Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/08 kr. 2-7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 5/08 kr. 2-7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko akɔ anigyefo foforo a wɔbaa Nkaedi no na wobetiee ɔkasa titiriw no nanso wɔne asafo no mmɔ kɛse no nkyɛn. Nsrahwɛ a ɛtete saa no atirimpɔw ne sɛ yɛne wɔn a wɔne obiara nyɛ Bible adesua no befi bi ase. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. July ne August: Momfa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi no mma.

◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no san kenkan krataa a wɔkyerɛw no October 6, 2006 a ɛfa ahosiesie a wɔbɛyɛ ama asiane ho no, na wɔhwɛ hu sɛ wɔwɔ ɔdawurubɔfo biara ho nsɛm a entwaam. Wɔ mmeae a asiane taa sisi no, ɛsɛ sɛ wogye nnipa afoforo a wobetumi ne wɔn adi nkitaho wɔ tebea a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm mu ho nsɛm fi adawurubɔfo hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ tebea a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm akyi no, mfaso wɔ so sɛ, sɛ adawurubɔfo betu kwan akodi nna pii, sɛ ebia wɔrekodi akwamma anaa wɔrekɔyɛ honam fam adwuma anaa wobegye wɔn ato ayaresabea ne nea ɛkeka ho a, ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo.

◼ Yɛrekae Ahenni Asa Sohwɛ boayikuw ahorow no sɛ wɔnhwɛ nsiesie Ahenni Asa no ho biribiara a ɛfata sɛ wɔyɛ no seesei. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan CN-14 krataa a ɛda wɔn nneɛma mu no bio na ama wɔahu nneɛma a aka wɔ Ahenni Asa no ho a ɛsɛ sɛ wosiesie. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo aguamtrafo hwɛ ma wodi ho dwuma ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena