Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/02 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase May 13
  • Dapɛn a Efi Ase May 20
  • Dapɛn a Efi Ase May 27
  • Dapɛn a Efi Ase June 3
Yɛn Ahenni Som—2002
km 5/02 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase May 13

Dwom 37

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde May 15 Ɔwɛn-Aban ne June 8 Nyan! ma. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan, a ɛne “Minni adagyew” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 10-11.

15 min: Asafo mu ahiade anaasɛ wɔnka osuahu ahorow a afi krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no mu nsɛm a wɔde adi dwuma mu aba nkyerɛ.

15 min: Nokware a Yebedi Ama Onyankopɔn ne Yɛn Ho Ase a Yɛbɛbrɛ Ahyɛ Yɛn Hokafo Ase a Yɛbɛma Akari Pɛ. Ɔkasa a egyina December 15, 2001 Ɔwɛn-Aban no mu “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” so.

Dwom 106 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 20

Dwom 130

13 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw Asɛmmisa Afã no ho.

12 min: “Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare.” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ December 1, 2001, Ɔwɛn-Aban no kratafa 9-13 no so. Ma asɛm no nhyɛ wɔn nkuran.

20 min: “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ.”a Ma wonnya baa dwumadibea ntrɛwmu foforo no ho anisɔ. Hyɛ anuanom nkuran ma wɔmmoa adwuma no sɛnea wobetumi.

Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 27

Dwom 208

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn May asɛnka akontaabu mma. Ma ɔdawurubɔfo a n’ani afi mfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nyɛ sɛnea wɔde June 1 Ɔwɛn-Aban no ma, na ɔdawurubɔfo kumaa bi nyɛ sɛnea wɔde June 8 Nyan! ma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara akyi no, ka sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi de kyerɛwsɛm aka asɛm a wɔka kyerɛ no ho.

15 min: “So Mo Asafo no Wɔ Asasesin Kɛse?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. (Asafo ahorow a wɔn asasesin sua no betumi asusuw June 1999 Yɛn Ahenni Som mu asɛm a ɛne “Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye” no ho.) Kyerɛ mo asasesin no kɛse ne nea moyɛɛ mu adwuma wɔ afe a etwaam no mu. Kyerɛ sɛnea mubetumi de nyansahyɛ a wɔde mae no adi dwuma wɔ mo hɔ. Ka nhyehyɛe a moreyɛ na ama moayɛ asasesin a montaa nyɛ mu adwuma no mu adwuma nnansa yi ho asɛm.

18 min: “So Wode Ahwehwɛde Nhomawa no Refi Adesua Ase?” (Ɛsɛ sɛ obiara kura krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no bi ma nkɔmmɔbɔ yi.) Ma ɔdawurubɔfo bi a wasiesie ne ho yiye mfa nkyekyɛm 3 nhwɛso no nyɛ sɛnea wofi adesua ase ho ɔyɛkyerɛ mfa mfi ase. Ɛno akyi no, ka nhomawa no mu nsɛntitiriw na kyerɛkyerɛ sɛnea wɔayɛ no yiye na ama yɛatumi de afi adesua ase no mu. Kyerɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no ho a yebesusuw no so mfaso. Bisa atiefo ma wɔnka nyansahyɛ ahorow a wɔatumi de adi dwuma ama asow aba. Yɛ atifi hɔ ɔyɛkyerɛ no bio fa wie.

Dwom 93 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 3

Dwom 178

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo nka nhyira a akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampaefo adwuma a wɔyɛe wɔ March, April anaa May mu no ama wɔanya.

15 min: Sɛnea Reasoning Nhoma no De Bible Nkyerɛase Afoforo Di Dwuma. Ɔkasa tiawa a atiefo nkɔmmɔbɔ di akyi. Kenkan Reasoning nhoma no kratafa 8 nkyekyɛm 2, na kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yesi Bible no so dua wɔ yɛn asɛnka mu ne sɛnea yɛbɛyɛ no. Kyerɛ Bible ahorow din a wɔatwa no tiawa wɔ kratafa 6 no, na kyerɛkyerɛ nea enti a yɛde nkyerɛase afoforo mu nsɛm di dwuma no mu. Munsusuw kɔkɔbɔ a ɛwɔ October 1, 1997, Ɔwɛn-Aban no kratafa 16 nkyekyɛm 2 no, ne kratafa 20 nkyekyɛm 15 no ho. Sɛ moreka Reasoning no mu nsɛmti a ɛne “Apostolic Succession,” “Images,” ne “Trinity” ho asɛm a, ma atiefo nkyerɛ sɛnea nkyerɛase ahorow a wɔde bɛyɛ ntotoho no betumi aboa ma wɔakyerɛkyerɛ nokware no.

15 min: “Yɛn Gyidi Kanyan Yɛn Ma Yɛyɛ Nnwuma Pa.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, bisabisa Ɔdansefo bi a ɔyɛ nnam nsɛm. Ma ɔdawurubɔfo no nka sɛnea afoforo a odi wɔn adanse no ma ɔda ne gyidi adi na ɛhyɛ no den ho asɛm.

Dwom 56 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena