Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase December 9
Dwom 193
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wɔde December 15 Ɔwɛn-Aban ne December 22 Engiresi Nyan! no bɛma.
15 min: “Ka Ahenni Ho Asɛm No.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea yɛbɛkenkan asɛm no afi Bible no mu tẽẽ bere a yɛreka asɛmpa no ho ma.—km-TW 12/01 kr. 1, nky. 3.
18 min: Monsow Aba Wɔ Adwuma Pa Nyinaa Mu. Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Monka mo asafo no abakɔsɛm ne nkɔso ho asɛm, na momfa mmɔden a wɔbɔe ma wɔtew asafo no nka ho. Di kan ne ebinom a na wɔwɔ hɔ saa bere no nyɛ nhyehyɛe na wɔnka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ. Munsusuw nkɔso a ebetumi aba ho, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsiyɛ mmoa asafo no nhyehyɛe ahorow.
Dwom 119 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 16
Dwom 29
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛwɔ August ɔsom adwuma ho akontaabu mu no ho asɛm.
13 min: Mmadwemma na Ebehu Ase. (Dan. 12:3, 10) Ɔyɛkyerɛ. Onigyefo bisa sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi agye atom sɛ mo na mote nea Bible no kyerɛkyerɛ no ase paa?” Ɔdawurubɔfo no kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde nsɛmti a wɔahyehyɛ di dwuma bere a wɔreyɛ Bible mu nhwehwɛmu no mu. (w96-TW 5/15 nkr. 19-20) Bere a ɔde Reasoning nhoma no kratafa 112-17 redi dwuma no, ɔkyerɛ sɛnea yɛnam Kyerɛwnsɛm mu nhwehwɛmu a yɛayɛ no yiye so ate atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma asase no ase. Ɔdawurubɔfo no kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi afa ɔkwan koro no ara so ate Bible nkyerɛkyerɛ foforo ase yiye, na ɔyɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.
25 min: “Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a sukuu sohwɛfo di ho dwuma. Ma wonnya sukuu dwumadi foforo a ebefi ase January mu no ho anigye. Twe adwene si krataa a ɛhyɛ October 2002 Yɛn Ahenni Som mu a ɛne “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2003” no mu nsɛm bi so. Kyerɛkyerɛ nea wɔhwehwɛ na ama obi atumi de ne ho ahyɛ sukuu no mu no mu, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 282 no, na hyɛ wɔn a wonnya mfaa wɔn din nhyɛɛ mu no nkuran ma wɔnyɛ saa, sɛ wɔfata a.
Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 23
Dwom 148
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde January 1 Ɔwɛn-Aban ne January 8 Nyan! nsɛmma nhoma no ma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge video no bi mfa nsiesie ne ho mma Ɔsom Nhyiam Dwumadi a wɔbɛyɛ wɔ January 6 dapɛn no mu no.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “So Woboa Ma Yebu Akontaa Pɛpɛɛpɛ?” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, fa Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 106-8 mu nsɛm ka ho.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 30
Dwom 152
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn December asɛnka akontaabu mma. Sɛ mo asafo no bɛsesa bere a mode yɛ mo asafo nhyiam ahorow wɔ afe foforo no mu a, fi ayamye mu hyɛ obiara nkuran ma ɔmmra mmere foforo no daa. Ka nhoma a yɛde bɛma January ho asɛm, na twe adwene si nhoma ahorow a mo asafo no wɔ so titiriw.
15 min: “Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa.” Ɔkasa a egyina August 1997 Yɛn Ahenni Som kratafa 7 so. Wubetumi de June 1996 Yɛn Ahenni Som kratafa 1 hɔ asɛm a ɛfa wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛbɛboa wɔn no mu nsɛm aka ho. Si hia a ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho den na yɛboa afoforo a wohia mmoa no so dua.
20 min: “Monkae Anokwafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim No.” Fa August 1, 1994, Ɔwɛn-Aban, kratafa 29 mu nsɛm ka ho. Ka nsiesiei a wɔayɛ ama wɔn a onyin ne ɔyare ama wɔaka dan mu a ɛne sɛ wobetumi de simma 15 ne akyi abu asɛnka ho akontaa no ho asɛm. Yɛ nhyehyɛe ma nnipa kakra nka osuahu ahorow mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi anya nhyira pii wɔ saafo no a yɛne wɔn bɛbɔ no mu.
Dwom 154 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 6
Dwom 67
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
23 min: Onyankopɔn Mmara a Ɛfa Mogya Ho So a Yebedi Ho Mmoa. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma, a egyina krataa a efi baa dwumadibea no so. Ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo no nya nneɛma a edidi so yi dodow a ɛsɛ a wɔbɛkyekyɛ: “Advance Medical Directive/Release” kratasin, “Identity Card,” akwahosan sohwɛ tumi krataa (DPA), ne “Advance Directive Guide.” Wɔde nkrataa yi bɛmema adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu bere a yɛapɔn anwummere nhyiam yi, nanso ƐNSƐ SƐ wɔhyehyɛ no anwummere yi. Wɔbɛhyehyɛ nkratasin no, adi ho adanse, abɔ date agu so wɔ Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no ase, na nhoma adesua sohwɛfo no aboa wɔ baabi a ehia no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛ krataa no ase sɛ adansefo no hu ankasa sɛ onii no de ne nsa rehyɛ ase. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan “Advance Directive Guide” no yiye ansa na wɔahyehyɛ DPA no awie. Sɛ woahyehyɛ DPA no bi dedaw a, ɛho renhia sɛ wohyehyɛ foforo gye sɛ nea wowɔ mprempren nna nea wopɛ mprempren no adi. Adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu betumi akyerɛw bi ama wɔne wɔn mma denam nkrataa yi mu nsɛm a wɔbɛsakra mu ma ɛne wɔn tebea ne gyidi ahyia no so.
17 min: “Ɛsɛ sɛ Wohwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no Bi.” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Fa nsɛmmisa a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa 7 mu no di dwuma na wo ne atiefo no nsusuw No Blood video no ho ntɛm ara. Ɛno akyi no, kenkan nkyekyɛm a etwa to wɔ adaka no mu no.
Dwom 79 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.