Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2002
Akwankyerɛ
Wɔ 2002 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no na edidi so yi.
NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible Foforo no, Ɔwɛn-Aban [w-TW], “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures [rs-E] na yebeyi dwumadi ahorow no afi mu.
Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nnianim nsɛm tiawa fi sukuu no ase wɔ BERE ANO. Ɛho nhia sɛ wodi kan ka dwumadi no mu nsɛm. Sɛ sukuu sohwɛfo no de dwumadi no biara reto gua a, ɔbɛka asɛmti a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu no. Yɛ no sɛnea edidi so yi:
DWUMADI 1: Simma 15. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo di eyi ho dwuma, na ebegyina Ɔwɛn-Aban anaa “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Sɛ dwumadi yi gyina Ɔwɛn-Aban so a, ɛsɛ sɛ wɔde simma 15 ma no sɛ afotu kasa a wɔrenyɛ ntimu; sɛ egyina “All Scripture” nhoma no so a, ɛsɛ sɛ wɔde simma 10 kosi 12 ma no sɛ ɔkasa, na wɔde nhoma no mu nsɛmmisa a wɔatintim no yɛ simma 3 kosi 5 ntimu. Ɛnyɛ botae no ne sɛ wɔbɛka mu nsɛm kɛkɛ, na mmom sɛ wɔde adwene besi asɛm a wɔresusuw ho no so mfaso so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no paa so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma.
Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi ma wɔn no hwɛ di wɔn bere so. Sɛ ɛho hia anaasɛ ɔkasafo no bisa a, wobetumi ama no kokoam afotu.
BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 6. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo di eyi ho dwuma na ɔma ɛfa mo ahiade ho yiye. Asɛmti biara ho nhia. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Obetumi de anibu 30 kosi 60 abɔ ti dodow a wɔde ama no no nyinaa mua. Nanso, nea ɔde bɛyɛ ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo ma wɔahu nea enti ne sɛnea asɛm no ho wɔ mfaso ma yɛn. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.
DWUMADI 2: Simma 5. Eyi yɛ Bible no fã bi akenkan a wɔde ma onuabarima, sɛ ebia ɔyɛ wɔ asa kɛse no so anaa ketewa no so. Akenkan no taa yɛ ntiantiaa sɛnea ɛsɛ na ama asuafo no atumi de nkyerɛkyerɛmu tiawa ama wɔ ɔkasa no mfiase ne n’awiei. Wobetumi de asɛm no ho abakɔsɛm, emu nkɔmhyɛ, anaa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia ne sɛnea wɔde emu nnyinasosɛm bedi dwuma aka ho. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem no nyinaa wie ansa na wɔakyerɛkyerɛ mu. Nanso sɛ nkyekyem a osuani no rekenkan no ntoam a, obetumi aka baabi a akenkan no ntoaso wɔ.
DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Dwumadi yi begyina Reasoning From the Scriptures no so. Wɔn a wɔyɛ no betumi ayɛ ma ɛne mo asasesin no mu tebea biara ahyia, na wobetumi atra ase anaa wɔagyina hɔ. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen kyerɛw nsɛm no ho. Ɛsɛ sɛ osuani a wɔde dwumadi yi ma no no yɛ obi a onim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔhokafo biako, nanso obetumi de obi foforo aka ho. Ɛnyɛ sɛnea wɔyɛ dwumadi no na ɛsɛ sɛ wɔma ehia wɔn kɛse, na mmom sɛnea wɔde Bible no di dwuma yiye.
DWUMADI 4: Simma 5. Wɔde dwumadi yi begyina Reasoning From the Scriptures so. Wobetumi de Dwumadi 4 no ama onuabarima anaa onuawa. Sɛ wɔde ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa bere nyinaa. Sɛ wɔde ma onuawa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no.
BIBLE AKENKAN NHYEHYƐE: Wɔhyɛ asafo no muni biara nkuran sɛ onni dapɛn biara Bible akenkan nhyehyɛe, a ɛhwehwɛ sɛ ɔkenkan kratafa biako da biara no akyi.
MONHYƐ NO NSOW: Sɛ mopɛ afotu, bere sodi, sukuu sɔhwɛ, ne sɛnea wosiesie dwumadi ahorow no ho nsɛm ne akwankyerɛ foforo a, yɛsrɛ sɛ monhwɛ October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3.
DWUMADI NHYEHYƐE
Jan. 7 Bible akenkan: Ɔsɛnkafo 1-6
No. 1: Ɔsɛnkafo Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 112-13 nky. 1-8)
No. 2: Ɔsɛnkafo 4:1-16
No. 3:: a‘So Wugye Ayaresa Di?’ (rs-E kr. 160 nky. 6–kr. 161 nky. 1)
No. 4: So na Yɛn Nyinaa Te Ahonhom Atrae Ansa na Wɔrewo Yɛn sɛ Nnipa? (rs-E kr. 161 nky. 2–kr. 162 nky. 3)
Jan. 14 Bible akenkan: Ɔsɛnkafo 7-12
No. 1: Ɔsɛnkafo—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 114 nky. 15-19)
No. 2: Ɔsɛnkafo 8:1-17
No. 3: Sɛ Adam Anyɛ Bɔne a, So Anka Awiei Koraa no Ɔbɛkɔ Soro? (rs-E kr. 162 nky. 4-5)
No. 4: So Ɛsɛ sɛ Obi Kɔ Soro na Ama Wanya Daakye a Ɛyɛ Anigye Ankasa? (rs-E kr. 163 nky. 1-3)
Jan. 21 Bible akenkan: Nnwom mu Dwom 1-8
No. 1: Nnwom mu Dwom Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 115-17 nky. 1-4, 16-18)
No. 2: Nnwom mu Dwom 5:1-16
No. 3: Dɛn na 1 Petro 3:19, 20 Kyerɛ? (rs-E kr. 163 nky. 4)
No. 4: Dɛn na 1 Petro 4:6 Kyerɛ? (rs-E kr. 163 nky. 5)
Jan. 28 Bible akenkan: Yesaia 1-6
Dwom 204
No. 1: Yesaia Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 118-19 nky. 1-8)
No. 2: Yesaia 2:1-17
No. 3: So Ɔsoro Asetra Yɛ Kristofo Nyinaa Anidaso? (rs-E kr. 164 nky. 1-3)
No. 4: Dɛn na “Apam Foforo” no Ka Fa Daa Nkwa Wɔ Asase So Ho? (rs-E kr. 165 nky. 1–kr. 166 nky. 2)
Feb. 4 Bible akenkan: Yesaia 7-11
No. 1: Yehia Yehowa Ahyehyɛde (w00-TW 1/1 nkr. 30-1)
No. 2: Yesaia 8:1-22
No. 3: Nnipa Baahe na Bible Ka sɛ Wɔwɔ Ɔsoro Anidaso? (rs-E kr. 166 nky. 3-4)
No. 4: So 144,000 no Yɛ Honam Fam Yudafo Nkutoo? (rs-E kr. 166 nky. 5–kr. 167 nky. 3)
Feb. 11 Bible akenkan: Yesaia 12-19
Dwom 177
No. 1: Wubu Wo Ho Dɛn? (w00-TW 1/15 nkr. 20-2)
No. 2: Yesaia 17:1-14
No. 3: Anidaso Bɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka sɛ Ɛwɔ Hɔ Ma “Nnipakuw Kɛse” No? (rs-E kr. 167 nky. 4–kr. 168 nky. 1)
No. 4: Dɛn na Wɔn a Wɔkɔ Soro no Bɛyɛ Wɔ Hɔ? (rs-E kr. 168 nky. 2-6)
Feb. 18 Bible akenkan: Yesaia 20-26
Dwom 225
No. 1: Wo ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den (w00-TW 1/15 nkr. 23-6)
No. 2: Yesaia 22:1-19
No. 3: So Bible Ka sɛ Nipadua no Wu Gyaw Ɔkra No? (rs-E kr. 169 nky. 1-5)
No. 4: Nnipa Bɛn na Wɔkɔ Hell a Bible Ka Ho Asɛm No? (rs-kr. 170 nky. 1-3)
Feb. 25 Bible akenkan: Yesaia 27-31
Dwom 192
No. 1: Ɔtaafo no Hu Hann Kɛse Bi (w00-TW 1/15 nkr. 27-9)
No. 2: Yesaia 29:1-14
No. 3: So Obi Tumi Fi Hell a Bible Ka Ho Asɛm No? (rs-E kr. 170 nky. 4–p. 171 nky. 1)
No. 4: So Wɔbɛtwe Abɔnefo Aso Daa? (rs-E kr. 171 nky. 2–kr. 172 nky. 1)
Mar. 4 Bible akenkan: Yesaia 32-37
No. 1: Animia Ma Yedi Nkonim (w00-TW 2/1 nkr. 4-6)
No. 2: Yesaia 33:1-16
No. 3: Dɛn Ne ‘Daa Ayayade’ a Wɔka Ho Asɛm Wɔ Adiyisɛm No? (rs-E kr. 172 nky. 2-3)
No. 4: Dɛn Ne ‘Gehena a Ogya Dɛw Wɔ Hɔ’ a Yesu Kaa Ho Asɛm No? (rs-E kr. 173 nky. 1-3)
Mar. 11 Bible akenkan: Yesaia 38-42
No. 1: Ɛnã Bi Afotu a Nyansa Wom (w00-TW 2/1 nkr. 30-1)
No. 2: Yesaia 42:1-16
No. 3: Dɛn Ne Bɔne Ho Asotwe? (rs-E kr. 174 nky. 1-4)
No. 4: So Yesu Kyerɛkyerɛe sɛ Wɔbɛyɛ Abɔnefo Ayayade Wɔ Owu Akyi? (rs-E kr. 174 nky. 5)
Mar. 18 Bible akenkan: Yesaia 43-47
Dwom 160
No. 1: Tie Kɔkɔbɔ No (w00-TW 2/15 nkr. 4-7)
No. 2: Yesaia 44:6-20
No. 3: Dɛn na Ɔdefo ne Lasaro Ho Bɛ no Kyerɛ? (rs-E kr. 175 nky. 1-3)
No. 4: So Buronya Yɛ Afahyɛ a Egyina Bible So? (rs-E kr. 176 nky. 1-4)
Mar. 25 Bible akenkan: Yesaia 48-52
Dwom 161
No. 1: Tumi a Mpaebɔ Wɔ (w00-TW 3/1 nkr. 3-4)
No. 2: Yesaia 49:1-13
No. 3: Ná Henanom Ne Anyansafo Anaasɛ Nsoromma Mu Ahwɛfo a Nsoromma Bi Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Yesu Nkyɛn No? (rs-E kr. 177 nky. 1-3)
No. 4: Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho Bere a Yɛhwehwɛ Buronya Ho Atetesɛm Mu No? (rs-E kr. 177 nky. 4–kr. 178 nky. 2)
Apr. 1 Bible akenkan: Yesaia 53-59
Dwom 210
No. 1: Koma Pa a Yɛde Hwehwɛ Yehowa (w00-TW 3/1 nkr. 29-31)
No. 2: Yesaia 54:1-17
No. 3: Nnyinasosɛm Bɛn na Ɛsɛ sɛ Ɛkyerɛ Yɛn Kwan Wɔ Afahyɛ Ahorow Ho? (rs-E kr. 178 nky. 3–kr. 179 nky. 2)
No. 4: Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yehu Fa Easter ne Afe Foforo Afahyɛ Ho? (rs-E kr. 179 nky. 3–kr. 180 nky. 2)
Apr. 8 Bible akenkan: Yesaia 60-66
No. 1: Yesaia—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 123 nky. 34-9)
No. 2: Yesaia 61:1-11
No. 3: Dɛn na Nnapɔnna a Wɔde Kae “Awufo Ahonhom” Gyina So? (rs-E kr. 180 nky. 3–kr. 181 nky. 3)
No. 4: Dɛn na Yenim Wɔ Valentine Da, Ɛnanom Da, ne Ɔmampɛ Ho Guasodeyɛ Ho? (rs-E kr. 181 nky. 5–kr. 182 nky. 5)
Apr. 15 Bible akenkan: Yeremia 1-4
No. 1: Yeremia Nnianim Nsɛm (si-E kr. 124 nky. 1-5)
No. 2: Yeremia 2:4-19
No. 3: Dɛn na Bible Ka Fa Ahoni a Wɔsom Wɔn Ho? (rs-E kr. 183 nky. 1-4)
No. 4: So Yebetumi De Ahoni Adi Dwuma Kɛkɛ Sɛ Ade a Ɛboa Yɛn Wɔ Nokware Nyankopɔn no Som Mu? (rs-E kr. 183 nky. 5–kr. 184 nky. 4)
Apr. 22 Bible akenkan: Yeremia 5-8
Dwom 205
No. 1: Nea Enti a Adesamma Hia Boafo (w00-TW 3/15 nkr. 3-4)
No. 2: Yeremia 7:1-20
No. 3: So Ɛsɛ sɛ Yedi “Ahotefo” Ni sɛ Wɔyɛ Onyankopɔn ne Yɛn Ntamgyinafo? (rs-E kr. 184 nky. 5–kr. 185 nky. 2)
No. 4: Onyankopɔn Bu Ahoni a Wɔsom Wɔn no Dɛn? (rs-E kr. 185 nky. 3–kr. 186 nky. 2)
Apr. 29 Sɔhwɛ. Bible akenkan: Yeremia 9-13
May 6 Bible akenkan: Yeremia 14-18
Dwom 224
No. 1: Sɛnea Yesu Betumi Aboa Yɛn (w00-TW 3/15 nkr. 5-9)
No. 2: Yeremia 17:1-18
No. 3: Ɛsɛ sɛ Yɛte Nka Dɛn Wɔ Ahoni Biara a Ebia Kan no Yɛsom Wɔn no Ho? (rs-E kr. 186 nky. 3-5)
No. 4: Ahoni a Yɛde Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu Betumi Aka Yɛn Daakye Dɛn? (rs-E kr. 187 nky. 1-4)
May 13 Bible akenkan: Yeremia 19-23
No. 1: Ahobrɛase—Su a Ɛde Asomdwoe Ba (w00-TW 3/15 nkr. 21-4)
No. 2: Yeremia 19:1-15
No. 3: Sɛ Nkurɔfo Po Bible Gyinapɛn Ahorow a, So Wonya Ahofadi Ankasa? (rs-E kr. 187 nky. 5–kr. 188 nky. 2)
No. 4: Afotu Bɛn na Bible De Ma Wɔ Honam Fam Nneɛma Akyidi ne Asanom Bebrebe Ho? (rs-E kr. 188 nky. 3-4)
May 20 Bible akenkan: Yeremia 24-28
No. 1: Ɔbarima a Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa a Ogyee Nteɛso Toom (w00-TW 3/15 nkr. 25-8)
No. 2: Yeremia 25:1-14
No. 3: Ma Wo ne Yehowa Ntam Abusuabɔ Nsom Bo Mma Wo, na Kwati Fekubɔne (rs-E kr. 189 nky. 2)
No. 4: Hena na Ɔhyɛɛ Nnipa Nkuran Sɛ Wommu Onyankopɔn Ahyɛde So? (rs-E kr. 189 nky. 3–kr. 190 nky. 1)
May 27 Bible akenkan: Yeremia 29-31
No. 1: Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Honhom Yɛ Adwuma Nnɛ? (w00-TW 4/1 nkr. 8-11)
No. 2: Yeremia 30:1-16
No. 3: Su Horow Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛkwati? (rs-E kr. 190 nky. 2–kr. 191 nky. 1)
No. 4: Sɛ Ahofadi Ma Obi Suasua Wiase no a, Ɔde Ne Ho Kɔhyɛ Hena Tumi Ase? (rs-E kr. 191 nky. 2-3)
June 3 Bible akenkan: Yeremia 32-35
No. 1: Nya Yehowa Ahoɔden Mu Awerɛkyekye (w00-TW 4/15 nkr. 4-7)
No. 2: Yeremia 34:1-16
No. 3: Yehu Onyankopɔn Din Wɔ He Wɔ Bible Nkyerɛase a Wɔtaa De Di Dwuma Nnɛ no Mu? (rs-E kr. 191 nky. 4–p. 193 nky. 7)
No. 4: Dɛn Nti na Bible Nkyerɛase Pii Mfa Onyankopɔn Din Ankasa Nni Dwuma? (rs-E kr. 193 nky. 8–kr. 194 nky. 4)
June 10 Bible akenkan: Yeremia 36-40
Dwom 159
No. 1: So Wubu Basabasayɛfo Sɛnea Onyankopɔn Bu Wɔn No? (w00-TW 4/15 nkr. 26-9)
No. 2: Yeremia 37:1-17
No. 3: Onyankopɔn Din Mu Nea Ɛwɔ He na Ɛteɛ, Yehowa Anaasɛ Yahwe? (rs-E kr. 195 nky. 1–kr. 197 nky. 7)
No. 4: So “Apam Dedaw” no Mu Yehowa no Ara Ne “Apam Foforo” no Mu Yesu Kristo No? (rs-E kr. 197 nky. 8–kr. 198 nky. 3)
June 17 Bible akenkan: Yeremia 41-45
No. 1: “Kora Wo Koma So” (w00-TW 5/15 nkr. 20-4)
No. 2: Yeremia 41:1-15
No. 3: Obi Bɛyɛ Dɛn Atumi Adɔ Yehowa Bere a Ɛsɛ sɛ Ɔsan Suro No No? (rs-E kr. 198 nky. 4–kr. 199 nky. 1)
No. 4: Yehowa Adansefo Gyidi Horow Bɛn na Ɛma Wɔda Nsow Wɔ Ɔsom Afoforo Ho? (rs-E kr. 199 nky. 2–kr. 200 nky. 7)
June 24 Bible akenkan: Yeremia 46-49
No. 1: Asetra a Ɛyɛ Pɛ Nyɛ Adaeso Ara Kwa! (w00-TW 6/15 nkr. 5-7)
No. 2: Yeremia 49:1-13
No. 3: So Yehowa Adansefo Yɛ Amerikafo Som? (rs-E kr. 201 nky. 1-6)
No. 4: So Yehowa Adansefo Yɛ Fekusɛm? (rs-E kr. 202 nky. 1–kr. 203 nky. 3)
July 1 Bible akenkan: Yeremia 50-52
No. 1: Yeremia—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 129 nky. 36-9)
No. 2: Yeremia 50:1-16
No. 3: So Yehowa Adansefo Gye Di sɛ Wɔn Som Nkutoo na Ɛyɛ Nokware? (rs-E kr. 203 nky. 4-5)
No. 4: Nokware Som Di Bible Akyi (rs-E kr. 204 nky. 1)
July 8 Bible akenkan: Kwadwom 1-2
No. 1: Kwadwom Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 130-1 nky. 1-7)
No. 2: Kwadwom 1:1-14
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yehowa Adansefo Nya Wɔn Bible Mu Nkyerɛkyerɛmu? (rs-E kr. 204 nky. 2–kr. 205 nky. 3)
No. 4: Dɛn Nti na Wɔayɛ Nsakrae Wɔ Yehowa Adansefo Nkyerɛkyerɛ Mu? (rs-E kr. 205 nky. 4)
July 15 Bible akenkan: Kwadwom 3-5
No. 1: Kwadwom—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 132 nky. 13-15)
No. 2: Kwadwom 3:1-30
No. 3: Dɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka Asɛm Wɔ Afie Afie? (rs-E kr. 206 nky. 1-4)
No. 4: Dɛn Nti na Wɔtaa Yehowa Adansefo? (rs-E kr. 207 nky. 1-2)
July 22 Bible akenkan: Hesekiel 1-6
No. 1: Hesekiel Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 132-3 nky. 1-6)
No. 2: Hesekiel 4:1-17
No. 3:: b‘Dɛn Nti na Mommoa Mma Wiase no Nyɛ Baabi Pa a Yɛbɛtra?’ (rs-E kr. 207 nky. 3–kr. 208 nky. 2)
No. 4:: c‘Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Adansefo Ma Yesu na Ɛnyɛ Yehowa’ (rs-E kr. 208 nky. 3)
July 29 Bible akenkan: Hesekiel 7-12
Dwom 221
No. 1: Nya Nhwɛso Pa So Mfaso (w00-TW 7/1 nkr. 19-21)
No. 2: Hesekiel 10:1-19
No. 3: So na Yesu Kristo Yɛ Onipa Ankasa? (rs-E kr. 209 nky. 1-4)
No. 4: So na Yesu Kristo Yɛ Onipa Pa Kɛkɛ? (rs-E kr. 210 nky. 1)
Aug. 5 Bible akenkan: Hesekiel 13-16
No. 1: Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase a Ɔbrasɛe Wom Mu (w00-TW 7/15 nkr. 28-31)
No. 2: Hesekiel 13:1-16
No. 3: So na Yesu Yɛ Ɔsom Foforo Bi Kannifo Kɛkɛ? (rs-E kr. 210 nky. 2)
No. 4: Dɛn Nti na Yudafo Dodow no Ara Annye Yesu Antom? (rs-E kr. 211 nky. 1-2)
Aug. 12 Bible akenkan: Hesekiel 17-20
Dwom 214
No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Obu Ma Tumidi? (w00-TW 8/1 nkr. 4-7)
No. 2: Hesekiel 17:1-18
No. 3: So Yesu Kristo Ne Onyankopɔn Ankasa? (rs-E kr. 212 nky. 1-2)
No. 4: So Yohane 1:1 Kyerɛ sɛ Yesu Ne Onyankopɔn? (rs-E kr. 212 nky. 4-6)
Aug. 19 Bible akenkan: Hesekiel 21-23
No. 1: Ɔkwan Bɛn So na Musiesie Mo Ntam Nsɛm? (w00-TW 8/15 nkr. 23-5)
No. 2: Hesekiel 22:1-16
No. 3: So Asɛm a Toma Kae Wɔ Yohane 20:28 no Kyerɛ sɛ Yesu Ne Onyankopɔn Ankasa? (rs-E kr. 213 nky. 1-3)
No. 4: So Mateo 1:23 Kyerɛ sɛ Bere a Yesu Wɔ Asase So no na Ɔne Onyankopɔn? (rs-E kr. 214 nky. 1-3)
Aug. 26 Sɔhwɛ. Bible akenkan: Hesekiel 24-28
Sept. 2 Bible akenkan: Hesekiel 29-32
No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Ahofama Adi? (w00-TW 9/15 nkr. 21-4)
No. 2: Hesekiel 30:1-19
No. 3: Dɛn na Yohane 5:18 Kyerɛ? (rs-E kr. 214 nky. 4-5)
No. 4: So Ɔsom a Wɔde Ma Yesu no Kyerɛ sɛ Ɔne Onyankopɔn? (rs-E kr. 214 nky. 6–kr. 215 nky. 2)
Sept. 9 Bible akenkan: Hesekiel 33-36
No. 1: Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn (w00-TW 10/15 nkr. 4-7)
No. 2: Hesekiel 33:1-16
No. 3: So Anwonwade a Yesu Yɛe no Kyerɛ sɛ Ɔne Onyankopɔn? (rs-E kr. 215 nky. 3–kr. 216 nky. 1)
No. 4: So Yesu Kristo a Yebegye No Adi Nkutoo ne Nea Wɔhwehwɛ na Yɛanya Nkwagye? (rs-E kr. 216 nky. 3)
Sept. 16 Bible akenkan: Hesekiel 37-40
No. 1: Dɛn na Wugyina So Bu Yiyedi? (w00-TW 11/1 nkr. 18-21)
No. 2: Hesekiel 39:1-16
No. 3: So Yesu Traa Soro Ansa na Ɔrebɛyɛ Ɔdesani? (rs-E kr. 216 nky. 4–kr. 217 nky. 1)
No. 4: So na Yesu Wɔ Honam Nipadua Wɔ Soro? (rs-E kr. 217 nky. 2-5)
Sept. 23 Bible akenkan: Hesekiel 41-45
No. 1: Fi Wo Pɛ Mu Som Onyankopɔn (w00-TW 11/15 nkr. 21-3)
No. 2: Hesekiel 42:1-20
No. 3: So Yesu Kristo Ara Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael? (rs-E kr. 218 nky. 1-3)
No. 4:: d‘Munnye Yesu Nni’ (rs-E kr. 219 nky. 1-3)
Sept. 30 Bible akenkan: Hesekiel 46-48
No. 1: Hesekiel—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 137 nky. 29-33)
No. 2: Hesekiel 46:1-15
No. 3:: e‘So Woafa Yesu sɛ Wo Kra Agyenkwa?’(rs-E kr. 219 nky. 4-5)
No. 4: f‘Mafa Yesu sɛ Me Kra Agyenkwa’ (rs-E kr. 220 nky. 1)
Oct. 7 Bible akenkan: Daniel 1-4
No. 1: Daniel Nnianim Nsɛm (si-E kr. 138-9 nky. 1-6)
No. 2: Daniel 1:1-17
No. 3: So Honam Fam Yudafo a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ no Ne Onyankopɔn Nkurɔfo a Wɔapaw Wɔn No? (rs-E kr. 220 nky. 2–kr. 221 nky. 4)
No. 4: So Wɔbɛsakra Yudafo Nyinaa Ma Wɔanya Yesu Mu Gyidi? (rs-E kr. 222 nky. 1-2)
Oct. 14 Bible akenkan: Daniel 5-8
Dwom 191
No. 1: So Ɛsɛ sɛ Wugye Nea “Anyansafo” Ka no Di Bere Nyinaa? (w00-TW 12/1 nkr. 29-31)
No. 2: Daniel 5:1-16
No. 3: So Ɛsɛ sɛ Yudafo Gye Yesu Di na Wɔagye Wɔn Nkwa? (rs-E kr. 222 nky. 3–kr. 223 nky. 1)
No. 4: So Nsɛm a Ɛresisi Wɔ Israel Nnɛ no Yɛ Bible Nkɔmhyɛ Mmamu? (rs-E kr. 223 nky. 2–kr. 224 nky. 2)
Oct. 21 Bible akenkan: Daniel 9-12
No. 1: Daniel—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 141-2 nky. 19-23)
No. 2: Daniel 10:1-21
No. 3: So Israel Sanba Ho Nkɔmhyɛ Ahorow no Nya Mmamu Nnɛ? (rs-kr. 224 nky. 3–kr. 225 nky. 3)
No. 4: So Onyankopɔn Ahenni Yɛ Nniso Ankasa? (rs-E kr. 226 nky. 1-2)
Oct. 28 Bible akenkan: Hosea 1-14
No. 1: Hosea Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 143-5 nky. 1-8, 14-17)
No. 2: Hosea 4:1-19
No. 3: Henanom ne Sodifo Wɔ Ahenni no Mu? (rs-E kr. 226 nky. 3-5)
No. 4: Tumi Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Benya Wɔ Nnipa Nniso So? (rs-E kr. 227 nky. 1-2)
Nov. 4 Bible akenkan: Yoel 1-3
Dwom 166
No. 1: Yoel Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 146-8 nky. 1-5, 12-14)
No. 2: Yoel 1:1-20
No. 3: Onyankopɔn Ahenni Bɛtew Yehowa Din Ho (rs-E kr. 227 nky. 3-5)
No. 4: Onyankopɔn Ahenni Bɛma Abɔde Nyinaa Ayɛ Biako Wɔ Nokware Som Mu (rs-E kr. 228 nky. 1-2)
Nov. 11 Bible akenkan: Amos 1-9
No. 1: Amos Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 148-50 nky. 1-6, 13-17)
No. 2: Amos 1:1-15
No. 3: Onyankopɔn Ahenni Beyi Ɔko ne Ɔporɔw Afi Hɔ (rs-kr. 228 nky. 3–kr. 229 nky. 2)
No. 4: Onyankopɔn Ahenni Bɛma Obiara Anya Aduan Adi na Ayi Ɔyare Afi Hɔ (rs- E kr. 229 nky. 3-5)
Nov. 18 Bible akenkan: Obadia 1–Yona 4
No. 1: Obadia ne Yona Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 151-3 nky. 1-5, 10-14; nkr. 153-5 nky. 1-4, 9-12)
No. 2: Obadia 1:1-16
No. 3: Onyankopɔn Ahenni Bɛma Yɛn Nyinaa Anya Afie, Adwuma, ne Ahobammɔ (rs-E kr. 229 nky. 6–kr. 230 nky. 2)
No. 4: Onyankopɔn Ahenni Bɛma Trenee ne Atɛntrenee Akɔ So (rs-kr. 230 nky. 3-5)
Nov. 25 Bible akenkan: Mika 1-7
No. 1: Mika Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 155-8 nky. 1-8, 16-19)
No. 2: Mika 1:1-16
No. 3: Onyankopɔn Ahenni Benyan Awufo (rs-E kr. 230 nky. 6–kr. 231 nky. 3
No. 4: Onyankopɔn Bɛma Yɛanya Wiase a Ɔdɔ ne Biakoyɛ Wom (rs-E kr. 231 nky. 4-6)
Dec. 2 Bible akenkan: Nahum 1–Habakuk 3
No. 1: Nahum ne Habakuk Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 158-60 nky. 1-7, 11-12; nkr. 161-3 nky. 1-5, 12-14)
No. 2: Nahum 3:1-19
No. 3: Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Asase Paradise (rs-E kr. 232 nky. 1-3)
No. 4: So Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii tumi Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu? (rs-E kr. 232 nky. 4-6)
Dec. 9 Bible akenkan: Sefania 1–Hagai 2
No. 1: Sefania ne Hagai Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 163-6 nky. 1-6, 10-12; nkr. 166-8 nky. 1-7, 13-16)
No. 2: Sefania 2:1-15
No. 3: So Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni a Ɛreba no Twɛn Ma Wiase no Sakra Ansa? (rs-E kr. 233 nky. 1-2)
No. 4:: g‘Onyankopɔn Ahenni Remma Wɔ Me Bere So’ (rs-E kr. 233 nky. 4–kr. 234 nky. 1)
Dec. 16 Bible akenkan: Sakaria 1-8
No. 1: Sakaria Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 168-9 nky. 1-7)
No. 2: Sakaria 6:1-15
No. 3: Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Yɛte Nna a Edi Akyiri no Mu? (rs-E kr. 234 nky. 2)
No. 4: Ɔkwan Bɛn So na Akodi ne Aduankɔm Yɛ “Sɛnkyerɛnne” no Fã? (rs-E kr. 234 nky. 3–kr. 235 nky. 4)
Dec. 23 Bible akenkan: Sakaria 9-14
Dwom 176
No. 1: Sakaria—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 171-2 nky. 23-7)
No. 2: Sakaria 9:1-17
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Luka 21:11 Renya Mmamu Fi 1914? (rs-E kr. 236 nky. 1-3)
No. 4: Dɛn na Mmarato a Adɔɔso no Kyerɛ? (rs-E kr. 237 nky. 1-2)
Dec. 30 Sɔhwɛ. Bible akenkan: Malaki 1-4
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.
b Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.
c Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.
d Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.
e Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.
f Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.
g Ɛsɛ sɛ osuani no bua nea ofiewura no ka, anoyi a ɔde ma, ne nea ɛkeka ho sɛnea bere ma kwan, na ama wadi asasesin no mu ahiade ho dwuma.