Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase February 10
  • Dapɛn a Efi Ase February 17
  • Dapɛn a Efi Ase February 24
  • Dapɛn a Efi Ase March 3
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase February 10

Dwom 4

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Faithful Under Trials—Jehovah’s Witnesses in the Soviet Union video no mfa nsiesie ne ho mma February 24 dapɛn no Ɔsom Nhyiam no. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde February 15 Ɔwɛn-Aban ne February 22 Engiresi Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de.

10 min: “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo.” Ɔkasa. Ka da a mode bɛyɛ ɔmansin nhyiam a edi hɔ no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkɔ bi na wɔnyɛ aso ntie dwumadi no. Hyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu no nkuran ma wonsusuw fata a wɔbɛfata ama asubɔ no ho. Wɔmmɔ mmɔden titiriw sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn Bible adesuafo.

27 min: “Ka Asɛm no na Di Adanse Fefeefe.”a Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran ma wɔnyɛ akwampaefo aboafo wɔ March ne April mu. Ma wɔn a wɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Nkaedi a etwaam no mu nka wɔn suahu ahorow nkyerɛ. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ nhyehyɛe de yɛɛ akwampae adwuma no? Mmɔdenbɔ ne nsakrae ahorow bɛn na eyi gyei? Anigye ne nhyira ahorow bɛn na wonyae? Ka bere nhyehyɛe ho nhwɛso ahorow a ɛwɔ adaka mu wɔ kratafa 4 no ho asɛm. Kyerɛ wɔn sɛ wobetumi anya akwampaefo aboafo akwammisa nkratasin no bi bere a yɛapɔn nhyiam no.

Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 17

Dwom 48

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

10 min: “Dɛn Ne Ade a Wode Di Kan Wɔ W’asetra Mu?”b Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka sɛnea wɔatumi ayɛ nsakrae wɔ wɔn nsɛm tebea mu na ama wotumi yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.

30 min: “‘Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi’ Ɔmantam Nhyiam So Mfaso Koraa a Yebenya.” Ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua Sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ wode simma biako ka wo nnianim asɛm wie a, fa nsɛmmisa a wɔde ama wɔ asɛm no mu no yɛ atiefo nkɔmmɔbɔ susuw ɔmantam nhyiam dwumadi no ho. Kyekyɛ wo bere no mu yiye. Wubetumi aka nsɛm tiawa de atwe adwene asi nsɛntitiriw no so. Baabi a ɛfata no, bisa atiefo no ma wɔnka sɛnea wɔde nea wosuae no redi dwuma, ne ɛso mfaso a wɔrenya.

Dwom 194 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 24

Dwom 74

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn February asɛnka akontaabu mma. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde March 1 Ɔwɛn-Aban ne March 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de.

10 min: “Mmoa a Wɔde Ma Wɔ Bere a Ɛfata Mu.” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Si so dua sɛ mmɔden soronko a wɔrebɔ de aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no da ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen ne nkurɔfo ho no adi.

25 min: “Video a Ɛbɛma Woanya Nhumu na Akanyan Wo!” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma na wo ne atiefo no nsusuw Faithful Under Trials video no ho ntɛm ara. Kyekyɛ wo bere mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a atiefo no benya kwan ama asɛmmisa a etwa to no ho mmuae pii. Kenkan adaka a ɛwɔ 2002 Yearbook no kratafa 192 no mu nsɛm fa wie.

Dwom 56 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 3

Dwom 77

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nhoma a yɛde bɛma March ho. Bere a wode krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu redi dwuma no, ka nyansahyɛ ahorow a yegyina so de Nimdeɛ nhoma no ma no mu biako anaa abien ho asɛm. Si ofie Bible adesua ahorow ase a yebefi so dua.

15 min: “Bible no Adwene Wɔ Nkonyaayi, Asumansɛm, ne Abayisɛm Ho.”—Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa mu No nhomawa no ti 5 so.

20 min: “Momma Mo Adwenem Ntew Bere a Awiei no Bɛn No.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3-4 ho a, ma atiefo nka honhom fam botae ahorow a wɔredi akyiri mprempren ho asɛm. Fa Som Nyankopɔn nhoma no kratafa 176 mu nsɛm ka ho.

Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena