Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase May 12
Dwom 134
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ne May Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnsan nsusuw asɛm a wɔde ama a wɔbɛka de June 1 Ɔwɛn-Aban ne June Awake! ama no ho bere a ɔresiesie ne ho akɔ asɛnka no.
15 min: “Momfa Me Kɔndua Nto Mo ho So.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
20 min: Nnipa Anokwafo Nhyira Bɛdɔɔso. (Mmeb. 28:20) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Ka sɛnea Yehowa hyiraa mmɔden a asafo no bɔe de yɛɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ March, April, ne May mu so no ho asɛm, na kamfo wɔn. Ka nnipa dodow a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo, Bible adesua foforo dodow a wofii ase, ne nneɛma pa a wotumi yɛe wɔ asɛnka mu no ho asɛm. Ma atiefo nka osuahu ahorow a wonyae wɔ Nkaedi no ne ɔsatu a yɛyɛe de too nsa frɛɛ afoforo baa ase no ho asɛm. Wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ akwamma bere mu? Ka Nhyehyɛe nhoma no kratafa 112-113 a ɛfa ɛho ahwehwɛde ho no ho asɛm. Ma wɔn a wɔde wɔn adwumam ahomegye bere yɛɛ akwampaefo aboafo no nka nhyira a wonyae ho asɛm. Bisa wɔn a bere bi wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ sukuu akwamma bere mu ma wɔnka sɛnea afoforo hyɛɛ wɔn nkuran na wɔboaa wɔn no ho asɛm. Ɔkwan bɛn so na akwampaefo aboafo adwuma no boaa wɔn ma wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛɛ den? Anigye bɛn na wonyae? Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo no nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyem wɔ akwamma bere mu.
Dwom 187
Dapɛn a Efi Ase May 19
Dwom 47
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma asɛm a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no. Ka Asɛmmisa Afã no ho asɛm.
15 min: “Yensiesie Yɛn Ho Mma Adwuma Pa Biara.”b Ma atiefo nka sɛnea wosiesie wɔn ho ma afie afie asɛnka ne bere a wɔyɛ saa.
20 min: Fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma wɔ June mu. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Tĩ nsɛm a wɔka kyerɛ ho nhwɛso a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ March 2006 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien. Kyerɛ sɛnea wobetumi de nhoma no ama, ne afei sɛnea wɔbɛyɛ sankɔhwɛ a botae no ne sɛ wobefi Bible adesua ase.
Dwom 206
Dapɛn a Efi Ase May 26
Dwom 103
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn May asɛnka akontaabu mma. “Wubetumi Anya Nhyira Pii!”c Ka ahwehwɛde a ɛma obi tumi yɛ daa ɔkwampaefo a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 113-114 no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wofi akwampae adwuma ase September 1 no de wɔn akwammisa krataa ba ntɛm ara.
30 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 1.”d Munsusuw nkyekyɛm 1-8 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ nhwɛso pa wɔ asɛm yi ho di ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔapaw no. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma dapɛn a edi hɔ de no.
Dwom 59
Dapɛn a Efi Ase June 2
Dwom 177
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ January Ɔsom Akontaabu mu no ho asɛm tiawa, na kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔde wɔn akontaabu baa ntɛm.
40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 1.”e Munsusuw nkyekyɛm 9-17 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛɛ dwumadi yi dapɛn a etwaam no ara di eyi ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔapaw no. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho. Si hia a ehia sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden de afotu a ɛfa ayiyɛ ho no di dwuma no so dua.
Dwom 2
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.