Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/07 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase February 12
  • Dapɛn a Efi Ase February 19
  • Dapɛn a Efi Ase February 26
  • Dapɛn a Efi Ase March 5
Yɛn Ahenni Som—2007
km 2/07 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase February 12

Dwom 52

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde February 1 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde February Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “M’ani nnye nyamesom ho” de siw nkɔmmɔbɔ kwan no. (Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, kr. 9) Wɔ ɔyɛkyerɛ foforo mu no, ma ɔdawurubɔfo a ɔreyɛ adwuma wɔ asasesin a nnwuma wom mu nyɛ sɛnea ɔde February 15 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde February Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

35 min: “Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ.”a Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ mususuw ho du mmeae a ɛfata a, ka bere ne beae a mobɛyɛ Nkaedi no, nhyehyɛe foforo a moayɛ aka asɛnka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ dedaw no ho, ne akwampaefo aboafo dodow a mopɛ sɛ mo asafo no nya wɔ April mu no kyerɛ. Sɛ mususuw nkyekyɛm 3 no ho wie a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi reto nsa afrɛ obi a ɔkɔ ne hɔ sankɔhwɛ aba Nkaedi no ase.

Dwom 147 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 19

Dwom 198

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka October Ɔsom Akontaabu no ho asɛm tiawa na kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔde wɔn asɛnka akontaabu baa ntɛm. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.

20 min: “Sɛ Wode Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Reyɛ Adesua a, Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 6 no ho a, ma ɔdawurubɔfo bi mfa adaka a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 6 no awiei ne ne Bible suani no nyɛ saa ti no mu ntimu ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

17 min: Wubetumi Afi Bible Adesua Ase wɔ March Mu? Atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ adapɛn abien a edi kan wɔ March mu no, yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma, a atirimpɔw no ne sɛ yɛde befi Bible adesua ase. Tĩ nyansahyɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ March 2006 Yɛn Ahenni Som mu, kratafa 3-6 no mu. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 6 no mu biako anaa asɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no ho ɔyɛkyerɛ. Ma atiefo nka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wɔde nhoma no redi dwuma, titiriw bere a wɔde fii Bible adesua ase no.

Dwom 220 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 26

Dwom 29

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa February asɛnka akontaabu mmra. Nya Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa no so Mfaso. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina nnianim asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2007 de no so. Susuw hia a ehia sɛ obiara gye bere kakra da biara de susuw kyerɛwsɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no ho. Di kan yɛ nhyehyɛe ne onipa baako anaa nnipa baanu nsusuw nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde susuw kyerɛwsɛm no ho ne sɛnea aboa wɔn no ho. Susuw 2007 afe asɛm no ho tiawa fa wie.

15 min: “Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No.”c Fa May 1, 2004, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21-22, nkyekyɛm 13-16 mu nsɛm ka ho.

15 min: “Suasua Kristo wɔ W’asɛnka Adwuma no Mu.”d Ma atiefo nkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no na wɔnkyerɛkyerɛ mu sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 18 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 5

Dwom 32

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma obiara krataa titiriw a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase no biako, na ka nhyehyɛe a moayɛ a mode bɛkyekyɛ wɔ mo asasesin no mu ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ mu yiye. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi de krataa titiriw yi ato nsa afrɛ afoforo.

15 min: Asɛmpa no a Yɛbɛka wɔ Ɔkwan a Ɛfata So. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no so fi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 102 kosi ti no awiei.

15 min: “Wɔde Ademude Bi Ahyɛ Yɛn Nsa.”e Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 104 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena