Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/07 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase May 14
  • Dapɛn a Efi Ase May 21
  • Dapɛn a Efi Ase May 28
  • Dapɛn a Efi Ase June 4
Yɛn Ahenni Som—2007
km 5/07 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase May 14

Dwom 205

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ne May Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: Ahenni Adwuma a Yɛbɛboa wɔ Asafo a Yɛwom ne Wiase Nyinaa. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde ti 12 so.

15 min: “Ɔno na Ɔma Nea Wabrɛ Tumi.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 1 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 21

Dwom 41

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw Asɛmmisa Afã no ho.

15 min: Wubetumi Asua Kasa Foforo! Ɔkasa a egyina March 2007 Awake! no kratafa 10-12 so. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ yebesua kasa foforo, a adwene no ne sɛ yɛde bɛtrɛw asɛmpa no mu so dua.

20 min: “So Wokamfo Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?”b Fa nnaka a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 143-144 mu nsɛm ka ho.

Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 28

Dwom 46

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn May asɛnka akontaabu mma. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde May 15 Ɔwɛn-Aban ne May Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Momfa Creator anaa Abusua Mu Anigye nhoma no mma wɔ June mu. Da nhoma no mu nsɛm a ɛfata ma yɛn bere yi bi adi, na yɛ sɛnea wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu de nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ. Ma atiefo nka nneɛma pa a afi nhoma yi a wɔde ama amannifo anaa abusuafo mu aba no nkyerɛ.

20 min: “Kyerɛkyerɛ Wo Mma ma Wonyi Yehowa Ayɛ.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, fa July 2005 Yɛn Ahenni Som no kratafa 7 mu nsɛm ka ho.

Dwom 169 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 4

Dwom 99

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Asɛnka mu osuahu ahorow. Ka osuahu a akwampaefo aboafo ne adawurubɔfo afoforo a wɔyɛɛ adwumaden de maa wɔn asɛnka kɔɔ anim wɔ March, April ne May mu no nyae kyerɛ. Afei nso, ka osuahu ahorow a ɛfa wɔn a wɔsan kɔɔ wɔn a wɔmaa wɔn nsɛmma nhoma no nkyɛn a na atirimpɔw no ne sɛ wobefi Bible adesua ase ho kyerɛ. Mubetumi ayɛ osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran no mu biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

30 min: “Afe 2007 ‘Munni Kristo Akyi!’ Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam.”d Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Kyerɛ nhyiam a mo asafo no bɛkɔ bi ne nna a wɔde bɛyɛ a ɛwɔ kratafa 6 wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu no. Tĩ asɛm a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa 5 mu no fa wie. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ ɔmantam nhyiam no ho nhyehyɛe ntɛm ara.

Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena