Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 13
Dwom 20
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde August 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde August Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no mfa nyansahyɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 3 nkyekyɛm 3 no mu biako nni dwuma mfa asɛmmisa bi a obebua wɔ sankɔhwɛ mu nsi hɔ.
15 min: “Yehowa a Yɛbɛsom No sɛ Abusua.”a Ma atiefo nka sɛnea wɔanya asɛnka a wɔkɔ sɛ abusua no so mfaso nkyerɛ. Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw asɛm a wɔbɛka no ho.
18 min: “Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, fa Nhyehyɛe nhoma no kratafa 41 nkyekyɛm 2 mu nsɛm ka ho.
Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 20
Dwom 100
15 min: Asafo mu nkaebɔ. “Ahenni Asa Adansi Adwuma—Ade a Ɛho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu.”c Bisabisa obi a wanya Ahenni Asa ahorow a wosisi anaa wɔsan siesie no mu kyɛfa no nsɛm.
15 min: Fi Bible Adesua Ase wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan Mu wɔ September Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ September mu no, yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛne ofiewura no besusuw nkyekyɛm kakra ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Munsusuw krataa a ɛhyɛ March 2006 Yɛn Ahenni Som mu no mu nyansahyɛ ahorow ho, na ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien a ɛkyerɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu.
15 min: Ahobrɛase ma Teokrase Nhyehyɛe so Mfaso a Yebenya. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 15 so.
Dwom 6 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 27
Dwom 98
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde August 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde August Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: ‘Momfa Ahonyade a Ɛnteɛ Nyɛ Nnamfo.’ Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina December 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no kratafa 13-18 so.
25 min: “Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu.”d Bisabisa wɔn a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo nnansa yi no mu baako anaa baanu nsɛm. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ wɔn nhyehyɛe mu? Ɔkwan bɛn so na wonyaa so mfaso? Wɔn a wubebisabisa wɔn nsɛm no mu baako betumi ayɛ obi a esiane sɛ n’abusuafo boaa no nti na otumi yɛɛ akwampaefo boafo adwuma no. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 9 ho na sɛ munim da a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo a, ka ho asɛm.
Dwom 196 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 3
Dwom 50
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka April Ɔsom Akontaabu no ho asɛm tiawa, na kamfo anuanom nyinaa sɛ wɔde wɔn akontaabu baa ntɛm. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn August asɛnka akontaabu mma.
15 min: “Yɛn Ani Sɔ Hokwan Ahorow a Yɛwɔ no Yiye!”e Sɛ bere ma kwan a, ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no mu asɛm.
20 min: “Sɛnea Yɛne Wɔn a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Befi Bible Adesua Ase.”f Fa nkyekyɛm 2 no mu nyansahyɛ biako yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi ka ho. Kae adawurubɔfo sɛ wobetumi abu Bible adesua ho akontaa bere a wɔayɛ adesua no mprenu wɔ bere a edi kan a wɔne onii no yɛɛ adesua ho nhyehyɛe no akyi na wogye di sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ adesua no.
Dwom 2 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
f Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.