Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/04 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 14
  • Dapɛn a Efi Ase June 21
  • Dapɛn a Efi Ase June 28
  • Dapɛn a Efi Ase July 5
Yɛn Ahenni Som—2004
km 6/04 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase June 14

Dwom 168

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Yɛ sɛnea wɔde June 1 Ɔwɛn-Aban ne June 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ka asɛm no mu biara sɛnea ɛbɛma mo mpɔtam hɔ asɔre bi muni ani agye ho.

15 min: “Yehowa Boa Wɔn a Wɔde Wɔn Ho To No So No.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, fa June 2000 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 nkyekyɛm 12-3 ne Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 67 ne nkyekyɛm 2 mu nsɛm ka ho.

20 min: “Yehowa Adansefo 2004 ‘Mo Ne Onyankopɔn Nnantew’ Ɔmantam Nhyiam.” Ɛsɛ sɛ asafo no ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn nhyiam no ho nhyehyɛe ntɛm ara.

Dwom 7 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 21

Dwom 29

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: “Abɔfo no Reboa Yɛn.”b Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

20 min: Nyansa a Efi Soro no Dwo Anaasɛ Ɛwɔ Ntease. (Yak. 3:17) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 251-2 so. Sɛ́ obi da ntease adi no ɛkyerɛ dɛn? Dɛn nti na ɛho hia wɔ yɛn som adwuma mu? Dɛn na yebetumi asua afi ɔsomafo Paulo nhwɛso no mu? Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo betumi asusuw wɔn asasesin mu nnipa nsɛm tebea ho? Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn Bible asuafo ma wɔada ntease adi? Yɛ nhyehyɛe ma onipa biako anaa baanu nka osuahu a ɛkyerɛ sɛ ntease so wɔ mfaso.

Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 28

Dwom 139

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho akontaabu. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn June asɛnka akontaabu mma. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ (sɛ ɛfata ma mo asasesin no a), yɛ sɛnea wɔde June 15 Ɔwɛn-Aban no ne June 22 Engiresi Nyan! no bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no nni adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu. Wubetumi de nsɛm foforo a ɛfata a wɔka kyerɛ nso adi dwuma.

15 min: Dɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Wonom Nnubɔne? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no kratafa 106-9 so. Nnuru a wɔnom nanso “wɔmfa nsa nyarewa” abu so. Nnipa pii ka sɛ nnuru a ɛte saa a wɔnom no mpira wɔn; ebinom mpo kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ wogye tom wɔ mmara mu. Munsusuw sɛnea yebetumi ne saafo no asusuw nsɛm ho no ho. Fa November 8, 1999 Engiresi Nyan! no kratafa 10 no mu nsɛm ka ho.

18 min: “Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia.”c Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Fa asɛm “Boa W’asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo No” a epuei wɔ November 2002 Yɛn Ahenni Som no kratafa 1 mu nsɛm ka ho.

Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 5

Dwom 3

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Dɛn na Wobɛka? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ July ne August mu no, yɛde nhomawa bɛma. Nhomawa bɛn na adawurubɔfo ahu sɛ etu mpɔn wɔ mo asasesin no mu? Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ July 1998 Yɛn Ahenni Som kratafa 8 anaa dedaw no bi mu no ho. Si so dua sɛ (1) asɛmmisa, (2) kyerɛwsɛm (3) nhoma mu asɛm bi wɔ asɛm a wɔka kyerɛ biara mu. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ no biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Bible no nni dwuma bere a wɔka asɛmpa no kyerɛ no.

20 min: Nea Mmofra Hia Fi Wɔn Awofo Hɔ. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No kratafa 6-7 so. Ɛho hia sɛ mmofra sua Bible nnyinasosɛm a ɛfa nokware som ho na wɔte dwuma titiriw a wɔn awofo di wɔ wɔn ntetee mu no ase. Munsusuw nyansahyɛ a wɔde kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wosua nhoma no ho. Ma awofo nka sɛnea wɔde nhoma yi adi dwuma ho asɛm. Ma abofra biako anaa mmofra baanu nka sɛnea wɔn ani gye nhoma yi ho asɛm nkyerɛ.

Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena