Asɛmmisa Afã
◼ Dɛn nti na ehia sɛ wohwɛ yiye bere a wokyerɛw krataa de di adanse no?
Adanse a wɔnam krataa a wɔkyerɛw so di no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a akyɛ a wɔfa so ka asɛmpa no. Nanso, nsɛm a asisi wiase nnansa yi ama nkurɔfo yɛ ahwɛyiye wɔ krataa a wonnim nea ɔkyerɛwee a wobue ano no ho. Wɔtaa nya adwene a ɛnteɛ wɔ nhoma nkotoku a onii ko a efi ne hɔ anaa nea ɔkyerɛwee no address nni akyi no, ne titiriw no, bere a wɔde nsa na ɛkyerɛwee akyi na emu yɛ duru no ho. Afiewuranom betumi atow krataa a ɛte saa no akyene a wommue ano. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiw eyi a wɔbɛyɛ no ano?
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wode tintim afiri bɔ krataa no ne nhoma kotoku no akyi nsɛm no. Ɛsɛ sɛ wokyerɛw ofiewura no din wɔ nhoma kotoku no akyi. Nkyerɛw address no sɛ “Ɔdanwura.” Afei nso, kyerɛw w’ankasa address wɔ so bere nyinaa. Sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobɛkyerɛw w’ankasa address a, kyerɛw wo din ne Ahenni Asa no address. Mfa nkrataa a wo din nnim nkɔma nkurɔfo. Mfa baa dwumadibea no address nni dwuma da.—Hwɛ November 1996 Yɛn Ahenni Som no mu Asɛmmisa Afã hɔ.
Wubetumi anya nyansahyɛ afoforo ne krataa no bi a wɔakyerɛw wɔ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso no kratafa 71-3. Akwankyerɛ yi bɛboa yɛn ma yɛde nkrataa aka asɛmpa no akyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.