Ɔfã 1—Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom
1. Ɔkwan bɛn so na owu ka yɛn nyinaa, na nsɛnnennen bɛn na Yehowa adansefo hyia bere a wɔn dɔfo bi awu no?
1 Owu ama adesamma ahu amane fi teteete. Ɛka Onyankopɔn nkurɔfo nso. Sɛ nokware Kristofo nnamfo anaa wɔn abusuafo wu a, wodi awerɛhow paa sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 11:33, 35) Sɛ ɔdɔfo bi wu a, ɛyɛ den sɛ yebegyina ano, na nea ne biribi awu no nso hia yɛn mmoa ne awerɛkyekye. Eyi te saa titiriw wɔ mmeae a gyidihunu ne awufo ho suro agye ntini no. Wɔ mmeae a ɛtete saa no, ebia Kristoni a ade atɔ n’ani no abusuafo a wɔnyɛ gyidifo ne afoforo bɛhyɛ no ma ɔde ne ho ahyɛ ayiyɛ ho amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ɛyaw a owu de ba ano bere a yɛmfa yɛn ho nhyɛ ayiyɛ ho amanne a Onyankopɔn mpɛ mu?
2. Tebea bɛn na awufo wom, na dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛka sɛ awufo nnim biribiara no?
2 Hu Owu ho Nokwasɛm: Nea Bible ka ara ne sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [adesamma damoa], a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnk. 9:5, 6, 10; Dw. 146:4) Sɛ obi wu a, onnim biribiara bio. Onni atenka, ontumi nkasa, na ontumi nte nea afoforo reka anaa wɔreyɛ ase. Wɔ nokware Kristofo fam no, eyi yɛ Bible nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a obi awu no.
3. (a) Ɛhe na gyidi a ɛne sɛ awufo honhom tumi boa ateasefo anaasɛ wɔhaw wɔn no fi? (b) Ɔkwan bɛn so na Romafo 12:9 boa Yehowa nkurɔfo nyinaa ma wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ atoro nkyerɛkyerɛ yi ho?
3 Hwɛ Yiye wɔ Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɛe Onyankopɔn Din Ho: Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa wɔ Eden turo no mu pefee sɛ sɛ wobu Ne mmara so a, ‘owu na wobewu.’ (Gen. 2:17) Nanso Satan ka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wobu Onyankopɔn mmara so a, ɛnyɛ owu na ‘wobewu.’ (Gen. 3:4) Akyiri yi, Satan kaa atosɛm foforo: Ɔkae sɛ awufo nwui ankasa na mmom wɔwɔ honhom atrae, na wonim nea ɛrekɔ so. Saa atosɛm yi guu Yehowa ne ne din ho fĩ. Wɔ Yehowa asomfo fam no, gyidi a ɛne sɛ awufo nim nea ɛrekɔ so na wotumi boa ateasefo anaa wɔhaw wɔn no yɛ atoro nkyerɛkyerɛ ankasa. Ɛyɛ ɔkwan titiriw a Satan nam so daadaa nkurɔfo ma wonhu Bible mu nokware no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no nyinaa kyi saa nkyerɛkyerɛ yi! (Rom. 12:9) So wukyi?
4. (a) Ɔkwan bɛn so na Deuteronomium 18:9-13 boa yɛn ma yɛte sɛnea Yehowa te nka wɔ amanne a ɛho ntew ho? (b) Sɛnea 2 Korintofo 6:15-17 kyerɛ no, su bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo da no adi wɔ amammerɛ anaa amanne a ɛkyerɛ sɛ awufo nim nea ɛkɔ so na wobetumi aboa ateasefo anaasɛ wɔahaw wɔn no ho?
4 Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amammerɛ anaa amanne biara a ɛkyerɛ sɛ onipa wu a na onwui ankasa no ho koraa. (Deut. 18:9-13) Afeha a edi kan Kristofo no nso amfa wɔn ho anhyɛ amanne a ɛte saa mu. (2 Kor. 6:15-17; Adi. 21:8) Ɛnnɛ nso, ɛmfa ho abusua anaa ɔman a Yehowa Adansefo fi mu no, wɔpo gyidi a ɛne sɛ awufo nim nea ɛrekɔ so na wobetumi aboa ateasefo anaa wɔahaw wɔn no nyinaa.
5. (a) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn wɔ ayiyɛ ho amanne ho? (Fa toto Yohane 19:40; Leviticus 21:5; Deuteronomium 14:1, 2 ho.) (b) Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Hebrifo 5:14 no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ na yɛamfa yɛn ho anhyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛho ntew mu?
5 Susuw Amanne Ahorow no Ho: Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ ɛnyɛ ayiyɛ ho amanne nyinaa na efi atoro nkyerɛkyerɛ yi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde ‘nwera a aduhuam wom kyekyeree Yesu amu sɛnea Yudafo afunsie ho amanne te.’ (Yoh. 19:40) Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo poo amanne afoforo a ɛkyerɛ sɛ awufo nwui ankasa no koraa. (Lev. 19:28; 21:5; Deut. 14:1, 2) Ɛnnɛ, wɔ wiase nyinaa no, gyidi a ɛne sɛ awufo nim nea ɛrekɔ so no na akɔfa owu ho amammerɛ ne amanne pii aba no. Saa ara na ɛte wɔ Ghana ha. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn ‘adwene tumi bedi dwuma na yɛatete no ma atumi ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Heb. 5:14) Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu amanne a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ hyia ne nea ɛne no nhyia. Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn wɔ saa asɛm yi mu?
6. (a) Sɛnea 2 Korintofo 6:14-17 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? (b) Sɛnea Atemmufo 2:12 kyerɛ no, sɛ yɛde yɛn ho hyɛ ayiyɛ ho amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so mu a, na yɛreyɛ dɛn?
6 Fa Nnyinasosɛm no Yɛ Adwuma: Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no ne wɔn a wonnye nni no twe kɔndua koro. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Bible mu sɛ: “‘Mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew.’” (2 Kor. 6:14, 17) Bere a nnyinasosɛm yi wɔ yɛn adwenem no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ ‘So ayiyɛ ho amanne ne gyidi bi a ɛkyerɛ sɛ awufo honhom betumi aboa ateasefo anaasɛ wɔahaw wɔn no wɔ biribi yɛ?’ Sɛ amanne no te saa a, ɛnde yɛrentumi mmu no sɛ ɛyɛ ayiyɛ ho amanne a asɛm biara nni ho. Ade a ɛte saa a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho rehyɛ atoro som mu. Nokware Nyankopɔn no ani rennye ho, na ɛbɛma Yehowa bo afuw.—Fa toto Atemmufo 2:12 ho.
7. (a) Nnyinasosɛm a ɛho hia bɛn na ɛwɔ 1 Korintofo 10:32 a ebetumi aboa yɛn wɔ asɛm yi mu? (b) Dɛn na Luka 11:52 ne Mateo 18:6 ka kyerɛ yɛn wɔ sɛnea Yehowa te nka wɔ hintidua a yɛbɛto afoforo no ho?
7 Yehu nnyinasosɛm a ɛto so abien no wɔ 1 Korintofo 10:32: “Monhwɛ na moanto Yudafo ne Helafo ne Nyankopɔn asafo no hintidua.” Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm yi ayɛ adwuma? Wonim Yehowa Adansefo yiye sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nokware a ɛne sɛ awufo nnim nea ɛrekɔ so, na wontumi mmoa ateasefo anaa wɔnhaw wɔn. Ɛnde sɛ asafo no muni bi de ne ho hyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛkyerɛ sɛ osuro awufo no mu a, dɛn na ɛbɛba? Amanne a ɛte saa a ɔde ne ho bɛhyɛ mu no betumi ato wɔn a wonim nea Yehowa Adansefo gye di na wɔkyerɛkyerɛ no hintidua. Sɛ wɔto afoforo hintidua a, ɛma Yehowa werɛ how, na ɛremma nkurɔfo ntie Ahenni asɛm no nso.—Mat. 18:6; Luka 11:52.
8. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛda nsow wɔ wiase no ho? (Kenkan Filipifo 2:15 na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm yi ho.) (b) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn gyinaesi?
8 Munkyi Bɔne: Sɛ wɔn a wonnye nni de wɔn ho hyɛ amanne a ɛte saa mu a, wɔntaa nhu sɛ wɔde wɔn ho rehyɛ atoro som mu, na mpɛn pii no, ɛyɛ a wɔnte nea enti a yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanne a ɛho ntew mu no ase. Enti ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi adeyɛ a ɛte saa ho, na ɛbɛsɔ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nokwaredi ahwɛ. Nanso, yɛpɛ sɛ yɛyɛ “nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔyɛ kronn.” (Filip. 2:15) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma ‘yekyi bɔne na yɛbata adepa ho.’ (Rom. 12:9) Yenim paa sɛ enye, na mpo ɛyɛ nyaatwom sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ amanne biara a ɛkyerɛ sɛ awufo nim nea ɛrekɔ so, na wobetumi aboa ateasefo anaasɛ wɔahaw wɔn no mu. Ma yennyina nnyinasosɛm ahorow yi so nhwehwɛ ayiyɛ ho amanne ahorow a ɛwɔ yɛn man yi mu no bi mu.
Amanne a Wɔyɛ Ansa na Wɔasie Amu No
9. (a) Sɛ wɔreguare amu no asiesie ansa na wɔakosie a, amanne bɛn na wɔtaa yɛ? (b) Dɛn nti na ebinom yɛ saa nneɛma yi?
9 Amu no a Wosiesie: Esiane ahotew nti, ebetumi aba sɛ wobeguare amu no ansa na wɔasie. (Aso. 9:37) Nanso bere a wɔresiesie amu no, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ amanne biara a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia a ɛkyerɛ sɛ nea wawu no rekɔ ‘wiase foforo bi mu.’ Sɛ wɔn a wosuro awufo no resiesie amu no a, anhwɛ a wobegu nsã na wɔabubu ne bɔwerɛw, na wɔayi ne ho nhwi a akyiri yi wɔbɛsan akosie. Wɔde nhyira nsu ne nhabamma guare amu no. Ebia wɔde asumanne ne nneɛma afoforo bɛhyɛ owufo no ntade anaa adaka no mu. Ebinom gye di sɛ, sɛ ebesi owufo no yiye wɔ ahonhom atrae a, ehia sɛ wɔyɛ eyinom nyinaa ma no.
10. (a) Sɛ na nea wawu no yɛ gyidini a, dɛn nti na ɛrenyɛ papa sɛ yegyaw amu no ma abusuafo a wonnye nni no ma wosiesie ansa na wɔakosie? (b) Sɛ abusuafo a wonnye nni no de anuɔden gye amu no siesie a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
10 Wɔ mmeae bi no, ɛyɛ amammerɛ sɛ abusuafo binom na wosiesie amu no ansa na wɔakosie. Sɛ na nea wawu no yɛ gyidini a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara hwɛ sɛ abusuafo a wonnye nni no remfa amu no nkɔyɛ abosonsom amanne biara wɔ sum ase. Eyi yɛ ade a sɛ yɛn nua a wawu no te ase a anka n’ani rennye ho. Nanso yɛn mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, sɛ abusuafo a wonnye nni no de anuɔden gye amu no fi yɛn nsam a, yɛbɛhwɛ sɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ biribiara a ɛne Kristofo gyidi nhyia mu. Nim a yenim sɛ wɔn a wonnye nni no ntumi nyɛ biribiara a ɛbɛka nkwa a daakye yɛn dɔfo yi benya no betumi akyekye yɛn werɛ. Odii Onyankopɔn nokware kosii owu mu ma enti ɔwɔ Yehowa nkae mu.
11. (a) Sɛ Kristoni biribi wu na osi gyinae sɛ ɔrenneda no a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia no? (b) Sɛ ɔbɛdeda amu no nso a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
11 Amu a Wɔdeda No:a Sɛ́ wɔbɛdeda amu no anaa wɔrenyɛ saa no yɛ ankorankoro asɛm. Sɛ biribi nti Kristofo abusua bi si gyinae sɛ wɔrenyɛ amanne a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia wɔn. Sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛdeda amu no a, ɛsɛ sɛ wosusuw ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛrenyɛ kyenkyerenn, na ama afoforo akyerɛ obu ama Kristofo gyidi.
12. (a) Amanne bɛn na wɔn a wonnim nokware no yɛ ansa na wɔasie wɔn amu? (b) Dɛn nti na ɛremfata sɛ nokware Kristofo bedi nneyɛe a ɛtete saa akyi?
12 Wɔ mmeae bi no, wɔtaa de amu no to mpa bi a wɔahyɛ da asiesie so. Sɛ owufo no yɛ ɔbea a, ebia wɔde ayeforo atade fitaa bɛhyɛ no, na wɔde agude ne nhene ahyehyɛ no kɔsɔɔ, na wɔasiesie n’anim ma aboro so. Abɛyɛ amanne sɛ wɔyɛ owufo no mfonini gu ntade ne duku mu, ade a wɔde safe sa so, papa so, nkuruwa ne nneɛma afoforo ho. Wɔyɛ eyi kyekyɛ de yɛ ayi no. Afei nso, wɔyɛ owufo no mfonini nketewa ma wɔn a wɔba ayi no ase no de bobɔ wɔn ntade mu. So nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ wiase no nneyɛe a ɛte saa mu? Dabi. Bio nso, saa a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ yɛresom owufo no.
13. (a) Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm foforo bɛn na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛntwe yɛn ho koraa mfi wiase amanne ho? (Kenkan 1 Yohane 2:15, 16, na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm yi ho.) (b) Sɛ yedi amanne a ɛte saa akyi a, dɛn na ɛde bɛba Yehowa din ne ne nkurɔfo so? (Kenkan Efesofo 5:10, 11, 15, 16, na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm yi ho.)
13 Bere a ebia Bible nka akwan a wɔfa so yɛ ayi ho nhyehyɛe nyinaa ho asɛm no, Kristofo a wɔn ho akokwaw nim sɛ guasodeyɛ a ɛte saa no ‘mfi Onyankopɔn, na mmom efi wiase.’ (1 Yoh. 2:15, 16) Nneyɛe a ɛte saa a yebedi akyi no bɛma wɔn a wonnye nni no anya hokwan ayɛ nneɛma a ɛmfata te sɛ osu a wosu teɛteɛm denneennen, sika ne nneɛma afoforo a wɔde bɛma owufo no akɔ, owufo no a wobebutuw no so na wɔakasa akyerɛ no tẽẽ te sɛ nea ɔte ase. Sɛ eyi kɔ so wɔ Kristoni bi ayi ase a, ɛde ahohorabɔ bɛba Yehowa din ne ne nkurɔfo so. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asomdwoe mu ma afata nokware Kristofo ne sɛ, yɛbɛtwe yɛn ho afi amanne a ɛte saa a wɔn a wɔwɔ honhom mu sum mu taa yɛ no ho.—Efe. 5:15-17.
14. (a) Dɛn ne “apɛsi”? (b) Bere bɛn na wɔtaa de amu no ba fie ansa na wɔakosie? (d) Dɛn na nkurɔfo taa yɛ wɔ apɛsi ase, na dɛn nti na wosusuw sɛ eyi ho hia? (e) Dɛn nti na eye sɛ nokware Kristofo twe wɔn ho fi apɛsi ho?
14 Apɛsi: Apɛsi yɛ bere a nkurɔfo hyiam wɔ owufo no fie anaa baabi foforo, na wɔtra amu no ho anadwo mũ nyinaa. Apɛsi taa fi ase anwummere na ɛtoa so kosi ɔdasum. Ɛsono saa amanne yi ɛnna ɛsono sɛ obi rekɔsra abusua a ade atɔ wɔn ani no wɔ bere a ɛfata mu na wakyekye wɔn werɛ. Mpɛn pii no, sɛ ade rebɛkye ma wɔasie amu no a na wɔde ba fie. Nkurɔfo hyia anadwo mũ no nyinaa to dwom, bɔ mpae, na wɔkamfo owufo no. Wosusuw sɛ eyi a wɔbɛyɛ no ho hia na abɔ amu a wonsiei no, ne abusuafo a wɔte ase no ho ban afi ahonhommɔne ho. Esiane sɛ saa amanne yi kura adwene a ɛne sɛ awufo honhom da so te ase nti, nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ apɛsi ho nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia yi mu. Sɛ yesi pɛ bere tiaa bi mpo a, yɛrentumi nsi yɛn bo nka sɛ ‘yekyi bɔne.’—Rom. 12:9.
15. (a) Dɛn na Adansefo binom yɛ bere a onua bi awu no? (b) Sɛ yɛyɛ eyi a, adwene bɛn na yebetumi ama afoforo anya? (d) Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:17 ne Malaki 3:18 ayɛ adwuma?
15 Sɛ asafo no muni bi wu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nkurɔfo annya adwene sɛ yɛn nso yɛwɔ ɔkwan a yɛfa so si pɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ Adansefo de nnɔnhwerew pii hyia amu no ho anadwo, to dwom, na wɔbɔ mpae ansa na ade akye ma wɔakosie amu no a, adwene bɛn na ebia wɔbɛma afoforo anya? Ɛwom sɛ ebia na wokura adwempa de, nanso ɛsɛ sɛ wosusuw afoforo ahonim ho yiye. (1 Kor. 10:23) So nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ahyiam anadwo no bɛto wɔn mfɛfo gyidifo a wonim nea ɛde apɛsi bae ne nea enti a wosi pɛ no hintidua? So wɔn a wonnye nni no rennya adwene sɛ Yehowa Adansefo si pɛ ankasa te sɛ ɔsom afoforo? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ hokwan pii a yebetumi de adi adanse na yɛakyekye wɔn a wɔn biribi awu no werɛ. Nnyinasosɛm yi a yebesusuw ho no bɛka yɛn ma yɛrennyɛ biribiara a ɛreyɛ akɔyɛ sɛ apɛsi. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho, na yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ “nea ɛho ntew” mu.—2 Kor. 6:17; Mal. 3:18.
16. (a) Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛreyɛ nhyehyɛe a yɛde besie amu no? (b) Sɛ wɔde amu no ba fie anaa wɔde kɔ abusuafie anadwo a ade rebɛkye ma wɔakosie a, ɔhaw bɛn na ɛtaa de ba? (d) Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa na obiara te ne ho ase a, dɛn na yebetumi ayɛ?
16 Nyansa wom paa sɛ yetie kɔkɔbɔ yi: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmeb. 22:3) Bible nnyinasosɛm yi fa apɛsi ho paa. Osuahu kyerɛ sɛ, sɛ wɔde amu no ba fie ansa na ade akye ma wɔakosie a, ɛde ɔhaw ba. Sɛ wɔde amu no ba abusuafo a wonnye nni no fie a, ɛma ɔhaw no yɛ kɛse. Esiane sɛ amu no da hɔ nti, ebia ɛbɛhyɛ abusuafo ne afoforo nkuran, na mpo ahyɛ wɔn ma wɔahyiam ato dwom, abɔ mpae anadwo mũ no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwɛn amu no. Apɛsi a ɛte saa no taa toam kosi sɛ wobesie amu no. Nea ɛbɛyɛ na wɔnyɛ biribi a ɛte saa wɔ Kristoni bi ayi ase no, ɛsɛ sɛ abusuafo a wɔyɛ gyidifo no susuw bere a wɔde amu no bɛba abusuafie anaa baabi foforo a wɔde bɛkɔ no ho. Sɛ ɛsɛ sɛ abusuafie na wɔde amu no kɔ a, nyansa wom sɛ wɔde amu no kɔ hɔ da a wɔrekosie no, sen sɛ wɔde bɛkɔ anadwo a ade rebɛkye ma wɔakosie no. Nokwarem no, ebia tebea bi mu no eyi bɛyɛ den de, nanso sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa na obiara te ne ho ase a, ebetumi ayɛ yiye. Saa a yɛbɛyɛ no remma yɛnto afoforo hintidua.—Mmeb. 22:3.
17. Dɛn na yebesusuw ho wɔ Yɛn Ahenni Som mu wɔ asram a ɛreba no mu?
17 Yebesusuw nsɛm afoforo a ɛho hia a ɛfa ayiyɛ ho wɔ Yɛn Ahenni Som mu wɔ asram a ɛreba no mu. Saa nsɛm yi bɛboa yɛn nyinaa ma yɛahu sɛnea yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no betumi akura ahonim pa mu, na yɛanto afoforo hintidua bere a yɛde nea Kyerɛwnsɛm ka wɔ ayiyɛ ho yɛ adwuma no.—1 Kor. 10:32.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔtaa de Borɔfo kasa ‘laying in state’ di dwuma bere a wɔrededa obi a wiase no bu no sɛ ɔbirɛmpɔn anaa onipa titiriw, te sɛ ɔhene, ɔmampanyin anaa aban panyin bi no. Wɔma ayi a ɛte saa no so konkuronn de hoahoa owufo no de hyɛ no anuonyam. Nanso Kristofo de, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Sɛ onipa no nyinii paa, ogyee din, anaa ɔyɛɛ nneɛma akɛseakɛse bere a ɔte ase no mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma n’ayi so saa. Ɛno nti, yɛmpɛ sɛ yɛde asɛm ‘laying in state’ bedi dwuma wɔ Kristofo ayi biara ho.