Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/04 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 13
  • Dapɛn a Efi Ase December 20
  • Dapɛn a Efi Ase December 27
  • Dapɛn a Efi Ase January 3
Yɛn Ahenni Som—2004
km 12/04 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase December 13

Dwom 47

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge video no mfa nsiesie ne ho mma nsɛm a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no. Ka nhyehyɛe titiriw a moayɛ a mode bɛkɔ asɛnka December 25 ne January 1 no ho asɛm. Yɛ sɛnea wɔde December 1 Ɔwɛn-Aban ne December 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Yehia Wo Mmoa.” Bisabisa ɔpanyin bi nsɛm tiawa. Ma ɔnka nea ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔpɛe sɛ ɔsom wɔ asafo no mu, ne nea ɛboaa no ma ɔfatae no nkyerɛ.

20 min: “Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa So Di Abusuafo Adanse?” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Ma atiefo nka sɛnea wɔatumi akanyan abusuafo anigye wɔ asɛm no ho na wɔnam so adi wɔn adanse ho asɛm tiawa.

Dwom 17 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 20

Dwom 68

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: “Sɛnea Yenya Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Fa krataa a ɛhyɛ October 2004 Yɛn Ahenni Som mu no mu nsɛm ka ho. Di kan yɛ nhyehyɛe ma onipa biako anaa nnipa baanu nka sɛnea wɔrenya sukuu no so mfaso nkyerɛ.

25 min: “Hwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no na Nya So Mfaso.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama wɔ kratafa 6 hɔ no di dwuma na wo ne atiefo mfa nsusuw No Blood video no ho. Ɛno akyi no, kenkan nkyekyɛm a etwa to no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmra dapɛn a edi hɔ no ma yensusuw nhyehyɛe foforo a ɛbɛboa ma yɛatwe yɛn ho afi mogya ho no ho.

Dwom 50 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 27

Dwom 36

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa December asɛnka akontaabu mma. Ka August ɔsom akontaabu ho asɛm tiawa. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 hɔ no fata mo asafo no asasesin no a, fa yɛ sɛnea wɔde December 15 Ɔwɛn-Aban anaa December 22 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua nsɛm a wɔka de siw nkɔmmɔbɔ kwan a ɛne “Minim mo adwuma no ani so yiye dedaw” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kr. 12.

25 min: Onyankopɔn Mmara a Ɛfa Mogya Ho a Yebedi So. Ɔkasa a ɔpanyin de krataa a efi Betel mu nsɛm ma. Wɔ ɔkasa no mfiase no, ka kyerɛ wɔn sɛ yɛrenhyehyɛ DPA kratasin no anadwo yi. Bere a ɔkasafo no rekenkan nsɛm a wɔakyerɛw no, obetumi akyerɛkyerɛ nsɛntitiriw a ɛwom no mu tiawa de asi so dua, nanso ɛnsɛ sɛ ɔde nhwɛso anaa kyerɛw nsɛm foforo biara ka ho. Sɛ bere wom a, obetumi akenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no. Wɔ beae a ɛfata no, twe adwene si asɛm a ɛwɔ adaka mu a ese “Nhyehyɛe Foforo a Ɛbɛboa Ama Yɛatwe Yɛn Ho Afi Mogya Ho” no so. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ma ɔdawurubɔfo biara a wabɔ asu DPA kratasin ne “Akwankyerɛ a Wɔde Hyehyɛ DPA Kratasin” no bi na aboa wɔn ama wɔadi akyi bere a dwumadi no rekɔ so no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no san hwɛ hu sɛ Identity Cards no dodow a ɛfata wɔ hɔ.

10 min: Dwuma a W’ahonim Di. Ɔkasa a ɔpanyin ma, a egyina June 15, 2004, Ɔwɛn-Aban no kratafa 23-4, nkyekyɛm 16-19 so. Si so dua sɛ, gyinae a ɛsɛ sɛ yegyina yɛn ahonim so si no yɛ aniberesɛm, esiane sɛ ɛfa yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho.

Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 3

Dwom 27

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ January mu ho asɛm.

15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 4.” Bere a wode simma biako pɛ aka nnianim nsɛm a egyina nkyekyɛm 1 so awie no, ma wɔmfa simma anum nyɛ ɔyɛkyerɛ a egyina nkyekyɛm 2-3 so, a ɛrekyerɛ onua bi a ɔyɛ Bible adesua a ɔrekyerɛ osuani sɛnea obesiesie ne ho ama adesua no. Ma ɔmfa Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no mu nkyekyɛm bi nyɛ ɔyɛkyerɛ no. Afei fa nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so na momfa nsusuw nkyekyɛm 2-5 no ho, si nsɛntitiriw a ɛwɔ ɔyɛkyerɛ no mu no so dua.

25 min: “Sua Akenkan ne Akyerɛw.” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Fa ahotoso kasa na kanyan ho anigye. Ka nhyehyɛe foforo a moayɛ ama akenkan ne akyerɛw sukuu no ho asɛm kyerɛ asafo no. Ka nhoma foforo no mu nsɛntitiriw kyerɛ na hyɛ wɔn a wohia bi no nkuran ma wɔnkra bi bere a moapɔn nhyiam no.

Dwom 79 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena