So Wode Ahwehwɛde Nhomawa no Refi Adesua Ase?
1 So na wunim sɛ, sɛ wo ne onigyeni de nhoma a wɔkamfo kyerɛ yɛn no mu biako bɔ Bible mu nkɔmmɔ toatoa so bere tiaa bi mpo a, na woreyɛ Bible adesua? Yiw, sɛ moyɛ adesua no wɔ ɔpon ano anaa wɔ telefon so mpo a. Dɛn nti na wommɔ mmɔden titiriw wɔ May ne June mu sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa no befi adesua a ɛte saa ase?
2 Siesie Wo Ho na Woatumi Ayɛ: Sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa no rema a, ma nea wopɛ sɛ mususuw ho no ntra w’adwenem pefee. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, susuw nkɔmmɔ a mobɔe wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Nhomawa no mu nkyekyɛm bɛn na metumi de atoa saa nkɔmmɔbɔ no so na adan Bible adesua?’ Sɛ worekɔ afie afie a, susuw nea obi a wadu mpanyin afe so, obi a n’ani afi, ɔbarima anaa ɔbea ani begye ho no ho. Susuw nhomawa no mu nsɛmti ho, na hu nea n’ani begye ho. Bere a woasi ɔkwan a wobɛfa so ayɛ no ho gyinae no, yɛ hwɛ mpɛn pii. Eyi ne ade biako a ɛbɛma woatumi ayɛ.
3 Krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no de “Nyansahyɛ [Awotwe] a Yɛnam So De Ahwehwɛde Nhomawa no Bɛma” ma. Asɛm a ɛwɔ adaka no mu a ɛne “Asɛm a Wɔka Tẽẽ” no kyerɛ sɛnea yɛde nhomawa no befi adesua ase. Wubetumi asakra nyansahyɛ a edi kan no mu ma ayɛ sɛ nea edi so yi:
◼ “So na wunim sɛ wubetumi anya Bible mu asɛm bi a ɛho hia ho mmuae wɔ simma kakraa bi mu? Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na asɔre pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ hɔ? So woasusuw ɛno ho pɛn?” Sɛ onipa no bua wie a, dan kɔ adesua 13 na munsusuw nkyekyɛm abien a edi kan no ho. Monkenkan kyerɛwsɛm biako anaa abien na munsusuw ho sɛnea bere bɛma kwan. Afei kenkan atifi hɔ nsɛmmisa no mu nea etwa to no na ka sɛ: “Adesua no mu nsɛm a aka no si nokware som agyiraehyɛde anum so dua. M’ani begye ho sɛ mɛsan aba na me ne wo abesusuw eyinom ho.”
4 Kɔ So Yɛ: Fa hokwan biara kyerɛ sɛnea yɛde Ahwehwɛde nhomawa no yɛ Bible adesua. Srɛ Yehowa nhyira. (Mat. 21:22) Sɛ wokɔ so bɔ ho mmɔden a, wubetumi anya anigye a efi obi a wɔboa no ma ogye asɛmpa no tom mu ba no bi!