Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase June 10
Dwom 58
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ Our Whole Association of Brothers video no mfa nsiesie wɔn ho mma ɛho a yebesusuw wɔ June 24 dapɛn Ɔsom Nhyiam ase no. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde June 15 Ɔwɛn-Aban ne July 8 Nyan! ma. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan, a ɛne “M’ani nnye nyamesom ho” no. (Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 10-11.) Sɛ mo nsa nkaa nsɛmma nhoma a aba foforo no a, momfa May 2002 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nni dwuma.
10 min: Asɛmmisa Afã. Kenkan asɛm no nyinaa ne emu kyerɛw nsɛm. Afei fa nkyerɛkyerɛmu foforo ka ho, na kyerɛkyerɛ March 1998 Yɛn Ahenni Som no Asɛmmisa Afã hɔ nsɛm no mu.
20 min: “Pii a Yegu no Ma Yenya Nhyira Pii.” Fa nsɛm a egyina December 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 15-16, nkyekyɛm 14-17 so ka ho.
Dwom 220 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 17
Dwom 136
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
20 min: “2002 Yehowa Adansefo ‘Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi’ Ɔmantam Nhyiam.” Ɔkyerɛwfo bedi ho dwuma na ɔde adwene asi nkyekyɛm 4-20 so. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 17 ho a, kenkan Yɛn Som Adwuma nhoma no mu asɛm no fi nhoma no mu tẽẽ.
18 min: “Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ.” Si Kyerɛwnsɛm mu asɛm a afotu no gyina so no so dua, na monkenkan kyerɛw nsɛm no pii nsusuw ho sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 24
Dwom 52
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Awarefo bi a wɔreyɛ adwuma abom wɔ asɛnka mu yɛ sɛnea wɔde kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no bedi dwuma de July 1 ne July 8 nsɛmma nhoma ama no ho ɔyɛkyerɛ. Ɔbea no de Ɔwɛn-Aban no ma na ɔbarima no de Nyan! no ma.
12 min: Ka osuahu ahorow a efi mo adawurubɔfo hɔ kyerɛ anaa yɛ ɔyɛkyerɛ fa (1) adanse a wodi mmusuakuw anaa nnipa a ɛsono kasa a wɔka anaasɛ (2) adanse a wodi wɔ mmeae afoforo a ɛnyɛ afie afie ne mmɔnten so ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnhwehwɛ asɛm a wɔka kyerɛ a ɛne nhomawa ahorow a yɛde bɛma wɔ July ne August mu hyia mfa nsiesie wɔn ho mma dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no.—Hwɛ adaka, “Nhoma Afoforo,” a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no mu.
25 min: “Nea Enti a Yɛdɔ Yɛn Nuanom Nyinaa.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma tẽẽ na wo ne atiefo nsusuw Whole Association video no ho.
Dwom 95 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 1
Dwom 83
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn June asɛnka akontaabu mma. Ma adawurubɔfo nka nhomawa a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔde bɛma wɔ July mu ne asɛm a wɔbɛka akyerɛ ho asɛm.
15 min: Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo! Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka nhomawa yi mu nsɛm a ɛma ɛyɛ adwinnade a etu mpɔn a wɔde kyerɛkyerɛ a ɛbɛboa mmofra ne afoforo a wɔn nhomanim anaa akenkan nkɔ anim no ma wɔasua Yehowa ho ade. Munsusuw ne nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ na ntease wom ho nhwɛso ahorow ho. (Hwɛ adesua 2, 8, ne 12.) Kyerɛ sɛnea yebetumi de mfonini ahorow no adi dwuma de adu osuani no komam. Kyerɛ akwan a yebetumi afa so de nhomawa yi adi dwuma ma mfaso aba so. Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma sua. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa mma wɔ asɛnka mu bere biara a ɛfata.
15 min: “So ‘Wopɛ sɛ’ Woboa Afoforo?” Hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran sɛ wonnya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa.
Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.