Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase May 10
Dwom 193
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa kratafa 4 hɔ nyansahyɛ no yɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ne May 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma abien no nyinaa ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛ sɛnea wodi yɔnko dwumayɛni anaa yɔnko sukuuni adanse.
15 min: “Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin ma a egyina December 8, 1991, Nyan! kratafa 10-12 so. Kyerɛ sɛnea nyansa nnim sɛ Kristoni bɛma TV a ɔbɛhwɛ, agumadibea a ɔbɛkɔ, ne ne ho a ɔde bɛhyɛ agumadi mu no bɛma Kristofo nhyiam ahorow, asɛnka, ne asafo dwumadi ahorow apa ne ti so no mu.
20 min: “Montrɛw Mu.”a Fa nsɛm a ɛwɔ Som Nyankopɔn nhoma no kratafa 150, nkyekyɛm 14 ka ho.
Dwom 18 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 17
Dwom 188
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Kyerɛ W’aseda.”b Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, ma nnipa biako anaa baanu a wɔsomee sɛ akwampaefo aboafo nnansa yi ara no nka nhyira a wɔanya afi mu no ho asɛm nkyerɛ.
20 min: Yesusuw Yɛn Nuanom Ho. (1 Kor. 12:25, 26) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Yɛn Som Adwuma nhoma kratafa 157-9, wɔ asɛmti “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yebesusuw” so. Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo apete wiase nyinaa de, nanso yɛn nyinaa yɛ biako. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mpae ma yɛn nuanom da biara da. Sɛ afoforo ho kyere wɔn nso a, yɛyɛ ntɛm de honam fam mmoa a wohia kɔma wɔn. Kenkan nkyekyɛm no na wo ne wɔn nsusuw kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no ho, na fa osuahu biako anaa abien a efi yɛn nhoma ahorow mu no ka ho.
Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 24
Dwom 128
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Sɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ kratafa 4 no bɛfata ama mo asafo no asasesin a, momfa nyɛ sɛnea mode May 15 Ɔwɛn-Aban ne June 8 Nyan! bɛma no ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo so de ama. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu no, kyerɛ ɔkwan soronko a wobetumi afa so abua obi a osiw nkɔmmɔbɔ ano bere a ɔka sɛ “Mewɔ M’asɔre a Mekɔ” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa, kratafa 7-16.
15 min: “Nnwom a Edwudwo Akoma.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa nsɛm a ɛwɔ 2002 Yearbook, kratafa 175, ne February 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27, nkyekyɛm 1-2 ka ho.
18 min: Siesie Wo Ho sɛ Wubedi Adanse Bɔnnɔ So. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina July 2003 Yɛn Ahenni Som kratafa 3 so. Di kan yɛ nhyehyɛe ma nnipa kakraa bi nka osuahu a ebia wonyae bere a wɔredi adanse bɔnnɔ so no. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa fa kyerɛ sɛnea mubetumi de So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa ne Good News for All Nations nhomawa no adi adanse bɔnnɔ so.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 31
Dwom 26
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn May asɛnka akontaabu mma.
17 min: Nkwa—Akyɛde a Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Ho Anisɔ. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no kratafa 25-6 so. Fa nsɛm a ɛwɔ May 22, 1993, Engiresi Nyan!, kratafa 10-11 no ka ho. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛ Yehowa adwene wɔ yafunu a wotu gu ho mu akyerɛ obi a ɔte nka sɛ ɔbea wɔ hokwan sɛ osi nsɛm a ɛfa n’ankasa nipadua ho gyinae no? Ka osuahu a ɛwɔ January 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 4, nkyekyɛm 4-5 no.
20 min: “Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yɛde Bɛma.” Yɛde nhoma yi bɛma wɔ June mu. Twe adwene si nhoma no mu nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ kratafa 7, nkyekyɛm 1-3 no so. Ma atiefo nka nea wɔn ani gye ho wɔ nhoma no ho nkyerɛ. Tĩ ɔkwan a wɔbɛfa so de ama no ho nyansahyɛ ahorow no mu. Twe adwene si sɛnea wɔde mfonini no bɛkyerɛ bere a wɔde nhoma no rema no so. Ma ɔbabun bi nyɛ ɔyɛkyerɛ a edi kan no, na obi a n’ani afi nyɛ afoforo a aka no mu biako. Sɛ ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a mubetumi afa so de ama ma ɛne mo hɔnom tebea ahyia a, mubetumi asusuw ho na moayɛ ho ɔyɛkyerɛ de asi nyansahyɛ ahorow a edi akyi no bi ananmu.
Dwom 24 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 7
Dwom 136
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Susuw nsɛntitiriw a ɛwɔ “Nsɛm a Ɛboa Ɔmanfo” no mu ho. Bobɔ kasa horow a wɔka wɔ mo asasesin mu no din.
15 min: “Asɛnka Akontaabu a Wɔmfa Mma Ntɛm—So Woka Ho Bi?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm a ɛwɔ May 2003 Yɛn Ahenni Som, kratafa 7 so. Ɛsɛ sɛ asɛnka sohwɛfo di ho dwuma. Ɔsram biara, ɔman yi mu adawurubɔfo bɛboro 4,000 na yɛn nsa nka wɔn asɛnka akontaabu wɔ bere ano. Asafo bɛboro 120 mu akyerɛwfo mfa asɛnka akontaabu mmena baa dwumadibea no ntɛm, efisɛ ebia na adawurubɔfo no mfa mma wɔn ntɛm. Ma asafo no nhu ɔhaw ahorow a ɛwɔ mo hɔnom no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonhu hia a ehia sɛ yedi nokware wɔ asɛm yi mu no.—Luka 16:10.
20 min: Fa Mfatoho a Etu Mpɔn Di Dwuma wɔ Wo Nkyerɛkyerɛ Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina September 1, 2002, Ɔwɛn Aban, kratafa 22-4 so. Nneɛma anan bɛn na ɛma mfatoho tu mpɔn? Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ wobɛma mfatoho ayɛ tiawa? Ɛhefa na yebetumi anya mfatoho a eye? Hwɛ mfatoho ahorow a ɛwɔ adaka mu wɔ kratafa 23 no, na susuw nea ɛma emu biara tu mpɔn no ho.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.