛnka mu no ho ɔyɛkyerɛ. Wo ne atiefo nsusuw nkaebɔ no ho.

Dwom 212 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena