Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/06 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase March 13
  • Dapɛn a Efi Ase March 20
  • Dapɛn a Efi Ase March 27
  • Dapɛn a Efi Ase April 3
Yɛn Ahenni Som—2006
km 3/06 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase March 13

Dwom 41

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde March 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde March Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma adawurubɔfo no mfa asɛm a ɛwɔ Awake! no akyi anaa nsato kratasin no nto nsa mfrɛ afiewuranom mmra Nkaedi no ase.

15 min: “Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso.”a Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ sɛnea yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 206-208 adi dwuma bere a yɛreto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase no.

20 min: Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam. Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a egyina Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 206-208 so. Mma nnianim nsɛm no nni mmoro simma biako na kenkan nkyekyɛm a edi kan no fa kyerɛ sɛnea wobetumi aka Nkaedi no ho asɛm akyerɛ ofiewura no. Bere a morenkenkan nkyekyɛm ahorow no, ma atiefo mmua nsɛmmisa a edidi so yi: (nky. 2) Bere bɛn na Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ? (nky. 3) Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ wodi Awurade Anwummeduan no? (nky. 4) Bible kyerɛkyerɛ Nkaedi no mu dɛn? (nky. 5) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu annan abodoo no ma anyɛ ne nnipadua ankasa, na bobesa no nso annan ne mogya? (nky. 6) Abodoo a mmɔkaw nnim no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (nky. 7) Bobesa no gyina hɔ ma dɛn? (nky. 8) Henanom nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi abodoo no na wɔnom bobesa no bi? (nky. 9) Bere bɛn na wɔyɛ Nkaedi no afe biara, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ bi? Munsusuw kyerɛw nsɛm atitiriw bi ho sɛnea bere bɛma kwan. Hyɛ obiara nkuran na wɔne wɔn Bible asuafo ne afoforo a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn aba Nkaedi no ase no mmom nkenkan nkyekyɛm ahorow no na wonsusuw emu nsɛntitiriw no ho bere a wɔde nsɛmmisa a ɛte sɛ nea wɔde ama wɔ atifi hɔ no di dwuma no.

Dwom 134 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 20

Dwom 18

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ adaka “Nkaedi Ho Nkaebɔ” no ho.

17 min: Kristo Dibea Wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Mu. Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 10-13 so. Sɛ moresusuw nkyekyɛm abien a edi kan wɔ asɛmti ketewa “Nea Kristo Dibea no Kyerɛ” ase no ho a, fa simma abiɛsa anaa anan kyerɛ akwan a mobɛfa so de Nkaedi nsato kratasin no ama, na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Munsusuw nyansahyɛ a wɔde ama wɔ February 2006 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3, nkyekyɛm 3 no ho.

20 min: “Sɛnea Yebefi Adesua Ase Wɔ Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Mu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔyɛkyerɛ ka ho a egyina kratafa 3 wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no so. Yebetumi afi ase ne nkurɔfo a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye ayɛ Bible adesua wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu ntɛm ara. Yɛ nhyehyɛe ma wɔmfa (1) kratafa 4-5, (2) kratafa 6 ne (3) kratafa 7 nkyekyɛm biako no nyɛ ɔyɛkyerɛ abiɛsa a etu mpɔn mfa nkyerɛ sɛnea wofi Bible adesua ase bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ no. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu ansa na wɔayɛ, na sɛ wɔyɛ wie nso a, woatĩ mu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi atew nkyekyɛm dodow a mubesusuw ho wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu so. Sɛ wɔde ɔyɛkyerɛ no mu biara reba awiei a, ma ɔdawurubɔfo no nyɛ nsrahwɛ a edi hɔ ho nhyehyɛe.

Dwom 125 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 27

Dwom 44

13 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn March asɛnka akontaabu mma. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no kyerɛ. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde March 15 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde March Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso kyerɛ sɛnea wɔde nsato kratasin no bedi dwuma de ato nsa afrɛ anigyefo aba Nkaedi no ase.

12 min: Hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no Mu Daa ma Ɛnhyɛ Wo Den. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a egyina nnianim asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2006 de no so. Yɛ nhyehyɛe ma abusua bi nyɛ nnɛ daa asɛm a wɔresusuw ho no ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: Hu Yɛn Adwinnade Foforo a Yɛde Bɛkyerɛkyerɛ no Mu Nsɛm Yiye. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nka nneɛma a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu a wɔn ani gye ho, te sɛ nsɛmmisa a wɔde fi ti biara ase ne ntĩmu adaka a wɔde bɔ ti biara mu nsɛntitiriw mua (kr 106, 114), mfonini (kr. 122-123, 147, 198), ne nkekaho (kr. 197, nky. 1-2) no ho asɛm. Ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw nhoma no yɛ ahomeka (kr. 12, nky. 12). Nkyerɛkyerɛmu no mu da hɔ na ɛyɛ tẽẽ (kr. 58, nky. 5) mfatoho a ɛwom no ma wutwa tebea no ho mfonini wɔ w’adwenem (kr. 159, nky. 12). Wɔasiesie nhoma no nnianim nsɛm no ɔkwan bi so a ebetumi aboa yɛn ma yɛafi Bible adesua ase (kr. 3-7). Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde adaka a ɛwɔ kratafa 7 no mu nsɛm bɛkyerɛkyerɛ Bible suani foforo no ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnka osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wɔanya bere a wɔde nhoma foforo no reyɛ adwuma no nkyerɛ.

Dwom 16 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 3

Dwom 199

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka “Nya Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yebesua no Mu Anigye” a ɛwɔ kratafa 6 wɔ February 2006 Yɛn Ahenni Som mu no ho asɛm tiawa. Twe adwene kɔ nhyehyɛe a wɔde besua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no so. Afei nso kyerɛ sɛnea wɔde nsato kratasin no bedi dwuma de ato nsa afrɛ anigyefo aba Nkaedi no ase.

10 min: Onyankopɔn Da So Ara Di Wiase So? Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a egyina asɛm a ɛwɔ April 1, 2006, Ɔwɛn-Aban no akyi so. Fa hokwan biara a wubenya no to nsa frɛ nkurɔfo ma wommetie ɔkasa titiriw no bi. Hwɛ sɛ wobɛto nsa afrɛ wo Bible asuafo nyinaa ne wɔn abusuafo a wo ne wɔn nyɛ Bible adesua no nso. To nsa frɛ anigyefo a wunim wɔn ne afoforo a wuhyia wɔn wɔ asɛnka mu no ma wommetie ɔkasa yi bi. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban no bedi dwuma bere a wɔreto nsa afrɛ obi a wayɛ mmerɛw ne obi a ɔmma asafo nhyiam bio no ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: “Kyerɛkyerɛ Ahobrɛasefo ma Wɔnnantew Onyankopɔn Kwan So.”b Fa asɛm a ɛwɔ July 1, 2004, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16, nkyekyɛm 9 no ka ho.

Dwom 170 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena