Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase May 12
Dwom 1
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde May 15 Ɔwɛn-Aban ne June 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Fa ntoboayi ho nhyehyɛe no ka ho.
20 min: Awofo—Mommoa Mo Mma Mma Wonya Nkɔso. Ɔkasa a ɛfa Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 9-12 ne 21-38 mu nsɛntitiriw ho. Hyɛ awofo nkuran ma wɔmfa nsɛm yi bi nyɛ wɔn abusua adesua, a botae no ne sɛ wɔde retete wɔn mma ma wɔanya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu. Twe adwene si nsɛm pɔtee bi a wobetumi de aboa mmofra no ma wɔn ho akokwaw so.
15 min: “Wɔde Asɛmpa no Ahyɛ Yɛn Nsa.”a Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nkyerɛkyerɛ sɛnea wotumi yɛɛ nsakrae wɔ wɔn nsɛm tebea mu ma wotumi nyaa asɛnka adwuma mu kyɛfa pii no mu.
Dwom 46 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 19
Dwom 62
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka “Amanaman Ntam Ahenni Asa Adansi Wɔ Europa Aman Bi So” ho asɛm. Ka sɛ ntoboa a yeyi gu Ahenni Asa Foto no mu na wɔde sisi Ahenni Asa wɔ nsase a wɔn ho nso so ne mo hɔnom baa dwumadibea no asasesin nyinaa mu.
15 min: “Asɛnka Akontaabu a Wɔmfa Mma Ntɛm—So Ɛyɛ Asɛnnennen Ma Wo?”b Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ ɛfata a, ka akontaabu dodow a wɔamfa amma ntɛm wɔ asram asia a atwam mu no ho asɛm.
15 min: “Yi Yehowa Ayɛ Denam Bɔnnɔ So Adansedi So.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, bisa ma atiefo no nka nea wobetumi aka de afi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase wɔ tebea horow a edidi so yi bi mu: (1) bere a wudi santen mu rekotua nneɛma a woatɔ ho ka, (2) bere a wote bɔs mu, (3) ofipamfo bi a ɔreyɛ adwuma wɔ ne mfikyiri, (4) nea wobɛka akyerɛ wo yɔnko dwumayɛni wɔ adwumam, ne (5) nea wobɛka akyerɛ wo yɔnko sukuuni. Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo bi nka mo hɔnom osuahu a ɛkyerɛ sɛnea otumi dii adanse bɔnnɔ so ma ɛsow aba nkyerɛ.
Dwom 135 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 26
Dwom 174
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa May asɛnka akontaabu mma. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde June 1 Ɔwɛn-Aban ne June 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow no biako awiei no, ma wɔmma ofiewura a wannye nsɛmma nhoma no So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no bi.
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa tiawa. Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ telefon so adansedi mu ho nyansahyɛ ahorow a ɛbaa February 2001 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6, nkyekyɛm 12-15 no, anaa afoforo a atumi atu mpɔn wɔ mo asasesin mu no bi ho tiawa.
25 min: “Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware.”c Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Ma atiefo baanu nka sɛnea wɔboaa wɔn ma wosuaa nokware no bere a adawurubɔfo de Bible buaa wɔn nsɛmmisa no. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ asɛm a n’asɛmti ne “Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye” mu no bi nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Bible di dwuma wɔ nsrahwɛ a edi kan mu.—km-TW 12/01 kr. 1 nky. 3-4.
Dwom 188 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 2
Dwom 210
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Munsusuw krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea wɔde Ahwehwɛde nhomawa ne Nimdeɛ nhoma ma no biako anaa abien ho.
20 min: Aware a Nidi Wom—Ɛyɛ Onyankopɔn Ahwehwɛde. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ nsase pii so no, mmarima ne mmea taa bom tra bere a wɔnwaree wɔ mmara kwan so. Ebinom kyerɛ sɛ mfaso wɔ eyi so. Kyerɛ adwene a Bible kura, na si so dua sɛ aware yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe. (rs-E kr. 248-9) Sɛ ɔbarima ne ɔbea bom tra bere a wɔnwaree mmara kwan so a, ɛyɛ aguamammɔ. (fy-TW kr. 17) Nea ɛne adwene a nnipa pii wɔ bɔ abira no, nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ tra a ɔbarima ne ɔbea bom tra ansa na wɔaware no ma asɛm ba gyina a aware no begyina no ho. (g02-E 3/8 kr. 29; g92-E 9/8 kr. 28; g91-E 5/8 kr. 28) Kristofo di Yehowa ni denam n’ahyɛde ahorow a yebedi so no so. Wɔn ankasa nso nam saayɛ so nya mfaso.—Yes. 48:17, 18.
15 min: Ɔkwan Bɛn so na Worenya Mfaso? Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo di ho dwuma. Efi January no, wɔmaa yɛyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ ɔkwan foforo so. Munsusuw sukuu no afã foforo no bi ho tiawa. Si nneɛma pa a afi mu aba no so dua. So asuafo pii de wɔn ho ahyɛ sukuu no mu? So wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛ mu kɛse? Ɔkwan bɛn so na asuafo no renya nhyehyɛe foforo a wɔnam so tu fo no so mfaso? Ma atiefo nka sɛnea wɔn ankasa anya so mfaso, ne sɛnea wɔte nka sɛ nhyehyɛe foforo no bɛboa wɔn daakye ho asɛm.
Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.